Gyenesis 21

Isak awoɔ

1 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no.

2 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛ mu, berɛ a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no mu.

3 Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak.

4 Na Abraham ba Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no.

5 Na Abraham adi mfirinhyia ɔha berɛ a wɔwoo ne ba Isak maa no no.

6 Na Sara kaa sɛ: Onyankopɔn ama me sereɛ, obiara a ɔbɛteɛ no bɛsere ama me.

7 Na ɔse: Hwan na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ Sara bɛma mma nufoɔ? Nanso hwɛ, mawo ba ama no ne nkɔkoraaberɛ mu.

8 Na abɔfra no nyinii, na wɔtwaa no nufoɔ. Na da a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too pono kɛseɛ.

Wɔpamo Hagar ne Ismael

9 Na Sara hunuu Misraimni Hagar ba a ɔwo maa Abraham no sɛ ɔredi fɛw.

10 Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pamo afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ɛbɛdi adeɛ.

11 Na ne ba no nti, asɛm no yɛɛ Abraham ya yie.

12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abɔfra no ne w’afenaa asɛm no nnyɛ wo ya, na deɛ Sara ka kyerɛɛ woɔ nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.

13 Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔyɛ w’aseni.

14 Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-sebaserɛ so.

15 Na nsuo no saa wɔ kotokuo no mu no, ɔgyaa abɔfra no too dɔtɔ bi ase.

16 Ɛnna ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛ deɛ wɔto bɛmma a ɛbɛtɔ, na ɔse: Mma mennhunu abɔfra yi wuo! Na ɔtenaa ne ntentensoɔ, na ɔmaa ne nne so sui.

17 Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.

18 Sɔre ma abarimaa no so, na fa wo nsa sɔ ne mu; na mɛyɛ no ɔman kɛseɛ.

19 Na Onyankopɔn buee n’ani, na ɔhunuu subura bi, na ɔkɔ kɔsaa bi hyɛɛ nsuo kotokuo no ma, na ɔde bi maa abarimaa no nomee.

20 Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na ɔnyinii, na ɔtenaa ɛserɛ so hɔ yɛɛ agyantoni.

21 Na ɔtenaa Paran serɛ so; na ne na kɔwaree yerɛ firi Misraim asase so brɛɛ no.

Abimelek ne Abraham apam

22 Na berɛ no mu no, Abimelek ne ne safohene Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w’akyi wɔ biribiara a woyɛ mu.

23 Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na sɛ adɔeɛ a meyɛɛ woɔ no teɛ no, wode bi bɛyɛ me ne m’asase a woabɛyɛ hɔhoɔ wɔ soɔ yi.

24 Na Abraham kaa sɛ: Mɛka ntam no.

25 Na asubura bi a Abimelek nkoa nam aniɛden so gyeeɛ no nti, Abraham kaa Abimelek anim.

26 Na Abimelek kaa sɛ: Mennim deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, gye nnɛ.

27 Na Abraham de nnwan ne anantwie maa Abimelek, na wɔn baanu pamee.

28 Na Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson gyinaa fa.

29 Na Abimelek bisaa Abraham sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson a woyii wɔn gyinaa fa yi aseɛ ne sɛn?

30 Na ɔkaa sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson yi, gye wɔ me nsam, na ɛnyɛ me adanseɛ sɛ me na metuu abura yi.

31 Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam.

32 Na wɔpamee wɔ Beer-seba; na Abimelek ne ne safohene Pikol sɔree, na wɔsane kɔɔ Filistifoɔ asase so.

33 Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ.

34 Na Abraham yɛɛ ɔhɔhoɔ Filistifoɔ asase so nna pii.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

16 + four =