1 Samuel 1

Samuel awoɔ

1 Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba Tohu ba Elihu ba Yeroham ba.

2 Na ɔwɔ yerenom baanu, ɔbaako din de Hana, na ɔbaako din de Penina. Na Penina wɔ mma, nanso Hana deɛ, na ɔnni ba.

3 Daa afe ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔsɔre na wabɔ afɔdeɛ ama asafo AWURADE wɔ Silo. Na ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas di AWURADE asɔfoɔ.

4 Na da a Elkana bɔ afɔdeɛ no, ɔma ne yere Penina ne ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa kyɛfa.

5 Na Hana deɛ, ɔma no baanu kyɛfa, ɛfiri sɛ ɔdɔ Hana, nanso AWURADE ato ne yafunu mu.

6 Na ahi ara na na ne kora no yi no sɛ ɔbɛhuru ne boɔ, ɛfiri sɛ AWURADE ato ne yafunu mu.

7 Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.

8 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Hana, adɛn na wosu, na adɛn na wonnidie, na adɛn na wo bo nnwoɔ? Menyɛ memma wo nsene mmammarima du?

9 Na wɔdidiiɛ na wɔnom wieeɛ wɔ Silo no, Hana sɔreeɛ; nanso na Ɔsɔfoɔ Eli te adwa so AWURADE asɔredan ano aponnwa ho.

10 Na ne kra werɛ hoe, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔde yea sui.

11 Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.

12 Na ɔgu so rebɔ mpaeɛ AWURADE anim no, Eli hwɛɛ n’ano dinn;

13 na Hana rekasa n’akoma mu, na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne deɛ, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofoɔ.

14 Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn na wobɛboro nsa akɔsie? Yi wo nsanom firi w’ani so.

15 Na Hana buaa sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbaa werɛhoni; na bobesa ne nsa biara deɛ, mennom bi, na mahwie me kra magu AWURADE anim;

16 mfa w’abaawa nto ɔbaa huhuni bi ho, ɛfiri sɛ m’awerɛhoɔ ne m’ayamgya dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi.

17 Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn bɛma wo w’adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no.

18 Na ɔkaa sɛ: Ma w’afenaa nnya w’anim adom. Ɛnna ɔbaa no sii mu kɔ kɔdidiiɛ, na n’anim nte sɛ kane no bio.

19 Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree AWURADE anim, na wɔsane baa wɔn fie Rama. Na Elkana ne ne yere Hana daeɛ, na AWURADE kaee no;

20 na afe reduro no, na Hana anyinsɛn awo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samuel,na ɔkaa sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no.

21 Na ɔbarima Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa foro kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ de n’aboadeɛ akɔma AWURADE.

22 Na Hana deɛ, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abɔfra no atwa nufoɔ ansa na mede no akɔ, na wakɔpue AWURADE anim, na watena hɔ daa.

23 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so, tena hɔ kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma no nnyina. Na ɔbaa no tenaa hɔ maa ne ba nufoɔ de kɔsii sɛ ɔtwaa no.

24 Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no nnyiniiɛ.

25 Na wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no brɛɛ Eli.

26 Na ɔkaa sɛ: O me wura, sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpaeɛ no.

27 Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ, na AWURADE ama me adeɛ a mesrɛɛ no ne hɔ no.

28 Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mafɛm AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

8 − five =