1 Samuel 18

Yonatan ne Dawid adamfofa 1 Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra. 2 Ɛda no ara, Saulo faa no ne no tenaeɛ, na wamma no ansane ankɔ n’agya fie. 3 Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na […]

1 Samuel 22

Dawid da so dwane 1 Na Dawid firi hɔ kɔeɛ, na ɔdwane kɔɔ Adulam bodan mu. Na ne nuanom ne n’agya fie nyinaa teeɛ no, wɔsiane kɔɔ ne nkyɛn hɔ. 2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, […]

1 Samuel 23

Dawid wɔ Keila ne Sif serɛ so 1 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, Filistifoɔ ne Keila reko na wɔrefom ayuporebea fa. 2 Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila. 3 Na Dawid mmarima no […]

1 Samuel 25

Samuel wuo. Nabal nkwaseasɛm 1 Na Samuel wuiɛ; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano bɛgyamm no, na wɔkoraa no ne fie wɔ Rama. Na Dawid sɔre siane kɔɔ Paran serɛ so. 2 Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa […]

1 Samuel 26

Yie foforɔ a Dawid yɛɛ Saulo 1 Na Sififoɔ baa Saulo nkyɛn Gibea bɛkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta Hakila kokoɔ a ɛkyerɛ pataa no anim no soɔ no? 2 Ɛnna Saulo sɔre siane kɔɔ Sif serɛ soɔ, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔayi wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid Sif serɛ so. 3 Na Saulo kyeree […]

1 Samuel 27

Dawid wɔ Filistifoɔ asase so 1 Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa. 2 Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne mmarima […]

1 Samuel 28

Saulo kɔ En-dor baa samanfrɛni nkyɛn 1 Na saa berɛ no Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔretu sa ne Israel akɔko. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hunu pefee sɛ wo ne wo mmammarima no ne me na ɛbɛkɔ ɔsa yi. 2 Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Ɛnneɛ wobɛhunu deɛ w’akoa bɛyɛ. Na […]

1 Samuel 29

Akis gya Dawid kwan 1 Afei Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfoɔ kɔkyeree nsraban nsuo aniwa a ɛwɔ Yesreel ho. 2 Na Filistifoɔ asafohene bɛtwaa mu, ɔha ɔha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho bɛtwaa mu wɔ kyidɔm no mu. 3 Ɛnna Filistifoɔ asafohene […]

1 Samuel 30

Dawid tɔ Amalekfoɔ so were 1 Na Dawid ne ne mmarima no duruu Siklag da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Amalekfoɔ abɛtua anafoɔ fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde ogya ahye. 2 Na wɔafa mmaa a wɔwɔ mu no nnommum, firi mmɔfra so kɔsi mpanin so, wɔankum obiara, na wɔsoaa wɔn sii […]