1 Samuel 3

AWURADE yi ne ho adi kyerɛ Samuel

1 Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.

2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —

3 na Nyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ, na Samuel da AWURADE asɔredan mu, deɛ Nyankopɔn adaka no sie hɔ;

4 AWURADE frɛɛ Samuel, Samuel na ɔse: Menie.

5 Na ɔtuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na ɔse: Memfrɛɛ wo, sane kɔda. Na ɔkɔdae.

6 Na AWURADE frɛɛ no bio, Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na ɔse: Memfrɛɛ wo, me ba, sane kɔda.

7 Nso na Samuel nnya nhunuu AWURADE, na wɔnnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no.

8 Na AWURADE kɔɔ so frɛɛ Samuel deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔsɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Ɛnna Eli hunuu sɛ AWURADE na ɔrefrɛ abɔfra no,

9 enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a, ka sɛ: AWURADE, kasa na w’akoa retie. Na Samuel kɔ kɔdaa ne daberɛ.

10 Na AWURADE ba bɛgyinaa hɔ frɛɛ sɛ kane no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israel mu a obiara a ɔbɛteɛ no aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo.

12 Da no na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa agyina firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.

13 Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim.

14 Na enti maka ntam afa Eli fie ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ pata ma Eli fie a, ɛrempepa wɔn amumuyɛ da biara da.

15 Na Samuel da kɔduruu anɔpa, na ɔhinihinii AWURADE fie apono no. Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka adeɛ a ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli.

16 Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel. Na ɔse: Menie.

17 Na ɔkaa sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ no? Nsi me so. Sɛ wosi me asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho!

18 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.

19 Na Samuel renyini no, AWURADE dii n’akyi, na asɛm biara a Samuel kaeɛ no baa mu.

20 Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ.

21 Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi Silo; na AWURADE nam AWURADE asɛm so yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

15 + nine =