1 Samuel 8

1 Na ɛberɛ a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so atemmufoɔ. 2 Na n’abakan din de Yoel, na deɛ ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ atemmufoɔ wɔ Beer-seba. 3 Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea. Israelfoɔ hwehwɛ ɔhene 4 Ɛnna […]

1 Samuel 9

AWURADE yi Saulo 1 Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba Bekorat ba Seror ba Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ. 2 Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne […]

1 Samuel 10

Samuel sra Saulo ngo si no hene 1 Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne nkurɔfoɔ Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. […]

1 Samuel 12

Samuel bɔ ɔman no soboɔ 1 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛdeɛ moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene. 2 Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ […]

1 Samuel 13

Filistifoɔ so satuo 1 Saulo bɛdii hene na wadi bɛboro mfirinhyia aduasa.Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu no, 2 ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn […]

1 Samuel 14

Yonatan mmarimasɛm 1 Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya. 2 Na Saulo te Gibea kurotia, atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase, na ɛdɔm a na wɔne no wɔ hɔ no bɛyɛ mmarima […]

1 Samuel 15

Saulo asoɔden 1 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo mensi wo ne man so hene: Na afei, tie AWURADE nsɛm. 2 Sɛɛ na asafo AWURADE seɛ: Mahunu deɛ Amalek yɛɛ Israel, sɛdeɛ wɔfiri Misraim reba no wɔbɛtwaree wɔn ɛkwan mu. 3 Na afei kɔ na kɔkum […]

1 Samuel 16

Wɔsra Dawid si no hene 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa. 2 Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn […]

1 Samuel 17

Dawid kum Goliat 1 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim. 2 Na Saulo ne Israel mmarima boaboaa wɔn ano na wɔkɔkyeree nsraban Ela bonhwa mu, na wɔtwitwaa mpasua sɛ wɔne Filistifoɔ rehyia akɔko. […]