Mmusuakuo no kyɛfa 1 Na yeinom ne mmusuakuo no din: Ɛfiri atifi fam hyeɛ no so, Hetlon kwan nkyɛn mu a ɛrekɔ Hamat, Hasar-Enan, Damasko hyeɛ so, (deɛ ɛhwɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu), na wɔnnya ano apueeɛ ne atɔeɛ, ɛno ne Dan, homa baako. 2 Na deɛ ɛdi Dan hyeɛ soɔ ɛfiri apueeɛ […]
Author Archives: admin
Kwadwom 1
Yerusalem sɛeɛ ne n’ahohora 1 Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no, ɔno nko ara te hɔ sɛn nie! Deɛ anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafoɔ. Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no, wayɛ deɛ ɔyi toɔ. 2 Esu ara na ɔsu anadwo, na nisuo sensane n’afono ho. Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu […]
Kwadwom 2
Nyankopɔn abufuo asɛe Sion 1 Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no. 2 AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa, wanhu wɔn mmɔbɔ. Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den, n’anibereɛ mu, ama no aka fam. Wagu […]
Kwadwom 3
Nyankopɔn man no amanehunu ne wɔn awerɛkyekyerɛ 1 Mene ɔbarima a wahunu amaneɛ, n’anibereɛ abaa no ano. 2 Waka me de me kɔ sum mu, deɛ hann nnie; 3 me nko me so na ɔdane ne nsa ba dane ba daa nyinaa. 4 Wama me honam ne me werɛ ayɛ afo, wabubu me nnompe mu. […]
Kwadwom 4
Yuda mmɔborɔ asetena ne n’animtiabuo 1 Ao, sɛ sika abiri tumm, hyerɛmmoɔ pa no asakyera nie! Wɔatoto kronkronbea aboɔ no agu mmorɔno nyinaa so. 2 Sion mma a wɔn boɔ yɛ den a wɔde sika amapa kari wɔn no, ɛsii sɛn na wɔbuu wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma yi? 3 Ɛserɛ so […]
Kwadwom 5
Adom ne mmoa ho adesrɛ 1 AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ, hwɛ na hunu yɛn ahohora! 2 Yɛn agyapadeɛ adane ahɔhoɔ deɛ, yɛn afie ayɛ ananafoɔ deɛ; 3 yɛadanedane nwisiaa ne nnyanka, yɛn nanom te sɛ akunafoɔ. 4 Nsuo a yɛnom, yɛtua ka, yɛn nnyina nso, wɔtɔn ma yɛn. 5 Wɔkura yɛn kɔn akyi […]
Yeremia 1
Yeremia 1 Hilkia ba Yeremia a ɔfiri asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no mu no nsɛm nie. 2 Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ, n’ahennie afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu. 3 Na ɛbaa Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ so nso, de […]
Yeremia 3
Ahonu ho kɔkɔbɔ 1 AWURADE se: Sɛ ɔbarima bi gyae ne yere, na ɔfiri ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforɔ bi deɛ a, ɔbarima no bɛsane akɔ ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo deɛ, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman deɛ, nanso wobɛsane aba me nkyɛn anaa? AWURADE […]
Yeremia 4
Ahonu asɛnka 1 O Israel, sɛ wosane w’akyiri a, AWURADE asɛm nie, me nkyɛn na sane bra. Na sɛ woyi w’akyiwadeɛ firi m’anim a, worenhinhim, 2 na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a, amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho. 3 Na […]
Yeremia 5
Yerusalem bɔne 1 Montu mmirika nkyini Yerusalem mmorɔno so, na monhwɛ ɛ, na monhunu, na monhwehwɛ ne mmɔntene so, sɛ mobɛhunu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a ɔdi asɛntenenee, na ɔhwehwɛ nokorɛ, na memfa nkyɛ no. 2 Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi deɛ, nanso ntam hunu na wɔkeka. 3 O […]