Yeremia 1

Yeremia

1 Hilkia ba Yeremia a ɔfiri asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no mu no nsɛm nie.

2 Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ, n’ahennie afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu.

3 Na ɛbaa Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ so nso, de bɛsii Yudahene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so dubaako awieeɛ, de bɛsii Yerusalem tuo a wɔtuu wɔn kɔeɛ, bosome a ɛtɔ so nnum mu no so.

Yeremia frɛ

4 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

5 Mennya mennwonoo wo ɔyafunu mu no, na menim wo,

# na wonnya mfirii adi mfirii awotwaa mu no, na metee wo ho;

mesii wo odiyifoɔ memaa amanaman.

6 Ɛnna mekaa sɛ: Ao, Awurade NYANKOPƆN! Nokorɛ, mennim kasa, na menyinii.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:

Nka sɛ: Menyiniiɛ;

na mmom baabiara a mɛsoma woɔ no, kɔ,

na asɛm biara a mɛka akyerɛ woɔ no, ka.

8 Nsuro wɔn anim,

na wo deɛ, mɛdi w’akyi, na mayi wo,

AWURADE asɛm nie.

9 Na AWURADE tenee ne nsa kaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:

Afei mede me nsɛm mahyɛ w’anomu.

10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so,

na woatutu na woabubu,

na woasɛe na woabutu,

na woasi na woatɛ nso.

Anisoadehunu mmienu

11 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehu sorɔno abaa bi.

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Woahunu ampa; na merekanyan me ho m’asɛm ho, na mayɛ.

13 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Ɛsɛn a ɛrehuru na mehunu, na ɛpue atifi fam.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam nso na mmusuo bɛfiri aba asase no sofoɔ nyinaa soɔ.

15 Na hwɛ, mɛfrɛ atifi fam ahennie mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, na wɔn nyinaa aba de wɔn adwa abɛsisi Yerusalem aponkɛseɛ ano, ne n’afasuo nyinaa ho ahyia, ne Yuda nkuro nyinaa ho.

16 Na mabu wɔn wɔn bɔne nyinaa ho atɛn, sɛ wɔagya me, na wɔahye aduhwam ama anyame foforɔ, na wɔakoto asɔre wɔn nsa ano nnwuma.

17 Enti wo deɛ, bɔ w’abɔsoɔ; na sɔre ka deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔ wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔ wɔn anim.

18 Na me deɛ, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kuro a ɛyɛ den ne dadeɛ dum ne kɔbere mfrafraeɛ afasuo atia asase nyinaa: Yuda ahemfo, wɔn asafohene, wɔn asɔfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ.

19 Na wɔne wo bɛdi ako, nanso wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eleven + 15 =