Yeremia 4

Ahonu asɛnka

1 O Israel, sɛ wosane w’akyiri a,

AWURADE asɛm nie,

me nkyɛn na sane bra.

Na sɛ woyi w’akyiwadeɛ firi m’anim a,

worenhinhim,

2 na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ

nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a,

amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu,

na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho.

3 Na sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛ Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nie:

Monnɔ asase foforɔ mfa,

na monngu nwerɛ wɔ mu.

4 Montwitwa mo ho twetia mma AWURADE,

na monyi mo akoma momonoto,

Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ,

anyɛ saa a, m’abufuo bɛfiri sɛ ogya

abɛhye a obiara nni hɔ

a ɔbɛdum no, mo nneyɛɛ mu bɔne ntira.

Nyankopɔn atemmuo abɛn

5 Monka wɔ Yuda, momma wɔnte wɔ Yerusalem,

mommɔ din, monhyɛne totorobɛnto asase no so,

monteam mma no nyɛ den, na monka sɛ:

Mommoaboa mo ano mma yɛnkɔ

nkuro a ɛyɛ den mu.

6 Monsi frankaa nkyerɛ Sion fam,

mommɔ mo ho adwaa,

monnnyina hɔ, na adebɔne na merema no afiri atifi fam

aba ne ɔsɛeɛ kɛseɛ.

7 Gyata bi afiri ne dɔtɔ mu reba,

na amanaman sɛefoɔ afiri adi;

watu afiri ne tenabea reba,

sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo,

na wo nkuro abobɔ

a obi nte mu bio.

8 Yei nti momfira ayitoma,

montwa agyaadwo na mommɔ bena denden,

ɛfiri sɛ AWURADE abufuhyeɛ no

nnane mfirii yɛn so!

9 Na ɛbɛba sɛ da no, AWURADE asɛm nie, ɔhene ne asafohene akoma bɛtu, na asɔfoɔ no ho adwiri wɔn, na adiyifoɔ ani so ayɛ wɔn yaa.

10 Na mese: Ao, Awurade NYANKOPƆN, ampa ara woadi ɔman yi ne Yerusalem hwammɔ sɛ woka sɛ: Asomdwoeɛ bɛba ama mo, nanso afena da mene mu!

11 Ɛberɛ no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛfiri anwea pradada so mpampa so afa me man ababaa kwan so aba, ɛnyɛ deɛ ɛbɛpo soɔ anaa deɛ ɛbɛhu soɔ,

12 mframa a emu yɛ den sene saa firi hɔnom ara bɛba ama me. Afei me na meka atemmusɛm gu wɔn soɔ.

13 Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum,

na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia;

n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ.

Yɛnnue! Na yɛawie sɛe!

14 Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu,

O Yerusalem, na wɔagye wo.

Da bɛn na w’abusudwene

ntena wo mu nkɔsie?

15 Na obi nne team firi Dan,

na ɔma wɔte mmusuo nka firi Efraim bepɔ so.

16 Mommɔ amanaman no kɔkɔ sɛ ɔreba;

momma wɔnte wɔ Yerusalem.

Atɛfoɔ firi akyirikyiri asase so reba,

na wɔrebɛma wɔn nne so Yuda nkuro so.

17 Wɔasɔre atia no atwa ne ho ahyia sɛ mfuo awɛmfoɔ,

ɛfiri sɛ wate me so atua, AWURADE asɛm nie.

18 Wo kwan ne wo nneyɛɛ

na ama yeinom aba wo soɔ,

yei ne w’atemmuo na ɛyɛ nwono

na ɛduru w’akoma mu pɛɛ.

Yeremia di ne nkurɔfoɔ ho abooboo

19 Me yam hyehye me, me yam hyehye me!

Merebrɛ yea mu!

O m’akoma afasuo mu!

M’akoma pere me,

mentumi memmua m’ano.

Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn,

ɔko mu sebɔ.

20 Abuo bɔ abuo so,

asase no nyinaa asɛe.

Mpofirim na me ntomadan asɛe,

me ntwamutam asɛe amonom.

21 Ɛnkɔsi da bɛn na menhunu frankaa

na mente totorobɛntohyɛn?

22 Ɛfiri sɛ me man agyimi.

Wɔnnim me,

wɔyɛ mma nkwaseafoɔ,

na wɔnni nhunumu.

Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ,

na papayɛ deɛ, wɔnnim.

23 Mehwɛɛ asase, na hwɛ, na ɛyɛ sakasaka ne amamfo.

Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ.

24 Mehwɛɛ mmepɔ, na hwɛ, na ɛrewoso,

na nkokoɔ nyinaa rehinhim.

25 Mehwɛe, na hwɛ, na onipa biara nni hɔ,

na ewiem nnomaa nyinaa atutu kɔ.

26 Mehwɛe, na hwɛ, na mfuo adanedane anwea pradada,

na ɛso nkuro nyinaa abubu,

AWURADE anim, n’abufuo a emu yɛ hyeɛ no anim.

27 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Asase no nyinaa bɛdane amamfo, nso wie deɛ, merenwie no sɛe.

28 Ɛno nti na asase di abooboo

na ɔsoro biri tumm wɔ soɔ,

ɛfiri sɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho,

na merensane memfiri ho.

29 Apɔnkɔfoɔ ne agyantofoɔ kitikitiyɛ nti

kuro no nyinaa dwane.

Wɔhyɛnehyɛne adɔtɔ mu, na wɔforo abotan.

Nkuro nyinaa adeda mpan,

na obiara nte mu bio.

30 Na wo nso, wo a wɔasɛe woɔ yi,

worekyerɛ sɛn ni na wofira tam kɔkɔɔ,

na wode sika ahyehyɛdeɛ hyehyɛ wo ho,

na wode adubire keka w’ani yi?

Ɔkwa ara kwa na wohyehyɛ wo ho fɛfɛɛfɛ.

Adɔfo apo wo,

wɔrepɛ wo aku wo.

31 Na metee nne a ɛte sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ deɛ,

ahohiahia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrebone awoɔ deɛ,

Sion babaa nne, ɔsi apini,

ɔtrɛ ne nsam sɛ:

Mennue! Na me kra atɔ awudifoɔ nsam piti.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nine − seven =