Yeremia 3

Ahonu ho kɔkɔbɔ

1 AWURADE se: Sɛ ɔbarima bi gyae ne yere,

na ɔfiri ne nkyɛn

kɔyɛ ɔbarima foforɔ bi deɛ a,

ɔbarima no bɛsane akɔ ne nkyɛn bio anaa?

Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa?

Na wo deɛ, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman deɛ,

nanso wobɛsane aba me nkyɛn anaa?

AWURADE asɛm nie.

2 Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ!

Ɛhe na wonguu wo ho fi?

Akwankyɛn na wote twɛn wɔn,

sɛ ɛserɛ so Arabni,

na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne

agu asase no ho fi.

3 Enti asusɔ atwa

na bereamporɔsuo ntɔ.

Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara

na wonnim aniwuo.

4 Afei deɛ womfrɛɛ me sɛ:

M’agya, me mmabaaberɛ mu adamfoɔ ne wo.

5 Ɔde bɛhyɛ ne yam akɔsi daa anaa?

Ɔbɛfa abufuo akɔsi aseɛ?

Hwɛ, woka no saa deɛ,

nanso woayɛ nnebɔne a wobɛtumi nyinaa.

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ me Ɔhene Yosia berɛ so sɛ: Woahunu deɛ ɔkobɔfoɔ Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so ne dua biara a ayɛ frɔmm ase akɔbɔ adwaman wɔ hɔ.

7 Na mese, ɔyɛ yeinom nyinaa wie a, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wansane, na ne nuabaa sansani Yuda hunui.

8 Ɔhunuu sɛ ɔkobɔfoɔ Israel awaresɛeɛ nti na megyae no maa no awaregyaeɛ nwoma deɛ, nanso ne nuabaa sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman.

9 Na adwamammɔ a wammu no hwee nti, ɔguu asase no ho fi, na ɔne ɔboɔ ne dua too awadeɛ.

10 Na yei nyinaa mu mpo ne nuabaa kɔnkɔnsani Yuda amfa n’akoma nyinaa ansane amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm nie.

Yerusalem ne Yuda so nhyira

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfoɔ Israel kra tene sene ɔkɔnkɔnsani Yuda.

12 Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ:

Sane w’akyi, ɔkobɔfoɔ Israel!

AWURADE asɛm nie.

Meremmuna menkyerɛ mo bio,

na ɔdomfoɔ ne me,

AWURADE asɛm nie.

Meremfa menhyɛ me yam nkɔsi daa.

13 Hunu w’amumuyɛ no nko,

sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no,

na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase,

na me nne deɛ, moantie,

AWURADE asɛm nie.

14 Mma akyirisanfoɔ, monsane mmra,

AWURADE asɛm nie,

na mene mo wura;

na mɛfa mo, kuro biara mu, ɔbaako, na abusua biara mu, baanu,

na mede mo aba Sion.

15 Na mɛma mo ahwɛfoɔ sɛdeɛ m’akoma pɛ, na wɔde nhunumu ne nimdeɛ ayɛne mo.

16 Na sɛ modɔɔso na mo ase kyene asase no so a, saa berɛ no, AWURADE asɛm nie, wɔrenka bio sɛ: AWURADE apam adaka! Na ɛremma akoma mu, na wɔrenkae, na wɔrenhwehwɛ, na wɔrenyɛ bi bio.

17 Ɛberɛ no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahennwa, na amanaman nyinaa abɛhyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔremfa asoɔden nni wɔn akoma bɔne akyi bio.

18 Nna no mu na Yuda fie ne Israel fie bɛbom ananteɛ, na wɔafiri atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii soɔ no so.

19 Na mese:

Mede wo bɛsi me mma mu,

na mede asase a ɛyɛ fɛ,

amanaman asafo animuonyam apɛgyadeɛ, mama wo.

Na mese: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya,

na morensane mfiri m’akyiri bio.

20 Ampa, sɛdeɛ ɔbaa kɔnkɔnsani twa ne dɔfoɔ nkontompo no,

sɛdeɛ mo, Israel fie, moatwa me nkontompo ne no,

AWURADE asɛm nie.

21 Wɔte nne bi nkokoɔ pataa so,

Israel mma su ne nkotosrɛ,

sɛ wɔakonton wɔn kwan,

wɔn werɛ afiri AWURADE wɔn Nyankopɔn no.

22 Monsane mo akyi, mma akyirisanfoɔ,

mɛyɛ mo akyirisan no aduro.

Hwɛ, yɛn nie, yɛreba wo nkyɛn,

na wone AWURADE yɛn Nyankopɔn.

23 Ampa ara, nkokoɔ ne mmepɔ

so hooyɛ yɛ ɔkwa.

Ampa ara, AWURADE yɛn Nyankopɔn mu

na Israel nkwagyeɛ wɔ.

24 Na aniwudeɛ no amene deɛ yɛn agyanom brɛɛ ho no firi yɛn mmabunu berɛ: Wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa.

25 Momma yɛnneda yɛn aniwuo mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom firi yɛn mmɔfraase de abɛduru nnɛ da yi, na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn nne.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three × 1 =