Kwadwom 5

Adom ne mmoa ho adesrɛ

1 AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ,

hwɛ na hunu yɛn ahohora!

2 Yɛn agyapadeɛ adane ahɔhoɔ deɛ,

yɛn afie ayɛ ananafoɔ deɛ;

3 yɛadanedane nwisiaa ne nnyanka,

yɛn nanom te sɛ akunafoɔ.

4 Nsuo a yɛnom, yɛtua ka,

yɛn nnyina nso, wɔtɔn ma yɛn.

5 Wɔkura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ,

yɛbrɛ, wɔmma yɛnnya ahomeyɛ.

6 Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria,

na yɛanya aduane adi amee.

7 Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wɔnni hɔ,

na yɛn na yɛso wɔn amumuyɛ.

8 Nkoa di yɛn so,

deɛ ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsa mu nni hɔ.

9 Yɛn nkwa kurakura yɛn nsam,

na yɛkɔpɛ yɛn aduane wɔ ɛserɛ so, afena no anim.

10 Yɛn wedeɛ ayɛ hyehyeehye sɛ fononoo,

ɛkɔm a ano yɛ hyeɛ no nti.

11 Wɔabrɛ Sion mmaa, ne

Yuda nkuro mu mmabaa, ase.

12 Wɔde wɔn nsa sensɛne mmapɔmma,

wɔnni mpanin ni.

13 Wɔma mmeranteɛ yam ayuyammoɔ so,

na mmɔfra hwehwe ase nnyina ase.

14 Mpanimfoɔ agyae kuro apono mu ba,

mmeranteɛ agyae wɔn sankubɔ.

15 Yɛn akoma ahosan agyae,

yɛn asa adane abooboodie.

16 Yɛn abotire ayi atɔ fam.

Yɛn ara yɛnnue, na yɛayɛ bɔne.

17 Yei nti, na yɛn akoma atɔ piti,

yeinom ho na yɛn ani so ayɛ kusuu.

18 Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti,

ɛserɛ so kraman nenam so.

19 Wo AWURADE, wote hɔ daa,

w’adwa tim hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

20 Ɛdeɛn nti na wo werɛ firi yɛn ma no kyɛre saa,

na woagya yɛn dadadada yi?

21 AWURADE, sane yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsane,

ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete deɛ no.

22 Anaasɛ poɔ na woapo yɛn koraa,

wo bo afu yɛn mmoroso?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × two =