Kwadwom 3

Nyankopɔn man no amanehunu ne wɔn awerɛkyekyerɛ

1 Mene ɔbarima a wahunu amaneɛ,

n’anibereɛ abaa no ano.

2 Waka me de me kɔ sum mu,

deɛ hann nnie;

3 me nko me so na

ɔdane ne nsa ba dane ba daa nyinaa.

4 Wama me honam ne me werɛ ayɛ afo,

wabubu me nnompe mu.

5 Wato fasuo afa me ho,

na ɔde borɔ ne ɔbrɛ atwa me ho ahyia.

6 Ɔde me atena sum mu,

sɛ tete nteredee awufoɔ.

7 Wato me ho ban, na mentumi mfiri adi,

wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru;

8 nso sɛ meteam na mesu mefrɛ no a,

ɔsi me mpaebɔ kwan;

9 ɔde aboɔ a wɔatwa ayɛ m’akwan mu fasuo,

wakyeakyea m’akwan.

10 Ɔyɛ me sisire a ɔtɛ,

ne tasuo mu gyata;

11 wahima m’akwan atete me mu,

wayɛ me pasaa.

12 Wakuntunu ne tadua mu

na ɔde me asi hɔ sɛ botaeɛ ama agyan;

13 wama ne kotokuo mu agyan

ahyɛne m’akoma mu.

14 Mayɛ me man nyinaa asereseredeɛ

ne wɔn dwom daa daa nyinaa.

15 Wama ade nwononwono ara nko amee me,

wama ɔnwono abo me.

16 Wama me se awe mmosea,

wabrɛ me ase ahyɛ nso mu.

17 Woasum me kra afiri asomdwoeɛ ho,

me werɛ afiri sɛdeɛ ahotɔ teɛ,

18 na mese: M’anidasoɔ ne deɛ mehwɛ

AWURADE kwan wɔ ho no ayera!

19 Kae m’amaneɛ ne m’ahometeɛ,

ɔnwono ne borɔ no.

20 Me kra kae daa,

na abrɛ ase me mu.

21 Mede yei mehyɛ m’akoma mu,

yei ho na mɛtwɛn ara:

22 Ɛyɛ AWURADE adɔeɛyɛ nti na yɛnwiee sa,

na ne mmɔborɔhunu to ntwae.

23 Ɛyɛ foforɔ daa anɔpa,

wo nokorɛdie dɔɔso.

24 Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa,

ɛno nti m’ani da ne so ara.

25 AWURADE yɛ ma wɔn a wɔhwɛ no kwan,

ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyiri kwan no.

26 Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm

twɛn AWURADE nkwagyeɛ;

27 ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua

ne mmeranteberɛ mu.

28 Sɛ ɔde to ne so a,

ma ɔno nko ara ntena ase, na ɔnyɛ komm;

29 ma no mfa n’ano mmutu dɔteɛ mu,

ebia na anidasoɔ bi wɔ hɔ;

30 ma no mfa n’afono mma deɛ ɔbɔ no,

ma ahohora mmee no.

31 Na AWURADE rento ntwene daa,

32 na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhoɔ mpo a, ne yam hyehye no,

sɛdeɛ n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ;

33 ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yea

anaa ɔbɛha nnipa mma.

34 Obi pɛkyɛ asase so nneduafoɔ nyinaa

ne nan ase,

35 obi bu obi ntɛnkyea,

ɔsorosoroni no anim,

36 obi dane obi asɛm ani a,

AWURADE mpene so saa!

37 Hwan na ɔka na ɛba mu,

berɛ a AWURADE nhyɛeɛ?

38 Ɛnyɛ ɔsorosoroni no anomu

na mmusuo ne papa fire?

39 Adɛn nti na onipa a ɔte aseɛ di amaneɛ ho abooboo,

ɔbarima a ɔte ne bɔne mu?

40 Momma yɛmpeepee yɛn akwan mu nhwehwɛ mu,

na yɛnsane mmra AWURADE nkyɛn.

41 Momma yɛmmema yɛn akoma

ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro.

42 Yɛn ara na yɛato mmara na yɛate atua,

wo nso woamfa amfiri.

43 Wode abufuo kataa wo ho, na wotii yɛn,

woakum, woanni adɔna.

44 Wode mununkum kataa wo ho,

na mpaebɔ amfa mu amma wo hɔ.

45 Wode yɛn ayɛ nwira dodoɔ ne akyiwadeɛ,

aman no mfimfini.

46 Yɛn atamfoɔ nyinaa

ahaahaa wɔn anomu atia yɛn.

47 Ehu ne amena,

ɔsɛeɛ ne pasaayɛ abɛda yɛn hɔ.

48 M’ani pore nisuo sɛ asutene,

me man babaa sɛeɛ ho.

49 M’ani pore nisuo, na ɛnnyae,

ɛnnya atwayɛ

50 kɔsi sɛ AWURADE bɛsi ne tiri ase

afiri soro ahwɛ.

51 M’ani hyɛ me awerɛhoɔ

me man mmammaa nyinaa nti.

52 M’atamfoɔ apamo me kwa

sɛ anomaa.

53 Wɔto me twene amena mu animono,

na wɔasi me aboɔ;

54 nsuo bu kataa me tiri so;

na mese: Wɔatwa me atwene.

55 Mefiri abura ase tɔnn

meteaa mu mefrɛɛ wo din, AWURADE.

56 Wotee me nne;

nsi w’aso wɔ m’ahomeguo ne me sufrɛ ho.

57 Wotwe pinii da a mefrɛɛ woɔ no;

wokaa sɛ: Nsuro!

58 O AWURADE, woadi me kra asɛm ama me;

woagye me nkwa.

59 AWURADE, woahunu asɛmmɔne a wɔdii me;

bu atɛn ma me!

60 Woahunu wɔn aweretɔ no nyinaa,

wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa,

61 AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa,

wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa,

62 wɔn a wɔsɔre tia me no ano,

ne wɔn adwene a wɔdwene me ho daa daa nyinaa no;

63 hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔreɛ no ɛ!

Mene wɔn nnwom mu nsɛm akɛseɛ.

64 AWURADE, hyɛ wɔn ananmu,

sɛdeɛ wɔn nsa ano nneyɛɛ teɛ.

65 Ma nkatasoɔ nkata wɔn akoma so,

na wo nnome mmra wɔn so.

66 Ti wɔn abufuo mu,

na sɛe wɔn firi ɔsoro ase, O AWURADE.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eleven + nineteen =