Kwadwom 1

Yerusalem sɛeɛ ne n’ahohora

1 Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no,

ɔno nko ara te hɔ sɛn nie!

Deɛ anka ɔso amanaman mu no,

wayɛ sɛ okunafoɔ.

Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no,

wayɛ deɛ ɔyi toɔ.

2 Esu ara na ɔsu anadwo,

na nisuo sensane n’afono ho.

Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu

ɔwerɛkyekyefoɔ biara;

ne mfɛfoɔ nyinaa atwitwa no nkontompo,

wɔadanedane no atamfoɔ.

3 Amaneɛ ne ɛsom dodoɔ nti

Yuda atukɔfoɔ mu.

Ɔte amanaman mu,

nanso ɔnnya homebea.

N’atifoɔ nyinaa kɔtoo no

n’ahokyere mu.

4 Sion akwan di abooboo,

sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti,

n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo;

n’asɔfoɔ gu ahome,

ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ,

na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.

5 N’ahohiahiafoɔ ayɛ akannifoɔ,

n’atamfo di yie;

na ne mmarato dodoɔ nti

AWURADE ahyɛ no awerɛhoɔ.

Ne mmotafowa adi ɔtamfoɔ anim

kɔ nnommumfa mu.

6 Na Sion babaa ahokeka nyinaa

afiri ne ho kɔ;

ne mmapɔmma ayɛ sɛ atwe

a wɔnnya adidibea,

na wɔadwane atifoɔ anim

a wɔnni ahoɔden.

7 Yerusalem amaneɛ ne n’ahometeɛ nna yi mu

wakae n’afɛfɛdeɛ

a na ɛwɔ hɔ firi

tete nna mu no nyinaa;

ne nkurɔfoɔ hwee ɔhohiahiafoɔ nsam

na wannya ɔboafoɔ biara no,

n’ahohiahiafoɔ ani gyee,

na wɔseree n’ahweaseɛ no.

8 Bɔne kɛseɛ na Yerusalem ayɛ,

ɛno nti na wadane akyiwadeɛ.

Wɔn a anka wɔdi no ni nyinaa bu no animtiaa,

ɛfiri sɛ wɔahunu n’adagya;

ɔno nso gu ahome,

na wadane n’ani.

9 Ne ho figuo akeka n’atadeɛ mmuano mu;

wankae n’awieeɛ,

enti na wabrɛ ase ama no ayɛ nwanwa;

ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.

O AWURADE, hwɛ m’amaneɛ,

ɛfiri sɛ, ɔtamfoɔ adi nkonim!

10 Ɔhohiahiafoɔ no atene ne nsa

n’afɛfɛdeɛ nyinaa so,

aane wahunu amanaman,

sɛ wɔrehyɛne ne kronkronbea hɔ,

nnipa a wohyɛɛ sɛ

wɔnnhyɛne w’asafo mu no.

Sion kwadwom ne n’adesrɛ

11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa gu ahome

hwehwɛ aduane;

wɔde wɔn afɛfɛdeɛ ma gye aduane

de hyɛ wɔn ho den.

O AWURADE, hwɛ na hunu;

na wɔbu me animtiaa!

12 Ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi?

Monhwɛ na monhunu

sɛ ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea,

a aka me yi,

a AWURADE de aho me werɛ

n’abufuhyeɛ da no!

13 Wama ogya firi soro

aduru me nnompe mu, na ɛdidi mu;

wasum me nan fidie,

wama masane m’akyi.

Wama mayɛ pasaa,

meyɛ hodwoo daa nyinaa.

14 Ɔde ne nsa akyekyere

me mmaratodeɛ ayɛ no kɔnnua;

ɛtoatoa mu gu me kɔn mu,

wama m’ahoɔden asa,

AWURADE ayi me ahyɛ wɔn

a mentumi nnyina wɔn anim no nsa,

15 AWURADE ato m’akunini

a ɛwɔ me mu nyinaa agu.

Ɔfrɛɛ nnipa dɔm maa wɔhyiaa mu tiaa me,

sɛ wɔnnwerɛ me mmeranteɛ;

AWURADE atiatia Yuda babaa so

sɛdeɛ wɔtiatia nsa-kyi-amena mu.

16 Yeinom nti na mesu.

M’aniwa kyi nisuo gu fam,

ɛfiri sɛ me werɛkyekyefoɔ a

ɔbɛdwodwo me kra ne me ntam ware;

me mma ayɛ pasaa,

ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nim.

17 Sion atrɛ ne nsam,

nanso ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.

AWURADE ahyɛ no Yakob ho sɛ

wɔn a atwa ne ho ahyia nyɛ n’ahohiahiafoɔ;

Yerusalem adane

wɔn mu afideɛ.

18 AWURADE di bem,

ɛfiri sɛ me na mate n’anomu asɛm ho atua.

Aman nyinaa, montie,

na monhwɛ me yea.

Me mmabaa ne me mmeranteɛ

kɔ nnommumfa mu.

19 Mefrɛɛ m’adɔfo,

nanso wɔdaadaa me;

na m’asɔfoɔ ne me mpanimfoɔ

repɛ aduane

de ahyɛ wɔn ho den no,

wɔtotɔɔ piti kuro no mu.

20 AWURADE, hwɛ sɛ me ho hiahia me yi,

m’ayamdeɛ kyinkyim,

m’akoma adane wɔ me yam,

ɛfiri sɛ mate atua kɛseɛ nti.

Afena twitwa me mma abɔntene so,

na ewuo nso wɔ fie.

21 Wɔte sɛ meresi apini,

nanso menni ɔwerɛkyekyefoɔ;

m’atamfoɔ nyinaa ate m’amaneɛ;

wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ woayɛ me saa;

wobɛma ɛda a woahyɛ no adu,

na wɔn nso ayɛ sɛ me.

22 Ma wɔn nnebɔne nyinaa mmra w’anim,

na yɛ wɔn

sɛdeɛ me mmaratodeɛ nyinaa

nti wɔyɛɛ me no;

na m’apinisie adɔɔso,

na m’akoma atɔ piti.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

four + two =