Yɛafiri owuo mu aba nkwa mu 1 Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu, 2 na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. 3 Wɔn mu na anka akane no, […]
Author Archives: admin
Efesofoɔ 3
Paulo dwumadie wɔ amanaman mufoɔ mu 1 Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ, 2 sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no, 3 sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no. 4 Sɛ mokekan a, […]
Efesofoɔ 4
Asafo no baakoyɛ 1 Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo, 2 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu, 3 mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu. 4 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako […]
Efesofoɔ 5
Monnɔ mo ho sɛ mo soro Agya dɔ mo no 1 Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, 2 na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no. Bɔne a ɛsi kwan 3 Na […]
Efesofoɔ 6
Mma ne Agyanom 1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene. 2 Di w’agya ne wo na ni! Yei ne mmara asɛm a ɛdi kan a bɔhyɛ wɔ mu, 3 na awie wo yie, na wo nna aware asase so. 4 Na agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom monyɛne wɔn […]
Galatifoɔ 1
Nkyea 1 Paulo a ɛmfiri nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no so na ɔyɛ ɔsomafoɔ 2 ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo ahodoɔ: 3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu […]
Galatifoɔ 2
Wɔgye Paulo frɛ to mu wɔ Yerusalem 1 Ɛnna ɛno akyiri mfeɛ dunan me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho. 2 Na menam adiyie so na mekɔeɛ, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no anim kɔkoam), na ammirika […]
Galatifoɔ 3
Galatifoɔ suahunu 1 O, Galatifoɔ a moyɛ adwenharefoɔ! Hwan na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee paa nie? 2 Yei nko ara na mepɛ sɛ mete firi mo anomu: Monam mmara nnwuma so na monyaa Honhom no, anaasɛ ɛnam gyidie (asɛmpa) a […]
Galatifoɔ 4
Yɛnam Kristo mu gyidie so yɛ Nyankopɔn mma 1 Na mese: Ɔdedifoɔ no yɛ akɔkoaa yi, ɔyɛ nnoɔma nyinaa wura deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔne akoa ntam; 2 na mmom ɔwɔ ahwɛfoɔ ne afiesohwɛfoɔ ase de kɔsi da a agya no ahyɛ asie. 3 Sɛ yɛteɛ ara ne no. Yɛyɛ nkɔkoaa no, wɔde yɛn […]
2 Korintofoɔ 1
Nkyea 1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafoɔ ne onua Timoteo de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu. 2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Awerɛkyekyerɛ ne ɔgyeɛ so aseda 3 Ayeyie nka yɛn […]