Efesofoɔ 4

Asafo no baakoyɛ

1 Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo,

2 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu,

3 mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu.

4 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no:

5 Awurade baako, gyidie baako, asubɔ baako,

6 yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya baako a ɔdi yɛn nyinaa soɔ, na ɔfa yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu.

Adom akyɛdeɛ

7 Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmaako mmaako, sɛdeɛ Kristo asusu n’akyɛdeɛ ama no.

8 Enti ɔse:

Ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum pii a ɔfaeɛ no kɔe,

na ɔde akyɛdeɛ maa nnipa.

9 (Na sɛ ɔse: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnneɛ na ɛnyɛ deɛ ɔrekyerɛ ara ne sɛ ɔsianee kɔɔ asase ase hɔnom ansa?

10 Ampa ara, deɛ ɔsianeeɛ no ara ne deɛ ɔsiane nso foro traa ɔsorosoro nyinaa so ama wahyɛ nnoɔma nyinaa ma no.)

11 Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,

12 na wɔatoto ahotefoɔ yie ama ɔsom adwuma no, ama Kristo nipadua no sie akɔ so,

13 akɔduru sɛ yɛn nyinaa bɛduru Nyankopɔn Ba no ho gyidie ne ne nhunumu baakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyini a yɛaduru Kristo mayɛ susudeɛ no tebea soɔ,

14 na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu,

15 na mmom momma yɛnni nokorɛ mfa ɔdɔ mu nnyini nnoɔma nyinaa mu, Kristo a ɔne etire no mu.

16 Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu.

Ɛsɛ sɛ wɔgu amanaman nneyɛɛ bɔne no

17 Enti meka yei na medi adanseɛ, Awurade mu, sɛ monnnante bio sɛdeɛ amanaman mufoɔ a aka no nante wɔn adwene hunuyɛ mu no.

18 Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ.

19 Ɛsiane sɛ wɔn ani nwu adeɛ bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwie, na wɔyɛ afideɛ nyinaa anibereɛ mu.

Ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Kristo su

20 Na mo deɛ, moansua Kristo saa,

21 sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no.

22 Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,

23 na momma wɔnyɛ mo foforɔ mo adwene honhom mu,

24 na monhyɛ onipa foforɔ a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokorɛ tenenee ne ahoteɛ mu no.

Kristofoɔ abrabɔ pa ho mmɔdemmɔ

25 Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

26 Mo bo mfu, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuo so,

27 na mommma ɔbonsam kwan!

28 Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.

29 Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no.

30 Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.

31 Momma wɔnyi yeadie nyinaa ne koko bɔne ne abufuo ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu.

32 Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

3 + seventeen =