Efesofoɔ 6

Mma ne Agyanom

1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene.

2 Di w’agya ne wo na ni! Yei ne mmara asɛm a ɛdi kan a bɔhyɛ wɔ mu,

3 na awie wo yie, na wo nna aware asase so.

4 Na agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom monyɛne wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.

Nkoa

5 Nkoa, momfa suro ne ahopopoɔ ntie mo honam fam wuranom asɛm mfiri mo akoma mu, sɛdeɛ moyɛ ma Kristo,

6 ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri akoma mu yɛ Nyankopɔn apɛdeɛ,

7 na wɔde adwempa som sɛ wɔyɛ ma Awurade, na ɛnyɛ nnipa.

8 Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.

Awuranom

9 Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateatea ase, ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ soro, na nnipa animhwɛ biara nni ne fam.

Honhom fam atamfoɔ

10 Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.

11 Monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛeɛ adi asie,

12 ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.

Onyankopɔn Akodeɛ

13 Yei nti monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ne nyinaa wie a, moagyina hɔ.

14 Enti monnyina hɔ, momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,

15 na momfa asomdwoeɛ asɛmpa no ho ahodasoɔ nhyehyɛ mo nan,

16 ne nyinaa akyiri no, monkura gyidie kyɛm a mode bɛtumi adum ɔbɔnefoɔ no bɛmma a ɛredɛre no nyinaa,

17 na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne honhom nkrantɛ a ɛne Nyankopɔn asɛm,

18 na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,

19 ɛne me nso, sɛ, mebue m’ano a, wɔmma me asɛm a menka, na memfa nnam menyi asɛmpa no ahuntasɛm menkyerɛ.

20 Ɛno ho bɔfoɔ na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.

Nkradie

21 Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛdeɛ meteɛ no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafoɔ Tihiko bɛma moahunu ne nyinaa.

22 Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ, na wahyɛ mo akoma den.

23 Asomdwoeɛ ne ɔdɔ ne gyidie nso a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.

24 Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho nte kyema dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

one + 10 =