Efesofoɔ 2

Yɛafiri owuo mu aba nkwa mu

1 Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu,

2 na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.

3 Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.

4 Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so

5 ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)

6 Na wanyane yɛn ne no, na ɔde yɛn ne no atena soro hɔnom, Kristo Yesu mu,

7 sɛ wiase a ɛreba no mu ɔbɛyi n’adom ahonya a ɛboro soɔ no adi wɔ ayamyɛ a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu.

8 Na adom na wɔde nam gyidie so agye mo nkwa, ɛmfiri mo ara, ɛyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ,

9 ɛmfiri nnwuma mu, na obiara anhoahoa ne ho.

10 Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.

Wɔayɛ yɛn baako wɔ Kristo mu

11 Enti monkae sɛ, mo a anka kane no moyɛ amanaman mufoɔ honam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa honam mu no frɛ mo momonoto no,

12 monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.

13 Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.

14 Na ɔno ara ankasa ne yɛn asomdwoeɛ, wayɛ baanu no baako, na wadwiri ɔfasuo a ɛtwa yɛn ntam a ɛne nitan no,

15 ɛfiri sɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm ahodoɔ a ɛwɔ ahyɛdeɛ mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforɔ baako, ɔno ara ne mu, ama asomdwoeɛ aba,

16 na wafa asɛnnua no so apata aka baanu no abɔ Nyankopɔn ho, nipadua baako mu, ɛfiri sɛ ɔnam asɛnnua no ara so akum nitan no.

17 Na ɔba bɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn,

18 ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.

19 Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom moyɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ.

20 Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so.

21 Ne mu na deɛ wɔasie no nyinaa akeka atoa mu, na ɛrepagya akɔyɛ asɔredan kronkron Awurade mu;

22 ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seventeen − 11 =