Efesofoɔ 3

Paulo dwumadie wɔ amanaman mufoɔ mu

1 Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ,

2 sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,

3 sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.

4 Sɛ mokekan a, mode bɛhunu nteaseɛ a mewɔ wɔ Kristo ahuntasɛm no ho

5 a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu,

6 sɛ amanaman mufoɔ nso bɛyɛ adedifoɔ ne nipadua korɔ no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa wɔ ne bɔhyɛ no ho bi wɔ Kristo Yesu mu.

7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no soɔ, teɛ no.

8 Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,

9 na memma nnipa nyinaa nhunu ahuntasɛm a ɛfiri tete berɛ so huntaa wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa no mu no ho dwumadie no,

10 sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,

11 sɛdeɛ ne tirim a ɔbɔɔ no teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no teɛ no.

12 Ne mu na yɛnam ne ho gyidie so anya nnamyɛ ne kwan, ahotosoɔ mu.

13 Enti mesrɛ sɛ mommpa aba m’amaneɛ a mo nti mehunu a ɛne mo animuonyam no mu.

Paulo adesrɛ

14 Yei nti na mede me nkotodwe mekoto Agya

15 a wɔfiri ne mu frɛ abusua biara a ɛwɔ soro ne asase soɔ no,

16 sɛ ɔmfiri n’animuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipa su no mu;

17 na ɔmma Kristo mfa gyidie so ntena mo akoma mu, na moagye ɔdɔ mu nhini atim mu,

18 na mo ne ahotefoɔ nyinaa anya trɛ ne tentene ne korɔn ne emudɔ no,

19 na moahunu Kristo dɔ a ɛtra nhunumu no, na Nyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.

20 Na deɛ ɔtumi yɛ ma no tra ade nyinaa, ma no boro so kyɛne deɛ yɛsrɛ anaasɛ yesusuo, sɛdeɛ tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no teɛ no,

21 ɔno na animuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ berɛsanten a ɛbɛba no ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × 5 =