Galatifoɔ 1

Nkyea

1 Paulo a ɛmfiri nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no so na ɔyɛ ɔsomafoɔ

2 ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo ahodoɔ:

3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

4 Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho maeɛ na wayi yɛn afiri wiase bɔne yi mu, sɛdeɛ yɛn Agya Nyankopɔn pɛ no teɛ.

5 Ɔno na animuonyam nka no mmeresanten mfesanten. Amen.

Galatifoɔ nsaneakyire

6 Ɛyɛ me nwanwa sɛ moatwe mo ho ntɛm saa afiri deɛ wafrɛ mo Kristo adom mu no ho kɔ asɛmpa foforɔ bi mu

7 a nso ɛnyɛ asɛmpa foforɔ biara; na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔha mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no.

8 Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfoɔ bi firi soro ba bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo, ka deɛ yɛka kyerɛɛ mo no ho a, ɔnnue!

9 Sɛdeɛ yɛkaa no kane no, saa ara na afei mereka bio, sɛ obi ba bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo ka deɛ moagyeɛ no ho a, ɔnnue!

10 Na afei anim pa na merehwehwɛ afiri nnipa hɔ anaasɛ sɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnneɛ na menyɛ Kristo akoa.

Paulo nkyerɛkyerɛ firi Kristo

11 Na anuanom, merema moahunu sɛ, asɛmpa a mekaeɛ no nte sɛ nnipa adeɛ;

12 ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na megyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.

13 Na moate abrabɔ a akane no na mebɔ no wɔ Yudafoɔ som mu, sɛdeɛ metaataa Nyankopɔn asafo maa no boroo soɔ, na mesɛee wɔn,

14 na menyaa nkɔsoɔ Yudafoɔ som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree m’abusua mu, na mebɔɔ agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree maa no traa so.

15 Na ɛsɔɔ deɛ ɔyii me firii me na yam, na ɔnam n’adom so afrɛ me no ani

16 sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara mene honam ne mogya antu agyina,

17 nso mankɔ Yerusalem wɔn a wɔdii m’anim yɛɛ asomafoɔ no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesane mebaa Damasko bio.

Nsra a ɔkɔsraa Yerusalem, Siria ne Kilikia

18 Ɛnna mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na medii ne nkyɛn dadu nnanum,

19 na asomafoɔ a ɛkeka ho no deɛ manhunu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.

20 Na deɛ meretwerɛ mo yi, hwɛ, Nyankopɔn anim, merenni atorɔ.

21 Ɛno akyiri no, mebaa Siria ne Kilikia fam.

22 Na Yudea asafo a wɔwɔ Kristo mu no nnim m’anim;

23 na teɛ nko ara na na wɔate sɛ, deɛ anka kane no ɔtaa yɛn no, afei deɛ, ɔka gyidie a akane no na ɔsɛe no no ho asɛmpa.

24 Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

8 + 14 =