Akannifoɔ 12

Efraim di nkoguo 1 Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so. 2 Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me man nyinaa […]

Akannifoɔ 13

Samson awoɔ 1 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan. 2 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Sora a ɔfiri Danfoɔ abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonini, na ɔnwo. 3 Na AWURADE bɔfoɔ yii […]

Yosua 1

Onyankopɔn yi Yosua na ɔkyerɛ no deɛ ɔnyɛ 1 Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ: 2 M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so. 3 Baabiara a mo […]

Yosua 2

Rahab gye akwansrafoɔ no 1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ. 2 Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wɔfiri […]

Yosua 3

Wɔtwa Yordan 1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa. 2 Na nnansa wiee duro no, ahwɛfoɔ no kyinii nsraban no mu, 3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso […]

Numeri 33

Israelfoɔ akwantuo 1 Yeinom ne akwan a Israelfoɔ twaeɛ berɛ a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn firi Misraim asase soɔ no, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. 2 Mose twerɛɛ faako a wɔtu firiiɛ ne akwan a wɔtwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na yeinom ne wɔn akwantuo mu asoɛeɛ firi faako […]

Gyenesis 17

Apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ 1 Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ. 2 Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse no ara. 3 Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne […]

Daniel 2

Nebukadnessar daeɛso: Ohoni Mfrafraeɛ no 1 Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe. 2 Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim. 3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn […]