1 Afei ɛdeɛn na Yudani wɔ boro soɔ, anaasɛ twetiatwa ho mfasoɔ ne deɛn? 2 Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa. 3 Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie no bɛma Nyankopɔn gyidie no adane hunu anaa? 4 Dabi da, na […]
Monthly Archives: July 2017
Romafoɔ 4
Wɔde Abraham yɛ mfatoho 1 Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? 2 Na sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbuu Abraham bem a, ɛnneɛ na ɔwɔ deɛ ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn anim. 3 Na ɛdeɛn na twerɛ no seɛ? Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔbuu ɛno sɛ […]
Romafoɔ 5
Yɛn ne Onyankopɔn mu ateyie 1 Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ; 2 ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu. 3 Na ɛnyɛ yei […]
Romafoɔ 6
Kristo mu ayɔnkofa kum bɔne 1 Enti afei yɛbɛka sɛn? Yɛntena bɔne mu na adom no nnɔɔso anaa? 2 Dabi da, yɛn a yɛwu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu? 3 Anaasɛ monnim sɛ, yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu […]
Romafoɔ 7
Owuo gye yɛn firi mmara ase 1 Anaasɛ, anuanom, monnim, na merekasa mekyerɛ wɔn a wɔnim mmara no, sɛ mmara di onipa so ne nkwa nna nyinaa anaa? 2 Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu […]
Romafoɔ 8
Honhom no mu nkwa 1 Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu. 2 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu. 3 Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara […]
Romafoɔ 9
Onyankopɔn yi Israelfoɔ 1 Mereka nokorɛ no Kristo mu, menni atorɔ, na m’ahonim nso redi me adanseɛ Honhom Kronkron mu 2 sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu. 3 Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ, 4 na wɔyɛ […]
Romafoɔ 10
1 Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa. 2 Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu. 3 Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho […]
Romafoɔ 11
Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɔwɔ ma Israel 1 Na afei mese: Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabi da, na me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu. 2 Onyankopɔn ntoo ne man a ɔhunuu wɔn sieeɛ no ntweneeɛ. Anaasɛ monnim deɛ atwerɛ no ka fa Elia ho, sɛ ɔgyina Nyankopɔn anim […]
Romafoɔ 12
Kristo mu abrabɔ foforɔ 1 Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. 2 Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ […]