Anisoadehunu ne mmerɛyɛ 1 Ahohoahoa ho hia; ɛwɔ mu sɛ ɛnyɛ mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm. 2 Menim onipa bi wɔ Kristo mu a, mfeɛ dunan ni, wɔhwimm no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, mennim, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim saa […]
Monthly Archives: July 2017
2 Korintofoɔ 13
Sɔhwɛ ho asotwe 1 Mprɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm biara bɛgyina. 2 Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kane no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seesei a menni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ meyɛeɛ berɛ a mebaa hɔ ne mprenu soɔ […]
1 Korintofoɔ 1
Nkyea 1 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a wɔnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne yɛn nua Sostene 2 de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no; 3 […]
1 Korintofoɔ 2
Kristo a wɔbɔɔ no asennua mu no 1 Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra soɔ mammɛka Nyankopɔn adansesɛm no. 2 Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye Yesu Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. 3 Na me deɛ, mmerɛyɛ ne ehu ne […]
1 Korintofoɔ 3
Mpaepaemu a ɛwɔ Korinto Asafo no mu 1 Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufoɔ, na mmom sɛ honam mufoɔ, sɛ Kristo mu nkɔkoaa. 2 Nufoɔ na mede memaa monomeeɛ na nyɛ aduane, ɛfiri sɛ na montumi nnye, na seesei ara mpo, montumi. 3 Na moda so ara yɛ honam mufoɔ. […]
1 Korintofoɔ 4
Kristo Asomafoɔ 1 Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ ne Nyankopɔn ahuntasɛm so ahwɛfoɔ. 2 Na afei, deɛ wɔhwehwɛ firi efiehwɛfoɔ hɔ ne sɛ obiara bɛhunu sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. 3 Na me deɛ, ɛyɛ me adeɛ ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bi hyɛ da bu me atɛn, nso memmu me ho atɛn. 4 […]
1 Korintofoɔ 5
Abrabɔ bɔne a ada adi wɔ asafo no mu 1 Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da. 2 Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anho amma wɔanyi deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ no amfiri mo mu. 3 Na me deɛ, menni hɔ honam fam […]
1 Korintofoɔ 6
Wiasefoɔ anim asɛnnie 1 Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɔnsi ne bo nkɔ asɛnniiɛ wɔn a wɔntene anim, na ɛnyɛ ahotefoɔ anim anaa? 2 Monnim sɛ ahotefoɔ na wɔbɛbu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mobɛbu wiase atɛn a, ɛmfata mo sɛ modi nsɛm nketewa anaa? 3 Monnim sɛ […]
1 Korintofoɔ 7
Deɛ Ɔsomafoɔ no susu wɔ awadeɛ ho 1 Na ɛfa deɛ motwerɛeɛ no ho, sɛ: Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbaa. 2 Anka ɛyɛ deɛ, nanso adwamammɔ nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere, na ɔbaa biara nnya ɔno ara ne kunu. 3 Okunu mma ɔyere deɛ ɛsɛ na ɔyere nso […]
1 Korintofoɔ 8
Aduane a wɔde ma Abosom 1 Na abosom afɔrebɔdeɛ ho deɛ, yɛnim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahomasoɔ, na ɔdɔ deɛ ɛma nkɔsoɔ. 2 Na sɛ ɛyɛ obi sɛ ɔnim biribi a, ɔnnya nhunuu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɔhunu. 3 Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no. 4 Na abosom afɔrebɔdeɛ […]