Ɔsom a ɛsɔ Nyankopɔn ani 1 Onuadɔ ntena hɔ daa. 2 Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ. 3 Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so […]
Monthly Archives: July 2017
Filemon 1
Nkyea 1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, 2 ne onuabaa Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fie: 3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo! Aseda 4 Da biara a mekae wo […]
Tito 1
Nkyea 1 Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ, 2 daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ, 3 na ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɔyii n’asɛm adie, asɛnka a wɔnam yɛn Agyenkwa Nyankopɔn […]
Tito 2
Nkyerɛkyerɛ pa 1 Na wo deɛ, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no. 2 Nkɔkoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwene mu nte, wɔn ho nyɛ wɔn den, gyidie, ɔdɔ, ne boasetɔ fam. 3 Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛdeɛ ɛfata nnipa kronkron, wɔnnni nsekuro, wɔnnyɛ asadweam, wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa, 4 […]
Tito 3
Akristofoɔ abrabɔ 1 Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ no, wɔnyɛ setie, wɔnsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, 2 wɔnnni obiara ho nsekuro, wɔnnyɛ atutupɛfoɔ; wɔwɔ abodwokyɛre, na wɔnyi ɔdwoɔ nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa. 3 Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a […]
2 Timoteo 1
Nkyea 1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no teɛ no, 2 de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo! Aseda 3 Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ […]
2 Timoteo 2
Yesu Kristo sraani nokwafoɔ 1 Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu! 2 Na deɛ wote firii m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa. 3 Na wo nso, mia w’ani hunu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa. […]
2 Timoteo 3
Amanehunu berɛ 1 Na hunu yei sɛ, nna a ɛdi akyire mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba. 2 Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn, 3 wɔn a wɔnni tema, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn […]
2 Timoteo 4
Adesrɛ bi 1 Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn n’ahoyie ne n’ahennie mu no anim. 2 Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu. 3 Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie […]
1 Timoteo 1
Nkyea 1 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no, 2 de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo. Timoteo adwuma titire wɔ Efeso 3 Sɛdeɛ […]