Tito 2

Nkyerɛkyerɛ pa

1 Na wo deɛ, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no.

2 Nkɔkoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwene mu nte, wɔn ho nyɛ wɔn den, gyidie, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.

3 Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛdeɛ ɛfata nnipa kronkron, wɔnnni nsekuro, wɔnnyɛ asadweam, wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa,

4 na wɔde ate mmabaa adwene mu ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma,

5 na wɔadwene adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afie yie, ayɛ adɛɛfoɔ, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ara wɔn kununom, na wɔanka Nyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.

6 Mmeranteɛ nso saa ara na tu wɔn foɔ, na wɔnnwene adwempa.

7 Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,

8 asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka.

9 Nkoa nso, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ara wɔn wuranom, wɔnsɔ wɔn ani adeɛ nyinaa mu, wɔnntuatua nsɛm ano,

10 wɔnnwia nnoɔma nketenkete, na mmom wɔnyi nokorɛ pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, adeɛ nyinaa mu.

11 Na Nyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho.

12 Na ɛyɛne yɛn, sɛ, sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemuteɛ ne tenenee ne onyamesom pa ntena wiase berɛ yi mu,

13 ntwɛn Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.

14 Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.

15 Yeinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho foɔ, na yi ho atɛn. Mma obi mmmu wo animtia.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five × 1 =