2 Timoteo 3

Amanehunu berɛ

1 Na hunu yei sɛ, nna a ɛdi akyire mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba.

2 Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn,

3 wɔn a wɔnni tema, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a wɔmpɛ papa,

4 afatwafoɔ, akakabenfoɔ, wɔn a wɔhoran, wɔn a wɔdɔ anigyedeɛ sene Onyankopɔn,

5 wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!

6 Na yeinom mu bi ne wɔn a wɔnam aseɛ hyɛnehyɛne afie mu, na wɔfa mmaa adwenemharefoɔ a bɔne adɔre ahyɛ wɔn soɔ, a akɔnnɔ ahodoɔ keka wɔn no nnommum,

7 wɔn a wɔsua daa, nanso wɔntumi nhunu nokorɛ no da.

Kyiri a wɔkyiri nokorɛ

8 Na sɛdeɛ Yane ne Yambrɛ ne Mose dii asie no, saa ara na yeinom nso ne nokorɛ no di asie. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛeɛ; wɔmfra wɔ gyidie fam.

9 Nso wɔrenkɔ wɔn anim pii biara, na wɔn gyimi bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛdeɛ wɔn deɛ no nso yɛeɛ no.

Paulo amanehunu

10 Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidie, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ,

11 me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.

12 Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.

13 Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.

Ɔkae Timoteo ne mmɔfraase adesua

14 Na wo deɛ, tena deɛ woasua no na woahunu afiri nokorɛ no mu. Wonim onii ko a wosua firii ne nkyɛn no,

15 na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu.

16 Atwerɛ nyinaa firi Nyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu nteteeɛ.

17 Na Nyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nine + 10 =