2 Timoteo 2

Yesu Kristo sraani nokwafoɔ

1 Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!

2 Na deɛ wote firii m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.

3 Na wo nso, mia w’ani hunu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa.

4 Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mbarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.

5 Na sɛ obi di agokansie nso a, wɔmmɔ no nkonim abotire, gye sɛ wako no sɛdeɛ ɛho mmara teɛ.

6 Okuafoɔ a ɔyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ ɔnya mu aba no bi kane.

7 Hunu deɛ meseɛ yi, na Awurade bɛma wo ade nyinaa mu nteaseɛ.

8 Kae Yesu Kristo a ɔsɔre firii awufoɔ mu a ɔfiri Dawid aseɛ, sɛdeɛ m’asɛmpa no teɛ no.

9 Ɛno mu na mehunu amane bɛduru ɔkyerɛ mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ, nanso Nyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyeree no.

10 Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.

Asɛnnua ne abotire

11 Nokwasɛm nie:

Sɛ yɛne no awu a, yɛne no bɛtena ase nso.

12 Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene.

Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.

13 Sɛ yɛnyɛ anokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ara,

ɛfiri sɛ ɔntumi mpa ne ho akyi.

Odwumayɛni a ɔsɔ Onyankopɔn ani

14 Yeinom na kae wɔn, na di wɔn adanseɛ Nyankopɔn anim, na wɔannye nsɛm ho akyinnyeɛ hunu a mfasoɔ biara nni so, a ɛsɛe atiefoɔ adwene.

15 Bɔ mmɔden gyina Nyankopɔn anim sɛdeɛ ɔfata, sɛ odwumayɛni a ɛnni sɛ ɔfɛreɛ, na ɔpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.

16 Na nsɛnhuhuo a ɛho nteɛ no deɛ, yi wo ho firi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu,

17 na wɔn asɛm bɛyerɛ sɛ yare bɔne; na wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto

18 a wɔapae afiri nokorɛ no ho reka sɛ owusɔreɛ atwam, na wɔdane binom gyidie butuo.

19 Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.

20 Na efie kɛseɛ mu nni sika ne dwetɛ nnoɔma nko, na nnua ne dɔteɛ deɛ nso wɔ mu bi, na wɔbu bi, na ebi nso yɛ deɛ wɔmmuo.

21 Na sɛ obi te ne ho firi yeinom ho a, ɔbɛyɛ adeɛ a wɔbuo, na wɔate ho a, owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yie, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.

22 Dwane firi mmabunuberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma a emu teɛ mu frɛ Awurade bɔ mu no akyi.

23 Na nkwasea akyinnyegyeɛ a wɔmfa nsua hwee no deɛ, gu, ɛfiri sɛ wonim sɛ, ɛde ntɔkwa ba.

24 Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfoɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔdwo ma nnipa nyinaa, ɔhunu nkyerɛkyerɛ, ɔto ne bo ase bɔne ho,

25 na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu,

26 na wɔn ani so atete afiri ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ deɛ ɔpɛ no afidie mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

11 + seven =