Tito 1

Nkyea

1 Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ,

2 daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,

3 na ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɔyii n’asɛm adie, asɛnka a wɔnam yɛn Agyenkwa Nyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa no mu,

4 de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo!

Esu a ɛfata ɔhwɛfoɔ

5 Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kuro biara so mpanimfoɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no:

6 Deɛ ne ho nni asɛm bie, ɔyerɛ baako kunu a ɔwɔ mma gyidifoɔ a wɔnte ahohwie anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.

7 Na deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ: Wɔnni ne ho asɛm bi ka, sɛ Nyankopɔn fiehwɛfoɔ. Ɔnyɛ ɔhopɛfoɔ, abufufafoɔ, ɔsadweam, pupopupo, anaa odufudepɛfoɔ,

8 na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwene mu te, ɔtene, ne ho te, ɔwɔ ahohyɛsoɔ,

9 ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.

Kreta asafo mu agyegyefoɔ

10 Ɛfiri sɛ ahuhusɛnkafoɔ ne nnaadaafoɔ atuatefoɔ bebree wɔ hɔ, ne titire no wɔn a wɔfiri twetiatwa mu

11 a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo.

12 Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ara wɔn diyifoɔ kaa sɛ:

Kretafoɔ yɛ atorofoɔ daa, mmoa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ.

Akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ

13 Adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Ɛno nti yi wɔn atɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidie mu,

14 na wɔanyɛ aso amma Yudafoɔ anansesɛm ne nnipa a wɔdane wɔn ho firi nokorɛ ho no ahyɛdeɛ.

15 Adeɛ nyinaa ho te ma wɔn a wɔn ho teɛ; na wɔn a wɔn ho aba fi na wɔnnye nnie no deɛ, hwee ho nte mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi.

16 Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five + 13 =