Filemon 1

Nkyea

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,

2 ne onuabaa Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fie:

3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo!

Aseda

4 Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase,

5 ɛfiri sɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefoɔ nyinaa ne wo gyidie a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka.

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

7 Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam.

Onesimo

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

9 nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso:

10 Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehoma mu, Onesimo

11 (a kane no, ne ho nni mfasoɔ mma woɔ, na afei ɔyɛ ma wo ne me).

12 Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma.

13 Anka mepɛɛ sɛ mesianka no ma no tena me nkyɛn, na wasi w’anan mu asom me wɔ asɛmpa nkyehoma no mu,

14 nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu.

15 Na ebia yei nti na ɔne wo tetee mu kakra, sɛ wobɛnya no daa,

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.

17 Enti sɛ wobu me sɛ ɔyɔnkoɔ deɛ a, gye no sɛ me ara.

18 Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka biara a, bu brɛ me.

19 Me Paulo na mede me ara me nsa meretwerɛ sɛ: Mɛtua ka biara a ɔde wo, na anka mempɛ sɛ mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka.

20 Aane, onua, ma mennya wo ho biribi a ɛyɛ, Awurade mu, na ma m’akomam ntɔ me yam wɔ Kristo mu.

21 Mewɔ awerɛhyɛmu wɔ wo setie ho nti na meretwerɛ wo nwoma yi, na menim sɛ wobɛyɛ asene deɛ maka yi mpo.

22 Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ, ɛnam mo mpaebɔ so. wɔde me bɛsane abrɛ mo.

Nkradie

23 Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu,

24 Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfoɔ, kyeakyea wo.

25 Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty − 4 =