Tito 3

Akristofoɔ abrabɔ

1 Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ no, wɔnyɛ setie, wɔnsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara,

2 wɔnnni obiara ho nsekuro, wɔnnyɛ atutupɛfoɔ; wɔwɔ abodwokyɛre, na wɔnyi ɔdwoɔ nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

3 Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.

4 Na yɛn Agyenkwa Nyankopɔn adɔeɛ ne ne dɔ yii ne ho adie no,

5 ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.

6 Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii,

7 na wɔnam n’adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ.

8 Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.

9 Na nkwasea akyinnyegyeɛ ne anatoɔ ne kunsunkunsum ne mmara ho akasakasa deɛ, twe wo ho firi ho; ɛfiri sɛ ɛnyɛ mma hwee, na ɛyɛ hunu.

10 Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!

11 Na hunu sɛ, deɛ ɔte saa no, ne tiri asɛe, na ɔyɛ bɔne bu ɔno ara ne ho fɔ wɔ mu.

Nkradie ne nhyira nsɛm

12 Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wɔ wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekɔdi awɔ berɛ.

13 Bɔ mmɔden gya Mmaranimfoɔ Sena ne Apolo kwan yie, na anhia wɔn hwee.

14 Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.

15 Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyeakyea wo. Kyeakyea wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidie no mu. Adom nka mo nyinaa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fourteen − 1 =