2 Berɛsosɛm 33

Manase ahonisom

1 Manase dii mfeɛ dummienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim no.

3 Na ɔsane totoo sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia bubuiɛ no, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baalim, na ɔyɛɛ Asera nnua, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.

4 Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie, sɛdeɛ AWURADE aka ho asɛm sɛ: Yerusalem na me din bɛtena akɔsi daa hɔ.

5 Na ɔsisii afɔrebukyia memaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fie abannwa mmienu no so.

6 Na ɔde ne mma bɔɔ afɔdeɛ ogya mu Hinom ba bonhwa no mu, na ɔdii abayisɛm, bisaa adeɛ, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu ne bo.

7 Na ɔde ohoni a ɔseneeɛ no sii Nyankopɔn fie a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu, sɛ mede me din bɛsi hɔ akɔsi daa.

8 Na merenkɔ so mentwe Israel nan mfiri asase a mahyɛ ama wɔn agyanom no so: Hwɛ ara nko na wɔnhwɛ nyɛ adeɛ a mahyɛ wɔn no nyinaa, Mose nsa ano mmara ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ nyinaa.

9 Na Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfoɔ maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn Israelfoɔ anim no.

10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie.

Manase dommumfa ne n’adwensakyera

11 Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.

12 Na ne ho hiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim.

13 Na ɔbɔɔ no mpaeɛ no, AWURADE tiee ne nkotosrɛ, na ɔde no sane baa Yerusalem n’ahennie mu. Ɛnna Manase hunuu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn.

14 Na yei akyiri no, ɔtoo Dawid kuro akyi fasuo, Gihon atɔeɛ, subonhwa no mu de kɔsii Mpataa Pono ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔmaa no korɔn yie. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu.

15 Na ɔyii ananafoɔ anyame ne ahoni no firii AWURADE fie ne afɔrebukyia a ɔsisii no AWURADE fie bepɔ soɔ ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtoto guu kuro no akyi.

16 Na ɔsii AWURADE afɔrebukyia no bio, na ɔbobɔɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ, na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnsom AWURADE Israel Nyankopɔn no.

17 Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea no so, nso na AWURADE wɔn Nyankopɔn nko na wɔbɔ ma no.

18 Na Manase ho nsɛm nkaeɛ ne ne mpaeɛ a ɔbɔɔ ne Nyankopɔn ne adehunufoɔ a wɔde AWURADE Israel Nyankopɔn din kasa kyerɛɛ no no nsɛm no, hwɛ, ɛwɔ Israel Ahemfo ho Nsɛm no mu.

19 Na ne mpaebɔ ne sɛ wɔtiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa, ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea, na ɔsisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no adehunufoɔ nsɛm mu.

20 Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie, na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.

Yudahene Amon

21 Amon dii mfeɛ aduonu mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.

22 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agya Manase yɛeɛ no, na ahoni a n’agya Manase yɛeɛ no nyinaa, Amon bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn na ɔsomm wɔn.

23 Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛdeɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho aseɛ no, na ɔno Amon maa asodie dɔɔso.

24 Na ne nkoa pamm ne tiri so kumm no ne fie.

25 Na asase no sofoɔ no kunkumm Ɔhene Amon atirisopamfoɔ no nyinaa, na asase, no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu.

2 Berɛsosɛm 34

Yosia gu ahonisom

1 Yosia dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduasa baako wɔ Yerusalem.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid akwan so, na wammane ankɔ nifa anaa benkum.

3 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe so, a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛtɔ so dummienu soɔ no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho firii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no ho.

4 Na wɔdwirii Baalim afɔrebukyia no n’anim, na owia adum a ɛsisi soɔ no, ɔtwitwa gui, na Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no, ɔbubui, na ɔsisirii, na ɔto petee wɔn a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no adamena so.

5 Na asɔfoɔ no nnompe nso, ɔhyee no wɔn afɔrebukyia no so, na ɔtee Yuda ne Yerusalem ho.

6 Na ɔyɛɛ saa ara, Manase ne Efraim ne Simeon nkuro ne ɛho amamfo so de kɔsii Naftali.

7 Na ɔdwirii afɔrebukyia no, na Asera nnua ne ahoni no, ɔbubu sisirii, na owia adum no nyinaa ɔtwitwa gui, Israel asase nyinaa so. Na ɔsane baa Yerusalem.

Yosia siesie asɔrefie no

8 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so, a ɔwiee asase no ne efie no ho teɛ no, ɔsomaa Asalia ba Safan ne kuro no so safohene Maaseia ne Ɔkaefoɔ Yoahas ba Yoah sɛ wɔnkɔ nkɔmiamia AWURADE ne Nyankopɔn fie no mu.

9 Na wɔbaa Ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na wɔde sika a wɔde aba AWURADE fie a Lewifoɔ apono ano ahwɛfoɔ no aboa ano afiri Manase ne Efraim ne Israel nkaeɛ nyinaa, ne Yuda ne Benyamin nyinaa, ne Yerusalemfoɔ nkyɛn no maa wɔn.

10 Na wɔde hyɛɛ wɔn a wɔyɛ adwuma, a wɔayi wɔn asisi AWURADE fie no soɔ no nsa, na wɔn a wɔyɛ adwuma no, a wɔyɛ AWURADE fie adeɛ no de mae sɛ, wɔmfa nsiesie efie no na wɔmmiamia mu,

11 na wɔde maa nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ, sɛ wɔmfa ntotɔ aboɔ a wɔatwa ne nnua mfa nyɛ mpuna ne nsamsoɔ nnua, adan a Yuda ahemfo asɛe no no mu.

12 Na mmarima no yɛɛ adwuma no nokorɛdie mu. Wɔn so ahwɛfoɔ a wɔsisiiɛ no ne: Yohat ne Obadia, Lewifoɔ a wɔfiri Merari mma mu ne Sakaria ne Mesulam a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu, sɛ wɔmpiapia adwuma no ne Lewifoɔ no mu wɔn a wɔnim dwontoɔ ho adeyɛ nyinaa;

13 na wɔdii nnesoasoafoɔ no so, na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ nyinaa so sɛdeɛ ɔsom ahodoɔ no teɛ; nso na Lewifoɔ no mu binom yɛ atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ.

Wɔhunu mmara nwoma no

14 Na wɔreyi sika a wɔde aba AWURADE fie no, Ɔsɔfoɔ Hilkia hunuu AWURADE mmara nwoma a ɔnam Mose so de maeɛ no.

15 Na Hilkia bua see Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mmara nwoma no na mahu no AWURADE fie yi. Na Hilkia de nwoma no maa Safan.

16 Na Safan de nwoma no brɛɛ ɔhene, nanso ɔde mmuaeɛ brɛɛ ɔhene sɛ: Adeɛ a wode ahyɛ wo nkoa nsa no nyinaa, wɔreyɛ.

17 Na wɔhwiee sika a wɔhunuu no AWURADE fie no guu hɔ, na wɔde hyɛɛ ahwɛfoɔ no ne wɔn a wɔyɛ adwuma no nsa.

18 Na Ɔtwerɛfoɔ Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me. Na Safan kenkanee mu wɔ ɔhene anim.

19 Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.

20 Na ɔhene hyɛɛ Hilkia, ne Safan ba Ahikam, ne Mika ba Abdon, ne Ɔtwerɛfoɔ Safan ne ahenkwaa Asaia sɛ:

21 Monkɔ nkɔbisa AWURADE hɔ adeɛ mma me ne Israel ne Yuda mu nkaeɛ, nwoma a wɔahunu no mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuo a wɔahwie agu yɛn soɔ no so, sɛ yɛn agyanom anhwɛ AWURADE asɛm anyɛ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa ho nti.

Odiyifoɔbaa Hulda

22 Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene somaa wɔn no kɔɔ Odiyifoɔbaa Hulda a ɔyɛ Hasra ba Tikwat ba Salum ntadehwɛfoɔ yere no nkyɛn. (Nso na ɔte Yerusalem kuro no nkyɛmu a ɛtɔ so mmienu no mu.) Na wɔkɔkaa saa kyerɛɛ no.

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo baa me nkyɛn no sɛ:

24 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne bɛba ha yi ne ɛhafoɔ so, mede nnome a wɔatwerɛ no nwoma a wɔkenkan no Yuda hene anim no mu nyinaa bɛba,

25 ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔhye aduhwam ama anyame foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano nneyɛɛ nyinaa rehuru me bo, enti wɔbɛhwie m’abufuhyeɛ agu ha yi, na wɔrennum.

26 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa AWURADE hɔ adeɛ no deɛ, sɛ monka nkyerɛ no nie: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Nsɛm a woteeɛ no deɛ,

27 sɛ w’akoma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Nyankopɔn anim, ɛberɛ a wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntadeɛ mu, asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.

28 Hwɛ, wobɛto wo kɔn awu, na wɔasie wo wɔ da mu asomdwoeɛ mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafoɔ soɔ no nyinaa deɛ w’ani renhunu. Na wɔde bɛbuaa ɔhene no.

Nyankopɔn apam ntimu

29 Ɛnna ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano hyiaeɛ.

30 Na ɔhene no foro kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ nyinaa ka ne ho, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne ɔman no nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi akumaa so, na ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm nyinaa guu wɔn aso mu.

31 Na ɔhene no kɔgyinaa ne gyinabea, na ɔyɛɛ apam AWURADE anim sɛ ɔbɛdi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ ayɛ afiri n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so.

32 Na ɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin gyinaa mu. Na Yerusalemfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn no apam no teɛ no.

33 Na Yosia yiyii akyiwadeɛ no nyinaa firii nsase a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nyinaa so, na ɔde wɔn a wɔwɔ Israel no nyinaa hyɛɛ ɔsom no mu maa wɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔamfiri AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, akyiridie ho.

2 Berɛsosɛm 35

Yosia di Twam afahyɛ

1 Na Yosia dii Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem maa AWURADE, na wɔkumm Twam dwan no bosome a ɛdi kan no, da a ɛtɔ so dunan no so.

2 Na ɔde asɔfoɔ no kɔsisii wɔn som adwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn den maa AWURADE fie som no.

3 Na ɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛ Israel nyinaa nhunumu na wɔyɛ akronkronfoɔ ma AWURADE no sɛ: Momfa adaka kronkron no mmɛsi efie a Israelhene Salomo, Dawid ba, siiɛ no mu. Morensoa no mo mmatiri so bio. Afei monsom AWURADE mo Nyankopɔn ne ne man Israel.

4 Na monsiesie mo ho, sɛ mo mpanimfie so, mo nkyekyɛmu mu, sɛdeɛ Israelhene Dawid ne ne ba Salomo twerɛeɛ no,

5 na monnyina kronkronbea sɛdeɛ mo nuanom, ɔman mma no mpanimfie nkyekyɛmu teɛ, na Lewifoɔ mpanimfie kyɛfa ntena hɔ mma obiara.

6 Na monkum Twam dwan no, na monyɛ mo ho kronkron, na monsiesie mma mo nuanom, na monyɛ sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.

7 Na Yosia yii nnwan nnwanten mma ne mmirekyie mma maa ɔman mma no, sɛ wɔmfa ne nyinaa nyeyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa Twam afɔdeɛ, wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa ne anantwie nso mpensa. Yei nyinaa firi ɔhene akoradeɛ mu.

8 Na ne mmapɔmma nso yiyi maa ɔman no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ayamyi so. Hilkia ne Sakaria ne Yehiel, Nyankopɔn fie mmapɔmma no de Twam nnwan mpennu ahansia ne anantwie ahasa maa asɔfoɔ no.

9 Na Konania nso ne ne nuanom Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad, Lewifoɔ asafohene no yii Twam nnwan mpemnum ne anantwie ahanum maa Lewifoɔ no.

10 Ɛnna wɔsiesiee ɔsom no, na asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ, na Lewifoɔ no nso wowɔ wɔn nkyekyɛmu mu, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no.

11 Na wɔkunkumm Twam nnwan no, na asɔfoɔ no de wɔn mogya no bi petee, na Lewifoɔ no dwaa wɔn.

12 Na wɔyii ɔhyeɛ afɔdeɛ no sɛ wɔde rema ɔman mma no mpanimfie nkyekyɛmu no, sɛ wɔmfa nkɔma AWURADE sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma mu no, ne anantwie no nso saa ara.

13 Na wɔde ogya totoo Twam dwan no sɛdeɛ amammerɛ teɛ. Na akronkronneɛ no deɛ, wɔnoaa no nkukuo ne nnadesɛn ne kyeɛ dadeɛ mu, na wɔde maa ɔman mma no nyinaa ntɛm so.

14 Yei akyiri no, wɔsiesiee wɔn deɛ ne asɔfoɔ no deɛ, ɛfiri sɛ asɔfoɔ, Aaron mma no wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ne sradeɛ no hyeɛ ho ara de kɔsii adesaeɛ. Enti Lewifoɔ no siesiee wɔn ara wɔn deɛ ne asɔfoɔ, Aaron mma no deɛ.

15 Na nnwontofoɔ, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunufoɔ no hyɛeɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no wɔ ɛpono ne ɛpono ho: Na ɛnhia sɛ wɔgya wɔn som, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ siesie maa wɔn.

16 Na wɔsiesiee AWURADE som nyinaa da no, na wɔdii Twam no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE afɔrebukyia no so, sɛdeɛ Ɔhene Yosia hyɛeɛ no.

17 Na Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no dii Twam no berɛ no mu, ne apiti nnapɔnna no nnanson.

18 Na ɛfiri Odiyifoɔ Samuel berɛ soɔ no, na wɔnnii Twam bi sɛ yei wɔ Israel, na Israel ahemfo nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia, asɔfoɔ, Lewifoɔ, Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfoɔ diiɛ no.

19 Yosia ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so na wɔdii Twam yi.

Misraimhene Neko ne Yosia wuo

20 Yeinom nyinaa akyiri a Yosia asiesie efie no, Misraimhene Neko foro bae, na ɔbɛdii ako wɔ Karkemis, Eufrate ano. Na Yosia firii adi kɔhyiaa no.

21 Na ɔsomaa abɔfoɔ baa ne nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo, Yuda hene, wɔ yɛ? Ɛnyɛ wo so na mebaa nnɛ, na mmom efie a ɛne me di ako no so na Onyankopɔn aka sɛ menyɛ ntɛm. Ɛne Onyankopɔn a ɔka me ho no nnni asie, na wansɛe wo.

22 Nanso Yosia annane n’ani amfiri ne ho, na mmom ɔsakyeraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a ɛfiri Nyankopɔn anomu no. Na ɔkɔ kɔkoe Megido bonhwa mu.

23 Na agyantofoɔ toto sesaa Ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa me mfiri ha nkɔ, na mapira sɛ.

24 Na ne nkoa no yii no firii ne teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne teaseɛnam a ɛdi hɔ no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Na ɔwui, na wɔsiee no n’agyanom asieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa gyamm Yosia.

25 Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nyinaa bɔɔ Yosia din wɔn Kwadwom mu de bɛsi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛdeɛ Israel mu, na hwɛ, wɔatwerɛ no Kwadwom no mu.

26 Na Yosia ho nsɛm nkaeɛ ne n’adɔeɛyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara mu

27 ne ne ho nsɛm, akane ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.

2 Berɛsosɛm 36

Yudahene Yehoahas

1 Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene n’agya ananmu Yerusalem.

2 Yehoahas dii mfeɛ aduonu mmiɛnsa na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.

3 Na Misraimhene no tuu no adeɛ so Yerusalem, na ɔgyee asase no apeatoɔ dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne sika dwetikɛseɛ.

Yudahene Yehoiakim

4 Na Misraimhene no de ne nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdanee ne din yɛɛ no Yehoiakim; na ne nua Yehoahas deɛ, Neko faa no kɔɔ Misraim.

5 Yehoiakim dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne.

6 Ɔno so na Babelhene Nebukadnessar foro baeɛ, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ ɔde no rekɔ Babel.

7 Na AWURADE fie nnoɔma no bi nso Nebukadnessar de kɔɔ Babel kɔsiee n’ahemfie wɔ Babel.

8 Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne n’akyiwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne deɛ wɔhunuu no ne ho no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu. Na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ.

Yudahene Yehoiakyin

9 Yehoiakyin dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa ne dadu wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.

10 Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.

Yudahene Sedekia

11 Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem.

12 Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne. Wammrɛ ne ho ase Odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa AWURADE ano no anim.

13 Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.

14 Nso asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyiwadeɛ nyinaa, na wɔguu AWURADE fie a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi.

15 Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn, ɛfiri sɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.

16 Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.

Babel tukorɔ

17 Na ɔyii Kaldeafoɔ hene no baa wɔn so, na ɔde nkrantɛ bɛkunkumm wɔn mmeranteɛ, wɔ wɔn kronkronbea fie, na wanni aberanteɛ ne ababaa, akɔkoraa ne deɛ wafu dwono ho adɔna, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.

18 Na Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa, ne AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akoradeɛ, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel.

19 Na wɔhyee Nyankopɔn fie no, na wɔdwirii Yerusalem fasuo no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyee, na emu afɛfɛdeɛ nyinaa sɛee.

20 Na nkaeɛ a wɔantotɔ afena ano no, ɔtuu wɔn kɔɔ Babel na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kɔsii Persia ahennie no kyekyerɛ,

21 sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no mmra mu, sɛ ɛnkɔsi sɛ asase no ani bɛsɔ ne home mfeɛ no; amamfo nna nyinaa na ɛrehome akɔsi sɛ mfirinhyia aduɔson bɛwie duro.

Kores gya ɔman no kwan

22 Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kaeɛ no bɛba mu nti, AWURADE kanyann Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔkɔpaee no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:

23 Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ.

1 Berɛsosɛm 1

Ɛfiri Adam so de kɔsi Abraham so

1 Adam, Set, Enos,

2 Kenan, Mahalalel, Yared,

3 Hanok, Metusela, Lamek,

4 Noa, Sem, Ham ne Yafet.

5 Yafet mma ne: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6 Gomer mma ne: Askenas, Difat ne Togarma.

7 Na Yawan mma ne: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

8 Ham mma ne: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9 Na Kus mma ne: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne: Seba ne Dedan.

10 Na Kus woo Nimrod, ɔno na ɔfirii aseɛ yɛɛ otumfoɔ asase soɔ.

11 Na Misraim woo Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,

12 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ a Filistifoɔ firi wɔn mu ne Kaftorfoɔ.

13 Na Kanaan woo n’abakan Sidon, Het,

14 Yebusini, Amorini, Girgasini,

15 Hiwini, Arkini, Sinini,

16 Arwadni, Semarini ne Hamatni.

17 Sem mma ne: Elam, Asur, Arfaksad, Lud, Aram, Us, Hul, Geter ne Mesek.

18 Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber.

19 Na wɔwoo mma baanu maa Eber, ɔbaako din de Peleg, (na ne berɛ so na asase mu teteeɛ). Na ne nua din de Yoktan.

20 Na Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera

21 Hadoram, Usal, Dikla,

22 Ebal, Abimael, Seba,

23 Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa ne Yoktan mma.

24 Sem, Arfaksad, Sela,

25 Eber, Peleg, Reu,

26 Serug, Nahor, Tera,

27 Abram, anaa Abraham.

Ismael asefoɔ

28 Abraham mma ne: Isak ne Ismael.

29 Yeinom ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ: Ismael abakan Nebaiot; ne Kedar, Adbeel, Mibsam,

30 Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,

31 Yetur, Nafis ne Kedema. Yeinom ne Ismael mma.

32 Na Abraham mpena Ketura mma: Ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan mma ne: Seba ne Dedan.

33 Na Midian mma ne: Efa, Efer, Hanok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa ne Ketura mma.

Esau asefoɔ

34 Na Abraham woo Isak. Na Isak mma ne: Esau ne Israel.

Edomfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn ahemfo

35 Esau mma ne: Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36 Elifas mma ne: Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37 Reuel mma ne: Nahat, Sera, Sama ne Misa.

38 Na Seir mma ne: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39 Na Lotan mma ne: Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa ne Timna.

40 Sobal mma ne: Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam. Na Sibeon mma ne: Aya ne Ana.

41 Ana mma ne: Dison. Na Dison mma ne: Hamran, Esban, Yitran ne Keran.

42 Eser mma ne: Bilhan ne Saawan ne Yaakan. Dison mma ne: Us ne Aran.

Edom ahemfo

43 Na yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom asase soɔ ansa na obi redi Israel mma so hene: Beor ba Bela, na ne kuro din de Dinhaba.

44 Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfirii Bosra bɛdii n’adeɛ.

45 Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ bɛdii n’adeɛ.

46 Husam wui, na Bedad ba Hadad a ɔkum Midian, a ɛwɔ Moab no bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Awit.

47 Hadad wui na Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ.

48 Samla wui, na Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo ho bɛdii n’adeɛ.

49 Na Saulo wui, na Akbor ba Baal-hanan bɛdii n’adeɛ.

50 Baal-hanan wui, na Hadad bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Pai, na ne yere din de Mehetabel a ɔyɛ Matred ba Me-sahab babaa.

51 Na Hadad wui.

Na Edom atitire nie: Otitire Timna, Otitire Alia, Otitire Yetet,

52 Otitire Oholibama, Otitire Ela, Otitire Pinon,

53 Otitire Kenas, Otitire Teman, Otitire Mibsar,

54 Otitire Magdiel, Otitire Iram. Yeinom ne Edom atitire.

1 Berɛsosɛm 2

Yakob ne Yuda mma

1 Yeinom ne Israel mma: Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,

2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

3 Yuda mma ne: Er, Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛɛ AWURADE anim bɔne, na ɔkumm no.

4 Na n’ase Tamar woo Peres ne Sera maa no. Na Yuda mma nyinaa yɛ baanum.

5 Peres mma ne: Hesron ne Hamul.

6 Na Sera mma ne: Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara, wɔn nyinaa yɛ baanum.

7 Na Karmi mma ne: Israel hawfoɔ Akar a ɔfom ahyiradeɛ mu no.

8 Na Etan ba ne: Asaria.

Dawid asefoɔ

9 Na Hesron mma a wɔwoo wɔn maa no ne: Yerahmeel ne Ram ne Kelubai.

10 Na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, Yuda mma bapɔmma no,

11 na Nahson woo Salma, na Salma woo Boas,

12 na Boas woo Obed, na Obed woo Yisai.

13 Na Yisai woo n’abakan Eliab ne Abinadab a ɔtɔ so mmienu ne Sima a ɔtɔ so mmiɛnsa,

14 Netanel tɔ so nnan, Radai tɔ so nnum,

15 Osem tɔ so nsia, Dawid tɔ so nson.

16 Na wɔn nua mmaanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne Abisai, Yoab ne Asa-el. Wɔyɛ baasa.

17 Na Abigail woo Amasa, na Amasa n’agya ne Ismaelni Yeter.

18 Na Hesron ba Kaleb ne ne yere Asuba, ne Yeriot woe; na ne mma nie: Yeser, Sobab ne Ardon.

19 Na Asuba wui, na Kaleb faa Efrat waree, na ɔwoo Hur maa no.

20 Na Hur woo Uri, na Uri woo Besalel.

21 Na akyire yi no Hesron kɔɔ Makir a ɔyɛ Gilead n’agya babaa ho, na ɔwaree no, nso na wadi mfirinhyia aduosia, na ɔwoo Segub maa no,

22 na Segub woo Yair, ɔno na Gilead asase so nkuro aduonu mmiɛnsa yɛɛ ne dea.

23 Na Gesur ne Aram gyee Yair atenaeɛ no firii wɔn nsam, Kenat ne ɛho nkurowa, ɛyɛ nkuro aduosia. Yeinom nyinaa yɛ Gilead n’agya Makir mma.

24 Na Hesron wuu wɔ Kaleb-Efrata akyiri no, Hesron yere Abia woo Ashur a ɔyɛ Tekoa n’agya maa no.

25 Na Hesron abakan Yerahmeel mma ne: Abakan Ram, Buna, Oren Osem ne Ahia.

26 Na Yerahmeel wɔ yere foforɔ bi a ne din de Atara, ɔne Onam ne na.

27 Na Yerahmeel abakan Ram mma ne: Maas, Yamin ne Eker.

28 Na Onam mma ne: Samai ne Yada. Na Samai mma ne: Nadab ne Abisur.

29 Na Abisur yere din de Abihail, na ɔwoo Ahban ne Molid maa no.

30 Na Nadab mma ne: Seled ne Apaim, na Seled wui a wannya mma.

31 Na Apaim ba ne: Yisi. Na Yisi ba ne: Sesan. Na Sesan ba ne: Ahlai.

32 Na Samai nua Yada mma ne: Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wannya mma.

33 Na Yonatan mma ne: Pelet ne Sasa. Yeinom ne Yerahmeel mma.

34 Na Sesan nni mmammarima gye sɛ mmammaa. Na Sesan wɔ akoa Misraimni bi a ne din de Yarha.

35 Na Sesan de ne babaa maa n’akoa Yarha awareɛ, na ɔwoo Atai maa no.

36 Na Atai woo Natan, na Natan woo Sabad.

37 Na Sabad woo Eflal, na Eflal woo Obed,

38 na Obed woo Yehu, na Yehu woo Asaria,

39 na Asaria woo Heles, na Heles woo Eleasa,

40 na Eleasa woo Sisemai, na Sisemai woo Salum,

41 na Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.

42 Na Yerahmeel nua Kaleb mma ne: N’abakan Mesa a ɔne Sif agya ne Hebron agya Maresa mma.

43 Na Hebron mma ne: Kora ne Tapua ne Rekem ne Sema.

44 Na Sema woo Raham, Yorkeam agya. Na Rekem woo Samai.

45 Na Samai ba ne Maon. Na Maon yɛ Bet-sur agya.

46 Na Kaleb mpena Efa woo Haran ne Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases.

47 Na Yahdai mma ne: Regem ne Yotam ne Gesan ne Pelet ne Efa ne Saaf.

48 Na Kaleb mpena Maaka woo Seber ne Tirhana,

49 na ɔwoo Saaf a ɔyɛ Madmana n’agya, Sewa a ɔyɛ Makbena n’agya, ne Gibea n’agya. Na Kaleb babaa ne Aksa.

50 Yeinom ne Kaleb mma.

Efrata abakan Hur mma ne: Sobal, Kiriat-yearim a ɔyɛ n’agya,

51 Salma a ɔyɛ Betlehem n’agya, Haref a ɔyɛ Bet-gader n’agya.

52 Na Sobal a ɔyɛ Kiriat-yearim n’agya wɔ mma, wɔne Haroe ne Menuhotfoɔ wɔ afa.

53 Na Kiriat-yearim mmusua ne Yitrifoɔ ne Putifoɔ ne Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ deɛ no, yeinom mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ fire.

54 Salma mma ne: Betlehem ne Netofafoɔ Atrot-bet-yoab ne Manahatfoɔ fa ne Sorifoɔ no

55 ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no: Tirafoɔ, Simeafoɔ, Sukafoɔ. Wɔne Kinifoɔ a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fie agya no asefoɔ.

1 Berɛsosɛm 3

Ɔhene Dawid asefoɔ

1 Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ.

2 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit ba.

3 Deɛ ɔtɔ so nnum ne Sefatia a ɔyɛ Abital ba. Deɛ ɔtɔ so nsia ne Yitream a ɔyɛ ne yere Egla ba.

4 Hebron na wɔwoo baasia maa no, na ɔdii hɔ hene mfeɛ nson ne abosome nsia na ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.

5 Na yeinom na wɔwoo wɔn maa no wɔ Yerusalem: Simea, Sobab, Natan ne Salomo, baanan yi yɛ Amiel babaa Bat-sua deɛ no;

6 ne Yibhar, Elisama, Elifelet,

7 Noga, Nefeg, Yafia,

8 Elisama, Eliada ne Elifelet, wɔyɛ baakron,

9 wɔn nyinaa Dawid mma, ɛsono mpenafoɔ mma. Na Tamar yɛ wɔn nuabaa.

10 Na Salomo ba ne Rehoboam, ne ba ne Abia, ne ba Asa, ne ba Yehosafat,

11 ne ba Yoram, ne ba Ahasia, ne ba Yoas,

12 ne ba Amasia, ne ba Asaria, ne ba Yotam,

13 ne ba Ahas, ne ba Hesekia, ne ba Manase,

14 ne ba Amon, ne ba Yosia.

15 Na Yosia mma ne: N’abakan Yohanan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia tɔ so mmiɛnsa, Salum tɔ so nnan.

16 Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia.

17 Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel,

18 ne Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama, ne Nedabia.

19 Na Pedaia mma ne: Serubabel ne Simei. Na Serubabel mma ne: Mesulam, Hanania ne wɔn nuabaa Selomit;

20 ne Hasuba, ne Ohel, ne Berekia ne Hasadia, Yusab-Hesed, wɔyɛ baanum.

21 Na Hanania mma ne: Pelatia ne Yesaia, Refaia mma, Arnan mma, Obadia mma, Sekania mma.

22 Na Sekania mma ne: Semaia; Semaia mma ne: Hatus, Yigal, Baria, Nearia ne Safat, wɔyɛ baasia.

23 Na Nearia mma ne: Elioenai, Hiskia ne Asrikam, wɔyɛ baasa.

24 Na Elioenai mma ne: Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani, wɔyɛ baason.

1 Berɛsosɛm 4

Yuda asefoɔ

1 Yuda mma ne: Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.

2 Na Sobal ba Reaia woo Yahat, na Yahat woo Ahumai ne Lahad, yeinom ne Sorafoɔ mmusua.

3 Na yeinom ne Etam agya deɛ: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi;

4 ne Penuel a ɔyɛ Gedor agya ne Eser a ɔyɛ Husa agya, yeinom ne Betlehem agya Efrata abakan Hur mma.

5 Na Ashur a ɔyɛ Tekoa agya wɔ yerenom baanu, Hela ne Naara.

6 Na Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari maa no. Yeinom ne Naara mma.

7 Na Hela mma ne: Seret, Yesohar ne Etnan.

8 Na Kos woo Anub, Sobeba ne Aharhel Harum ba mmusua.

9 Na Yabes nyaa animuonyam sene ne nuanom; na ne na too no din Yabes, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mede yea na ɛwoo no.

10 Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu.

11 Na Kelub, Suha nua, woo Mehir a ɔne Eston agya.

12 Na Eston woo Bet-rafa, Pasea ne Tehina, Ir-Nahas agya; yeinom ne Reka nkurɔfoɔ.

13 Na Kenas mma ne: Otniel ne Seraia; na Otniel mma ne: Hatat.

14 Na Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab, Ge-harasimagya, ɛfiri sɛ na wɔyɛ adwumfoɔ.

15 Na Yefune ba Kaleb mma ne: Iru, Ela ne Naam; na Ela ba ne: Kenas.

16 Na Yehalelel mma ne: Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.

17 Na Esra mma ne: Yeter, Mered, Efer ne Yalon; na Mered yere woo Miriam, Samai ne Yisba a na ɔyɛ Estemoa agya.

18 Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor agya ne Heber a ɔyɛ Soko agya ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na yeinom ne Farao babaa Bitia a Mered waree no no mma.

19 Na Hodia yere a ɔyɛ Naham nuabaa mma ne: Garmini Keila agya ne Maakani Estemoa agya.

20 Na Simon mma ne: Amnon ne Rina, Ben-hanan ne Tilon. Na Yisi mma ne: Sohet ne Ben-sohet.

21 Yuda ba Sela mma nie: Er a ɔyɛ Leka agya ne Lada a ɔyɛ Maresa agya ne Bet-asbea nwera adwumfoɔ mmusua,

22 ne Yokim ne Koseba mmarima ne Yoas ne Saraf a wɔyɛ efiewuranom, Moab ne Yasubi-Lehem; (na nsɛm yi yɛ adada).

23 Wɔn ne nkukunwomfoɔ ne wɔn a wɔte Netaim ne Gedera wɔ ɔhene nkyɛn, n’adwumam hɔ na wɔteɛ.

Simeon asefoɔ

24 Simeon mma ne: Nemuel ne Yamin, Yarib, Sera ne Saulo;

25 ne ba Salum, ne ba Mibsam, ne ba Misma.

26 Na Misma mma ne: Ne ba Hamuel, ne ba Sakur, ne ba Simei.

27 Na Simei wɔ mmammarima dunsia ne mmabaa nsia; na ne nuanom nni mma bebree, na wɔn abusua nyinaa ase ankyene sɛ Yuda mma.

28 Na wɔtenaa Beer-seba, Molada, Hasar-saulo,

29 Bilha, Esem, Tolad,

30 Betuel, Horma, Siklag,

31 Bet-markabot, Hasar-susim, Bet-biri ne Saaraim. Yeinom ne wɔn nkuro bɛduruu Dawid ahennie so.

32 Na wɔn nkuraa ne Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan, nkuro nnum,

33 ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkuro yi nyinaa ho de kɔsii Baal. Yei ne wɔn tenabea ahodoɔ ne wɔn mmusua nkaneeɛ.

34 Na Mesobab, Yamlek, Amasia ba Yosa,

35 Yoel ne Asiel ba Seraia ba Yosibia ba Yehu,

36 ne Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel, Benaia,

37 ne Semaia ba, Simri ba, Yedaia ba, Alon ba, Sifi ba Sisa,

38 yeinom a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ wɔn mmusua mu mmapɔmma, na wɔn mpanimfie trɛɛ pii pa ara.

39 Na wɔsii mu kɔɔ deɛ wɔnam kɔ Gedor, bonhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔhwehwɛ adidibea ama wɔn nnwan.

40 Na wɔhunuu adidibea frɔmfrɔm a ɛyɛ, na asase no mu trɛ tɛtrɛɛ, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kane no firi Ham.

41 Ɛnna yeinom a wɔatwerɛ wɔn din no kɔeɛ, Yudahene Hesekia berɛ so, kɔtoaa Maonfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no ne wɔn ntomadan, na wɔsɛee wɔn pasapasa de bɛsi nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn ananmu, ɛfiri sɛ na adidibea wɔ hɔ ma wɔn nnwan.

42 Na Simeon mma no ara mu mmarima ahanum firii wɔn mu sii mu kɔɔ Seir bepɔ so, na Pelatia ne Nearia ne Refaia ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma di wɔn anim.

43 Na wɔkɔkunkum Amalek adwanefoɔ no nkaeɛ, na wɔtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.

1 Berɛsosɛm 5

Ruben asefoɔ

1 Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu.

2 Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma firii ne mu deɛ, nanso abakanyɛ no danee Yosef deɛ),

3 Ruben, Israel abakan no mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

4 Yoel mma ne: Ne ba Semaia, ne ba Gog, ne ba Simei,

5 ne ba Mika, ne ba Reaia, ne ba Baal,

6 ne ba Beera a Asiriahene Tilgat-pilneser tuu no kɔeɛ no; ɔno ne Rubenfoɔ bapɔmma.

7 Na ne nuanom, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔn awoɔ ahodoɔ so anatoɔ mu ne: Otitire Yeiel ne Sakaria,

8 ne Yoel ba Sema ba Asas ba Bela a ɔtenaa Aroer de kɔsii Nebo ne Baal-meon ho.

9 Na apueeɛ fam nso ɔtena de kɔsii anwea pradada so a ɛfiri Eufrate asubɔnten ano; na wɔn mmoakuo dɔɔso Gilead asase so.

10 Na Saulo nna mu no, wɔne Hagarfoɔ a wɔtotɔɔ wɔn nsa ano dii ako, na wɔtenatenaa wɔn ntomadan mu Gilead apueeɛ fam nyinaa.

Gad asefoɔ. Hagarfoɔ

11 Na Gad mma tenaa wɔn ntentensoɔ, Basan asase so de kɔduruu Saleka:

12 Yoel ne panin, na Safam di hɔ, ne Yanai ne Safat wɔ Basan.

13 Na wɔn nuanom sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber, wɔyɛ baason.

14 Yeinom ne Bus ba, Yahdo ba, Yesisai ba, Mikael ba, Gilead ba, Yaroa ba, Huri ba, Abihail mma;

15 Guni ba, Abdiel ba, Ahi di wɔn mpanimfie so panin.

16 Na wɔtenaa Gilead a ɛwɔ Basan ne ɛso nkurowa mu ne Saron nkuraa nyinaa mu, deɛ wɔn hyeɛ kɔsoeɛ.

17 Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa anatoɔ Yudahene Yotam berɛ so ne Israelhene Yeroboam nna mu.

18 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no, nnipa a wɔtumi wɔn ho mu mmarima a wɔkura akyɛm ne nkrantɛ, na wɔkuntunu tadua na wɔasua akodie no yɛ nnipa mpem aduanan nnan ne ahanson aduosia a wɔtumi kɔ ɔsa.

19 Na Hagarfoɔ, Yetur, Nafis ne Nodab dii ako,

20 na wɔnyaa mmoa faa wɔn so, na wɔde Hagarfoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ wɔteaa mu frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na ɔtiee wɔn, ɛnam sɛ wɔn ani da ne soɔ nti.

21 Na wɔsoaa wɔn mmoakuo no, wɔn yoma mpemnum ne nnwan mpemahanu aduonum, ne mfunumu mpemmienu ne nnipa mpemha, nnommum.

22 Na apirafoɔ pii totɔe, na Nyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no firi baeɛ. Na wɔtenatenaa wɔn ananmu de kɔsii otukorɔ no mu.

Manase abusuakuo fa

23 Na Manase abusuakuo fa no mma tenaa asase no so firii Basan de kɔsii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔ ho; na wɔdɔɔso.

24 Na yeinom ne wɔn mpanimfie atitire: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanimfie so atitire.

25 Na wɔfom wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkɔdii asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn wɔn anim no anyame akyi adwamammɔ mu.

26 Ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asiriahene Pul ne Asiriahene Tilgat-pilneser honhom, na ɔtuu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no de wɔn kɔduaa Hala, Habor, Hara ne Gosan asubɔnten ho de bɛsi nnɛ.

1 Berɛsosɛm 6

Asɔfoɔ mpanimfoɔ no awoɔ ntoatoasoɔ

1 Lewi mma ne: Gerson, Kehat ne Merari.

2 Na Kehat mma ne: Amram, Yishar ne Hebron ne Usiel.

3 Na Amram mma ne: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mma ne: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

4 Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua,

5 na Abisua woo Buki, na Buki woo Usi,

6 na Usi woo Seraia, na Seraia woo Meraiot.

7 Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub,

8 na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas,

9 na Ahimaas woo Asaria, na Asaria woo Yohanan,

10 na Yohanan woo Asaria. (Ɔno na ɔdii sɔfoɔ wɔ asɔredan a Salomo sii no Yerusalem no mu).

11 Na Asaria woo Amaria, na Amaria woo Ahitub,

12 na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Salum,

13 na Salum woo Hilkia, na Hilkia woo Asaria,

14 na Asaria woo Seraia, na Seraia woo Yehosadak.

15 Na Yehosadak deɛ, AWURADE maa Nebukadnessar so maa no bɛtuu Yuda ne Yerusalem kɔeɛ no, ɔkɔɔ bi.

Lewi asefoɔ

16 Lewi mma: Gersom, Kehat ne Merari.

17 Na yeinom ne Gersom mma din: Libni ne Simei.

18 Na Kehat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel.

19 Merari mma ne: Mahli ne Musi. Na yeinom ne Lewifoɔ mmusua, sɛdeɛ wɔn agyanom teɛ no:

20 Gersom deɛ ne: Libni, Yahat, Sima,

21 Yoa, Ido, Sera, ne Yeaterai.

22 Kehat deɛ ne: Aminadab, Kora, Asir,

23 Elkana ne ne ba, Ebiasaf ne ne ba Asir,

24 ne ba Tahat, ne ba Uriel, ne ba Usia ne ne ba Saulo.

25 Na Elkana mma ne: Amasai ne Ahimot,

26 ne ba Elkana, ne ba Elkana-sofai ne ne ba Nahat,

27 ne ba Eliab, ne ba Yeroham, ne ba Elkana.

28 Na Samuel mma ne: Abakan Yoel, ne Abiya deɛ ɔtɔ so mmienu.

29 Merari deɛ ne: Mahli, ne ba Libni, ne ba Simei, ne ba Usa,

30 ne ba Sima, ne ba Hagia, ne ba Asaia.

Adwontofoɔ Heman, Asaf ne Etan

31 Na yeinom ne wɔn a Dawid de sisii AWURADE fie dwontoɔ som soɔ, firi berɛ a adaka no nyaa ahomeeɛ no,

32 na wɔyeyɛɛ dwom mu asomfo ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no anim de kɔsii sɛ Salomo sii AWURADE fie no Yerusalem, na wɔgyinagyinaa wɔn afa wɔn som no mu.

33 Na yeinom ne wɔn a wɔgyinaa hɔ ne wɔn mma no: Kehat mma no mu: Ɔdwontoni Heman, Yoel ba, Samuel ba,

34 Elkana ba, Yeroham ba, Eliel ba, Yoa ba,

35 Suf ba, Elkana ba, Mahat ba, Amasai ba,

36 Elkana ba, Yoel ba, Asaria ba, Sefania ba,

37 Tahat ba, Asir ba, Ebiasaf ba, Kora ba,

38 Yishar ba, Kehat ba, Lewi ba, Israel ba,

39 ne ne nua Asaf a ɔgyina ne nifa soɔ, Asaf, Berekia ba, Simea ba,

40 Mikael ba, Baaseia ba, Malkia ba,

41 Etni ba, Sera ba, Adaia ba,

42 Etan ba, Simma ba, Simei ba,

43 Yahat ba, Gersom ba, Lewi ba,

44 ne wɔn nuanom Merari mma a wɔgyinagyina benkum soɔ: Etan, Kisi ba, Abdi ba, Maluk ba,

45 Hasabia ba, Amasia ba, Hilkia ba,

46 Amsi ba, Bani ba, Samer ba,

47 Mahli ba, Musi ba, Merari ba, Lewi ba.

Asɔrefie som ho nhyehyɛɛ

48 Na wɔn nuanom, Lewifoɔ no, wɔde wɔn maa Nyankopɔn fie tenabea no som nyinaa.

49 Na Aaron ne ne mma ne wɔn a wɔhye afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia ne aduhwam hyeɛbukyia no soɔ, wɔyɛ kronkronbea adwuma no nyinaa, na wɔpata ma Israel sɛdeɛ Nyankopɔn akoa Mose hyɛeɛ no ara.

50 Na yeinom ne Aaron mma: Ne ba Eleasa, ne ba Pinehas, ne ba Abisua,

51 ne ba Buki, ne ba Usi, ne ba Seraia,

52 ne ba Meraiot, ne ba Amaria, ne ba Ahitub,

53 ne ba Sadok, ne ba Ahimaas.

Lewifoɔ nkuro

54 Na yeinom ne wɔn tenabea ahodoɔ sɛdeɛ wɔn nkuro a afasuo atwa ho ahyia no teɛ, wɔn ahyeɛ mu: Aaron mma, Kohatfoɔ abusua no nyaa wɔn ntonto kyɛfa,

55 na wɔmaa wɔn Hebron, Yuda asase so ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia;

56 na kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb.

57 Na wɔmaa Aaron mma, Yuda nkuro, dwanekɔbea kuro Hebron, Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase, Yatir, Estemoa ne ɛho asase,

58 Hilen ne ɛho asase, Debir ne ɛho asase,

59 Asan ne ɛho asase ne Bet-semes ne ɛho asase.

60 Na Benyamin abusuakuo mu nso: Geba ne ɛho mmoa adidibea nsase, Alemet ne ɛho asase ne Anatot ne ɛho asase. Wɔn nkuro nyinaa yɛ dummiɛnsa wɔn mmusua no mu.

61 Na Kehat mma nkaeɛ, abusuakuo no abusua mu no, wɔde ntonto maa wɔn nkuro du firi Manase abusuakuo fa no mu.

62 Na Gersom mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔde Isakar abusuakuo ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa maa wɔn.

63 Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔde ntonto yii Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo mu nkuro dummienu maa wɔn.

64 Na Israelfoɔ no de nkuro no ne ɛho mmoa adidibea nsase memaa Lewifoɔ no,

65 na wɔde ntonto yiyii Yuda mma abusuakuo ne Simeon mma abusuakuo ne Benyamin mma abusuakuo mu nkuro a wɔabobɔ din yi.

66 Na Kehat mma mmusua no hyeɛ so nkuro wɔ Efraim abusuakuo mu,

67 na wɔmaa wɔn nkuro, dwanekɔbea kuro Sekem ne ɛho mmoa adidibea nsase, Efraim bepɔ so ne Geser ne ɛho asase,

68 Yokmeam ne ɛho asase, Bet-horon ne ɛho asase,

69 Ayalon ne ɛho asase, ne Gat-Rimon ne ɛho asase;

70 ne Manase abusuakuo fa no mu: Aner ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Bileam ne ɛho asase wɔde maa Kehat mma a wɔkaeɛ no abusua.

71 Na wɔde Golan a ɛwɔ Basan ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Astarot ne ɛho asase a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no abusua mu no maa Gerson mma;

72 ne Isakar abusuakuo mu: Kedes ne ɛho mmoa adidibea nsase, Daberat ne ɛho asase;

73 Ramot ne ɛho asase ne Anem ne ɛho asase;

74 ne Aser abusuakuo mu: Masal ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Abdon ne ɛho asase,

75 Hukok ne ɛho asase ne Rehob ne ɛho asase;

76 ne Naftali abusuakuo mu: Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Hamon ne ɛho asase ne Kiriataim ne ɛho asase.

77 Na wɔde Rimono ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Tabor ne ɛho asase a ɛwɔ Sebulon abusuakuo mu no maa Merari mma nkaeɛ;

78 ne Yordan, Yeriko agya nso, Yordan apueeɛ fam, Ruben abusuakuo mu: Beser wɔ ɛserɛ so ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Yahsa ne ɛho asase

79 ne Kedemot ne ɛho asase ne Mefaat ne ɛho asase.

80 Ne Gad abusuakuo mu: Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Mahanaim ne ɛho asase,

81 ne Hesbon ne ɛho asase ne Yaser ne ɛho mmoa adidibea nsase.