1 Berɛsosɛm 5

Ruben asefoɔ

1 Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu.

2 Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma firii ne mu deɛ, nanso abakanyɛ no danee Yosef deɛ),

3 Ruben, Israel abakan no mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

4 Yoel mma ne: Ne ba Semaia, ne ba Gog, ne ba Simei,

5 ne ba Mika, ne ba Reaia, ne ba Baal,

6 ne ba Beera a Asiriahene Tilgat-pilneser tuu no kɔeɛ no; ɔno ne Rubenfoɔ bapɔmma.

7 Na ne nuanom, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔn awoɔ ahodoɔ so anatoɔ mu ne: Otitire Yeiel ne Sakaria,

8 ne Yoel ba Sema ba Asas ba Bela a ɔtenaa Aroer de kɔsii Nebo ne Baal-meon ho.

9 Na apueeɛ fam nso ɔtena de kɔsii anwea pradada so a ɛfiri Eufrate asubɔnten ano; na wɔn mmoakuo dɔɔso Gilead asase so.

10 Na Saulo nna mu no, wɔne Hagarfoɔ a wɔtotɔɔ wɔn nsa ano dii ako, na wɔtenatenaa wɔn ntomadan mu Gilead apueeɛ fam nyinaa.

Gad asefoɔ. Hagarfoɔ

11 Na Gad mma tenaa wɔn ntentensoɔ, Basan asase so de kɔduruu Saleka:

12 Yoel ne panin, na Safam di hɔ, ne Yanai ne Safat wɔ Basan.

13 Na wɔn nuanom sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber, wɔyɛ baason.

14 Yeinom ne Bus ba, Yahdo ba, Yesisai ba, Mikael ba, Gilead ba, Yaroa ba, Huri ba, Abihail mma;

15 Guni ba, Abdiel ba, Ahi di wɔn mpanimfie so panin.

16 Na wɔtenaa Gilead a ɛwɔ Basan ne ɛso nkurowa mu ne Saron nkuraa nyinaa mu, deɛ wɔn hyeɛ kɔsoeɛ.

17 Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa anatoɔ Yudahene Yotam berɛ so ne Israelhene Yeroboam nna mu.

18 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no, nnipa a wɔtumi wɔn ho mu mmarima a wɔkura akyɛm ne nkrantɛ, na wɔkuntunu tadua na wɔasua akodie no yɛ nnipa mpem aduanan nnan ne ahanson aduosia a wɔtumi kɔ ɔsa.

19 Na Hagarfoɔ, Yetur, Nafis ne Nodab dii ako,

20 na wɔnyaa mmoa faa wɔn so, na wɔde Hagarfoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ wɔteaa mu frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na ɔtiee wɔn, ɛnam sɛ wɔn ani da ne soɔ nti.

21 Na wɔsoaa wɔn mmoakuo no, wɔn yoma mpemnum ne nnwan mpemahanu aduonum, ne mfunumu mpemmienu ne nnipa mpemha, nnommum.

22 Na apirafoɔ pii totɔe, na Nyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no firi baeɛ. Na wɔtenatenaa wɔn ananmu de kɔsii otukorɔ no mu.

Manase abusuakuo fa

23 Na Manase abusuakuo fa no mma tenaa asase no so firii Basan de kɔsii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔ ho; na wɔdɔɔso.

24 Na yeinom ne wɔn mpanimfie atitire: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanimfie so atitire.

25 Na wɔfom wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkɔdii asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn wɔn anim no anyame akyi adwamammɔ mu.

26 Ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asiriahene Pul ne Asiriahene Tilgat-pilneser honhom, na ɔtuu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no de wɔn kɔduaa Hala, Habor, Hara ne Gosan asubɔnten ho de bɛsi nnɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

one × 1 =