2 Berɛsosɛm 33

Manase ahonisom

1 Manase dii mfeɛ dummienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim no.

3 Na ɔsane totoo sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia bubuiɛ no, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baalim, na ɔyɛɛ Asera nnua, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.

4 Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie, sɛdeɛ AWURADE aka ho asɛm sɛ: Yerusalem na me din bɛtena akɔsi daa hɔ.

5 Na ɔsisii afɔrebukyia memaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fie abannwa mmienu no so.

6 Na ɔde ne mma bɔɔ afɔdeɛ ogya mu Hinom ba bonhwa no mu, na ɔdii abayisɛm, bisaa adeɛ, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu ne bo.

7 Na ɔde ohoni a ɔseneeɛ no sii Nyankopɔn fie a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu, sɛ mede me din bɛsi hɔ akɔsi daa.

8 Na merenkɔ so mentwe Israel nan mfiri asase a mahyɛ ama wɔn agyanom no so: Hwɛ ara nko na wɔnhwɛ nyɛ adeɛ a mahyɛ wɔn no nyinaa, Mose nsa ano mmara ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ nyinaa.

9 Na Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfoɔ maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn Israelfoɔ anim no.

10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie.

Manase dommumfa ne n’adwensakyera

11 Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.

12 Na ne ho hiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim.

13 Na ɔbɔɔ no mpaeɛ no, AWURADE tiee ne nkotosrɛ, na ɔde no sane baa Yerusalem n’ahennie mu. Ɛnna Manase hunuu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn.

14 Na yei akyiri no, ɔtoo Dawid kuro akyi fasuo, Gihon atɔeɛ, subonhwa no mu de kɔsii Mpataa Pono ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔmaa no korɔn yie. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu.

15 Na ɔyii ananafoɔ anyame ne ahoni no firii AWURADE fie ne afɔrebukyia a ɔsisii no AWURADE fie bepɔ soɔ ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtoto guu kuro no akyi.

16 Na ɔsii AWURADE afɔrebukyia no bio, na ɔbobɔɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ, na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnsom AWURADE Israel Nyankopɔn no.

17 Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea no so, nso na AWURADE wɔn Nyankopɔn nko na wɔbɔ ma no.

18 Na Manase ho nsɛm nkaeɛ ne ne mpaeɛ a ɔbɔɔ ne Nyankopɔn ne adehunufoɔ a wɔde AWURADE Israel Nyankopɔn din kasa kyerɛɛ no no nsɛm no, hwɛ, ɛwɔ Israel Ahemfo ho Nsɛm no mu.

19 Na ne mpaebɔ ne sɛ wɔtiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa, ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea, na ɔsisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no adehunufoɔ nsɛm mu.

20 Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie, na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.

Yudahene Amon

21 Amon dii mfeɛ aduonu mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.

22 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agya Manase yɛeɛ no, na ahoni a n’agya Manase yɛeɛ no nyinaa, Amon bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn na ɔsomm wɔn.

23 Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛdeɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho aseɛ no, na ɔno Amon maa asodie dɔɔso.

24 Na ne nkoa pamm ne tiri so kumm no ne fie.

25 Na asase no sofoɔ no kunkumm Ɔhene Amon atirisopamfoɔ no nyinaa, na asase, no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

6 + seventeen =