2 Berɛsosɛm 34

Yosia gu ahonisom

1 Yosia dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduasa baako wɔ Yerusalem.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid akwan so, na wammane ankɔ nifa anaa benkum.

3 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe so, a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛtɔ so dummienu soɔ no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho firii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no ho.

4 Na wɔdwirii Baalim afɔrebukyia no n’anim, na owia adum a ɛsisi soɔ no, ɔtwitwa gui, na Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no, ɔbubui, na ɔsisirii, na ɔto petee wɔn a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no adamena so.

5 Na asɔfoɔ no nnompe nso, ɔhyee no wɔn afɔrebukyia no so, na ɔtee Yuda ne Yerusalem ho.

6 Na ɔyɛɛ saa ara, Manase ne Efraim ne Simeon nkuro ne ɛho amamfo so de kɔsii Naftali.

7 Na ɔdwirii afɔrebukyia no, na Asera nnua ne ahoni no, ɔbubu sisirii, na owia adum no nyinaa ɔtwitwa gui, Israel asase nyinaa so. Na ɔsane baa Yerusalem.

Yosia siesie asɔrefie no

8 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so, a ɔwiee asase no ne efie no ho teɛ no, ɔsomaa Asalia ba Safan ne kuro no so safohene Maaseia ne Ɔkaefoɔ Yoahas ba Yoah sɛ wɔnkɔ nkɔmiamia AWURADE ne Nyankopɔn fie no mu.

9 Na wɔbaa Ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na wɔde sika a wɔde aba AWURADE fie a Lewifoɔ apono ano ahwɛfoɔ no aboa ano afiri Manase ne Efraim ne Israel nkaeɛ nyinaa, ne Yuda ne Benyamin nyinaa, ne Yerusalemfoɔ nkyɛn no maa wɔn.

10 Na wɔde hyɛɛ wɔn a wɔyɛ adwuma, a wɔayi wɔn asisi AWURADE fie no soɔ no nsa, na wɔn a wɔyɛ adwuma no, a wɔyɛ AWURADE fie adeɛ no de mae sɛ, wɔmfa nsiesie efie no na wɔmmiamia mu,

11 na wɔde maa nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ, sɛ wɔmfa ntotɔ aboɔ a wɔatwa ne nnua mfa nyɛ mpuna ne nsamsoɔ nnua, adan a Yuda ahemfo asɛe no no mu.

12 Na mmarima no yɛɛ adwuma no nokorɛdie mu. Wɔn so ahwɛfoɔ a wɔsisiiɛ no ne: Yohat ne Obadia, Lewifoɔ a wɔfiri Merari mma mu ne Sakaria ne Mesulam a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu, sɛ wɔmpiapia adwuma no ne Lewifoɔ no mu wɔn a wɔnim dwontoɔ ho adeyɛ nyinaa;

13 na wɔdii nnesoasoafoɔ no so, na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ nyinaa so sɛdeɛ ɔsom ahodoɔ no teɛ; nso na Lewifoɔ no mu binom yɛ atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ.

Wɔhunu mmara nwoma no

14 Na wɔreyi sika a wɔde aba AWURADE fie no, Ɔsɔfoɔ Hilkia hunuu AWURADE mmara nwoma a ɔnam Mose so de maeɛ no.

15 Na Hilkia bua see Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mmara nwoma no na mahu no AWURADE fie yi. Na Hilkia de nwoma no maa Safan.

16 Na Safan de nwoma no brɛɛ ɔhene, nanso ɔde mmuaeɛ brɛɛ ɔhene sɛ: Adeɛ a wode ahyɛ wo nkoa nsa no nyinaa, wɔreyɛ.

17 Na wɔhwiee sika a wɔhunuu no AWURADE fie no guu hɔ, na wɔde hyɛɛ ahwɛfoɔ no ne wɔn a wɔyɛ adwuma no nsa.

18 Na Ɔtwerɛfoɔ Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me. Na Safan kenkanee mu wɔ ɔhene anim.

19 Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.

20 Na ɔhene hyɛɛ Hilkia, ne Safan ba Ahikam, ne Mika ba Abdon, ne Ɔtwerɛfoɔ Safan ne ahenkwaa Asaia sɛ:

21 Monkɔ nkɔbisa AWURADE hɔ adeɛ mma me ne Israel ne Yuda mu nkaeɛ, nwoma a wɔahunu no mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuo a wɔahwie agu yɛn soɔ no so, sɛ yɛn agyanom anhwɛ AWURADE asɛm anyɛ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa ho nti.

Odiyifoɔbaa Hulda

22 Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene somaa wɔn no kɔɔ Odiyifoɔbaa Hulda a ɔyɛ Hasra ba Tikwat ba Salum ntadehwɛfoɔ yere no nkyɛn. (Nso na ɔte Yerusalem kuro no nkyɛmu a ɛtɔ so mmienu no mu.) Na wɔkɔkaa saa kyerɛɛ no.

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo baa me nkyɛn no sɛ:

24 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne bɛba ha yi ne ɛhafoɔ so, mede nnome a wɔatwerɛ no nwoma a wɔkenkan no Yuda hene anim no mu nyinaa bɛba,

25 ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔhye aduhwam ama anyame foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano nneyɛɛ nyinaa rehuru me bo, enti wɔbɛhwie m’abufuhyeɛ agu ha yi, na wɔrennum.

26 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa AWURADE hɔ adeɛ no deɛ, sɛ monka nkyerɛ no nie: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Nsɛm a woteeɛ no deɛ,

27 sɛ w’akoma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Nyankopɔn anim, ɛberɛ a wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntadeɛ mu, asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.

28 Hwɛ, wobɛto wo kɔn awu, na wɔasie wo wɔ da mu asomdwoeɛ mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafoɔ soɔ no nyinaa deɛ w’ani renhunu. Na wɔde bɛbuaa ɔhene no.

Nyankopɔn apam ntimu

29 Ɛnna ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano hyiaeɛ.

30 Na ɔhene no foro kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ nyinaa ka ne ho, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne ɔman no nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi akumaa so, na ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm nyinaa guu wɔn aso mu.

31 Na ɔhene no kɔgyinaa ne gyinabea, na ɔyɛɛ apam AWURADE anim sɛ ɔbɛdi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ ayɛ afiri n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so.

32 Na ɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin gyinaa mu. Na Yerusalemfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn no apam no teɛ no.

33 Na Yosia yiyii akyiwadeɛ no nyinaa firii nsase a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nyinaa so, na ɔde wɔn a wɔwɔ Israel no nyinaa hyɛɛ ɔsom no mu maa wɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔamfiri AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, akyiridie ho.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × four =