Nehemia 12

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ din

1 Na yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro baeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra,

2 Amaria, Maluk, Hatus,

3 Sekania, Rehum, Meremot,

4 Ido, Ginetoi, Abia,

5 Miamin, Maadia, Bilga,

6 Semaia, Yoiarib, Yedaia,

7 Salu, Amok, Hilkia, Yedaia. Yeinom ne asɔfoɔ no ne wɔn nuanom atitire, Yesua berɛ so.

8 Na Lewifoɔ no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a ɔdi aseda nnwom no soɔ, ɔne ne nuanom,

9 na Bakbukia ne Uno, wɔn nuanom, di wɔn ntentensoɔ, ɔwɛn no mu.

10 Na Yesua woo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,

11 na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.

12 Na Yoiakim berɛ so no, na asɔfoɔ no agyanom atitire nie: Seraia fam, Meraia; Yeremia deɛ: Hanania;

13 Esra deɛ: Mesulam; Amaria deɛ: Yehohanan;

14 Maluki deɛ: Yonatan; Sebania deɛ: Yosef;

15 Harim deɛ: Adna; Meraiot deɛ: Helkai;

16 Ido deɛ: Sakaria; Gineton deɛ: Mesulam;

17 Abia deɛ: Sikri; Miniamin deɛ, Moadia deɛ: Piltai;

18 Bilga deɛ: Samua; Semaia deɛ: Yehonatan;

19 Yoiarib deɛ: Matenai; Yedaia deɛ: Usi;

20 Salai deɛ: Kalai; Amok deɛ: Eber;

21 Hilkia deɛ: Hasabia: Yedaia deɛ: Natanel.

22 Lewifoɔ no: Eliasib, Yoiada, Yohanan ne Yadua berɛ so na wɔtwerɛɛ agyanom atitire no, asɔfoɔ no nso, wɔtwerɛɛ wɔn deɛ Persiani Dario ahennie so.

23 Lewi mma, agyanom atitire no, wɔatwerɛ no berɛsosɛm nwoma no mu de abɛsi Eliasib ba Yohanan berɛ so.

24 Na Lewifoɔ mu atitire: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔdi wɔn ntentensoɔ no yi ayɛ da ase sɛdeɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ no, awɛmfoɔ kuo ne kuo:

25 Matania, Bakbukia, Obadia; Mesulam, Talmon, Akub a wɔwɛn apono ano ahwɛfoɔ wɛn, apono anoboadan no mu.

26 Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so.

Ɔfasuo no dwira

27 Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.

28 Na nnwontofoɔ mma no boaa wɔn ho ano hyiae firi Yerusalem ho kanko no mu ne Netofafoɔ nkuraase,

29 ne Bet-gilgal ne Geba mfofowa so ne Asmawet, ɛfiri sɛ na nnwontofoɔ no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia.

30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman ne kuro apono ne afasuo no.

31 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

32 na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe

33 ne Asaria, Esra ne Mesulam,

34 Yuda ne Benyamin ne Semaia ne Yeremia,

35 ne asɔfoɔ mma no mu binom a wɔkurakura ntotorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba,

36 ne ne nuanom, Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Natanel ne Yuda, Hanani, wɔkurakura Nyankopɔn nipa Dawid nsankuo no, na Ɔtwerɛfoɔ Esra di wɔn anim.

37 Na nsuo Aniwa Pono no so ne wɔn ntentensoɔ no wɔforoo Dawid kuro aforoeɛ no, ɔfasuo no aforoeɛ no so, Dawid fie no atifi de kɔsii Nsuo Pono no ano apueeɛ.

38 Na aseda asafokuo a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ wɔn ntentensoɔ, na me nso medii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasuo no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no so,

39 de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.

40 Ɛnna aseda asafokuo mmienu no kɔgyinaa Nyankopɔn fie, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho,

41 ne asɔfoɔ no: Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wɔkurakura ntotorobɛnto;

42 ne Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser; na nnwontofoɔ no memaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so kannifoɔ.

43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.

Asɔrefie akyɛdeɛ so ahwɛfoɔ

44 Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.

45 Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no nso, sɛdeɛ Dawid ne ne ba Salomo hyɛeɛ no.

46 Na tete no, Dawid berɛ so no, na Asaf ne nnwontofoɔ ne Nyankopɔn ayeyie ne aseda so otitire.

47 Na Serubabel ne Nehemia berɛ so no, Israel nyinaa memaa nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no kyɛfa, da biara ne ne deɛ, na wɔde akronkronneɛ maa Lewifoɔ, na Lewifoɔ no nso de akronkronneɛ maa Aaron mma.

Nehemia 13

Wɔyi ananafoɔ firi Israel

1 Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,

2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.

3 Na wɔtee mmara no, wɔyiyii amamfrafoɔ nyinaa firii Israel.

Nehemia ntotoɔ adwuma

4 Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no

5 asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.

6 Na yei nyinaa mu no na menni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyiri no, mebisaa ɔhene hɔ kwan,

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

8 Na me bo fuu kɛse, na meyiyii Tobia fie nnoɔma no nyinaa firii pia no mu gui,

9 na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no.

10 Na mehunuu sɛ Lewifoɔ kyɛfa no, wɔamfa amma wɔn, enti wɔadwanedwane kɔ wɔn mfuo mu, Lewifoɔ ne nnwontofoɔ a wɔyɛ adwuma no.

11 Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ.

12 Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu.

13 Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.

14 Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.

Wɔfirii homeda ntotoeɛ ase

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ home da, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

16 Na Tirofoɔ bi a wɔte kurom hɔ nso de mpataa ne adetɔnneɛ ahodoɔ nyinaa ba, na wɔbɛtɔn no home da ma Yuda mma ne Yerusalemfoɔ.

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum home da ho yi?

18 Ɛnyɛ saa na mo agyanom yɛeɛ, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kuro yi soɔ no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuo no ho, sɛ morekum home da ho yi.

19 Na ansa na homeda reduro no, esum refiri aseɛ aduru Yerusalem apono mu no, mehyɛɛ sɛ wɔntoto apono no mu, na mekaa sɛ wɔnnhini gye sɛ homeda no atwam ansa; na meyii m’asomfoɔ no mu binom gyinagyinaa apono no ano, na adesoa bi amma mu homeda.

20 Na adwadifoɔ ne adetɔnfoɔ ahodoɔ no tɔnfoɔ no soɛsoɛɛ Yerusalem apono no akyi prɛko ne mprenu.

21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na moasoɛsoɛ, deda ɔfasuo no akyire? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkye mo. Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio.

22 Na mesee Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apono no ano, na wɔnyɛ home da no kronkron. Yei ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me sɛdeɛ w’adɔeɛ bebree no teɛ.

23 Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.

24 Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa, na Yuda kasa deɛ, wɔntumi nka, na aman no mu bi deɛ na wɔka.

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

26 Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.

27 Na mo deɛ, yɛntie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmaa ananafoɔ?

28 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.

29 Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔagu asɔfodie ho ne asɔfodie ho mmara, ne asɔfodie ne Lewifoɔ apam no ho fi.

30 Na medwiraa wɔn ho firii amanaman nnoɔma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no asɛdeɛ, sɛdeɛ obiara adwuma teɛ.

31 Me hyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.

Esra 1

Kores gya Israel kwan

1 Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:

2 Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.

3 Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsane nkɔsi AWURADE Israel Nyankopɔn fie no: Ɔno ne Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem.

4 Na obiara a ɔte ase wɔ baabiara a wakɔyɛ hɔ hɔhoɔ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne afideɛ ne mmoa ɛne ayamyi adeɛ a wɔde bɛma Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.

5 Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo asane akɔsi AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no.

6 Na wɔn a na wɔtete wɔn ho hyia nyinaa de dwetɛ nnwinneɛ, sika ne afideɛ ne mmoa aboɔdenneɛ hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamyi adeɛ no nyinaa.

7 Na Ɔhene Kores yii AWURADE fie nnoɔma a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem de ba bɛsiee ne nyame fie no,

8 ɛnonom na Persiahene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar.

9 Na ne dodoɔ nie: Sika nyowa aduasa, dwetɛ nyowa apem, aduhwam nkukuwa aduonu nkron,

10 sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a ɛdi hɔ ahanan ne du, nnwinneɛ a ɛkeka ho apem.

11 Sika ne dwetɛ nnoɔma no nyinaa yɛ mpemnum ne ahanan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wɔtuu wɔn kɔeɛ, a ɔde wɔn firi Babel sane baa Yerusalem no de baeɛ.

Esra 2

Wɔn a wɔsane baeɛ no dodoɔ

1 Na yeinom ne asase no sofoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔɔ Babel nkoayɛ mu no sane baeɛ na wɔsane kɔtenaa Yerusalem ne Yuda nkuro mu.

2 Wɔne Serubabel na ɛbaeɛ. Wɔn ne: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana.

Israel man mu mmarima dodoɔ nie:

3 Paros mma: Mpennu ɔha aduɔson mmienu.

4 Sefatia mma: Ahasa aduɔson mmienu.

5 Arah mma: Ahanson aduɔson nnum.

6 Pahat-Moab mma: Yesua ne Yoab mma deɛ: Mpennu ahanwɔtwe ne dummienu.

7 Elam mma: Apem ahanu aduonum nnan.

8 Satu mma: Ahankron aduanan nnum.

9 Sakai mma: Ahanson aduosia.

10 Bani mma: Ahansia aduanan mmienu.

11 Bebai mma: Ahansia aduonu mmiɛnsa.

12 Asgad mma: Apem ahanu aduonu mmienu.

13 Adonikam mma: Ahansia aduosia nsia.

14 Bigwai mma: Mpennu aduonum nsia.

15 Adin mma: Ahanan aduonum nnan.

16 Ater mma: Hesekia deɛ, aduɔkron nwɔtwe.

17 Besai mma: Ahasa aduonu mmiɛnsa.

18 Yora mma: Ɔha ne dummienu.

19 Hasum mma: Ahanu aduonu mmiɛnsa.

20 Gibar mma: Aduɔkron nnum.

21 Betlehem mma: Ɔha aduonu mmiɛnsa.

22 Netofa mmarima: Aduonum nsia.

23 Anatot mmarima: Ɔha aduonu nwɔtwe.

24 Asmawet mma: Aduanan mmienu.

25 Kiriat-arim, Kefira ne Beerot mma: Ahanson aduanan mmiɛnsa.

26 Rama ne Geba mma: Ahansia aduonu baako.

27 Mikmas mmarima: Ɔha aduonu mmienu.

28 Betel ne Ai mmarima: Ahanu aduonu mmiɛnsa.

29 Nebo mma: Aduonum mmienu.

30 Magbis mma: Ɔha aduonum nsia.

31 Elam foforɔ bi mma: Apem ahanu aduonum nnan.

32 Harim mma: Ahasa aduonu.

33 Lod, Hadid ne Ono mma: Ahanson aduonu nnum.

34 Yeriko mma: Ahasa aduanan nnum.

35 Senaa mma: Mpensa ahansia aduasa.

36 Asɔfoɔ no: Yedaia mma: Yesua fie deɛ: Ahankron aduɔson mmiɛnsa.

37 Imer mma: Apem aduonum mmienu.

38 Pasur mma: Apem ahanu aduanan nson.

39 Harim mma: Apem ne dunson.

40 Lewifoɔ: Yesua ne Kadmiel mma: Hodawia mma deɛ: Aduɔson nnan.

41 Nnwontofoɔ: Asaf mma: Ɔha aduonu nwɔtwe.

42 Apono ano ahwɛfoɔ no mma: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Wɔn nyinaa yɛ ɔha aduasa nkron.

43 Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,

44 Keros mma, Siaha mma, Padon mma,

45 Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma,

46 Hagab mma, Samlai mma, Hanan mma,

47 Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma,

48 Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma,

49 Usa mma, Pasea mma, Besai mma,

50 Asna mma, Meunifoɔ mma, Nefisifoɔ mma,

51 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma,

52 Baslut mma, Mehida mma, Harsa mma,

53 Barkos mma, Sisera mma, Tama mma,

54 Nesia mma, Hatifa mma.

55 Salomo nkoa mma: Sotai mma, Hasoferet mma, Peruda mma,

56 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma,

57 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-hasebaim mma, Ami mma.

58 Nsɔfokwaa nyinaa ne Salomo nkoa mma: Ahasa aduɔkron mmienu.

59 Na yeinom ne wɔn a wɔfiri Tel-mela, Tel-harsa, Kerub, Adan ne Imer foro baeɛ, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanimfie ne wɔn ase, sɛ wɔfiri Israel mu anaa.

60 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma: Ahansia aduonum mmienu.

61 Na asɔfoɔ mma mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mma mu baako na wɔde wɔn din too no mma):

62 Yeinom hwehwɛɛ wɔn din wɔ mmusua ntwerɛeɛ mu, na wɔanhunu, na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu.

63 Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de urim ne tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea.

64 Badwa mu no nyinaa ano si mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia,

65 ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso yɛ mpemnson ahasa aduasa nson. Na wɔwɔ nnwontofoɔ mmarima ne mmaa ahanu.

66 Wɔn apɔnkɔ yɛ ahanson aduasa nsia, wɔn mfunumupɔnkɔ, ahanu aduanan nnum,

67 wɔn yoma: Ahanan aduasa nnum; mfunumu, mpemnsia ahanson aduonu.

68 Na agyanom atitire no mu binom baa AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no, wɔbɛkyekyɛɛ Nyankopɔn fie no ho ayamyi adeɛ, sɛ wɔmfa mma so nsi ne sibea.

69 Deɛ wɔbɛtumi na wɔde guu adwuma no ho akoradeɛ mu, sika nsuruboaa mpem aduosia baako ne dwetɛ mmɛnaa mpemnum ne asɔfoɔ ntadeɛ ɔha.

70 Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne ɔman no mu binom ne nnwontofoɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ no ne nsɔfokwaa no bɛtenatenaa wɔn nkuro mu, na Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.

Esra 3

Wɔhyɛ ɔsom ase bio

1 Na bosome a ɛtɔ so nson duruiɛ no, na Israelfoɔ no tete nkuro no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ano yɛɛ sɛ nipa baako baa Yerusalem.

2 Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia sɛ wɔrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no.

3 Na wɔde afɔrebukyia no sii ne nnyinasoɔ so, ɛfiri sɛ nsase so aman ho hu kaa wɔn; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE: Anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ deɛ.

4 Na wɔdii asese nnapɔnna no sɛdeɛ wɔatwerɛ no, na wɔbɔɔ nna mfuamfua afɔdeɛ ne dodoɔ mu, sɛdeɛ mmara teɛ no, sɛdeɛ ɛhia da biara.

5 Na ɛno akyiri no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne abosome foforɔ deɛ, ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa deɛ no ne wɔn a wɔde ayamyi adeɛ brɛɛ AWURADE no nyinaa deɛ nso.

6 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no na wɔfirii AWURADE hyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ. Na AWURADE asɔredan no deɛ, na wɔnnya ntoo ne fapem.

7 Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no.

Asɔrefie no asehyɛ

8 Na wɔbaa AWURADE fie ho wɔ Yerusalem afe a ɛtɔ so mmienu mu bosome a ɛtɔ so mmienu soɔ no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkaeɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa firii aseɛ, na wɔde Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no so.

9 Na Yesua ne ne mma ne ne nuanom, Kadmiel ne ne mma, Hodawia mma, gyinaa sɛ onipa koro sɛ wɔrehwɛ Nyankopɔn fie adwumayɛfoɔ no so: Henadad mma ne wɔn mma ne wɔn nuanom, Lewifoɔ nso ka wɔn ho.

10 Na abantofoɔ no too AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ kurakura ntotorobɛnto, ne Lewifoɔ, Asaf mma no, wɔkurakura nnawuro gyinagyina hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛdeɛ Israelhene Dawid hyehyɛeɛ no.

11 Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti.

12 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne agyanom atitire no mu pii a wɔanyini, a wɔhunuu akane fie no, wɔtoo fapem no wɔ wɔn anim no, wɔde nne kɛseɛ sui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so osebɔ ne anigyeɛ mu,

13 na ɔman no anhunu anigyeɛ sebɔ gyegyeegye ne ɔman no su gyegyeegye no ntam nsonsonoeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no bɔɔ ose kɛseɛ maa wɔtee gyegyeegye no akyirikyiri.

Esra 4

Asɔrefie sie no ho akwansideɛ

1 Na Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ otukorɔ mma no resi asɔredan ama AWURADE Israel Nyankopɔn no,

2 wɔtwe baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitire no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo bɛsi, na yɛsom mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔdeɛ de firi Asiriahene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no berɛ soɔ.

3 Na Serubabel, Yesua ne Israel agyanom atitire nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo nni hwee yɛ, sɛ yɛbɛsi ɛdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara yɛbɛsi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.

4 Ɛnna asase no sofoɔ maa Yuda man no nsam goeɛ, na wɔtuu wɔn akoma abantoɔ no ho.

5 Na wɔbobɔɔ agyinatufoɔ paa tiaa wɔn, tee wɔn agyina ani yerae, Persiahene Kores nna nyinaa de kɔsii Persiahene Dario ahennie so.

6 Na Akas-weros ahennie so, ɔfirii n’ahennie aseɛ no, wɔtwerɛɛ Yuda ne Yerusalemfoɔ ho anototo nwoma.

7 Na Artasasta berɛ so no, Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfoɔ nkaeɛ no twerɛɛ nwoma kɔmaa Persiahene Artasasta, na wɔtwerɛɛ ɔmane nwoma no Aramaik kasa mu, na wɔkyerɛɛ aseɛ.

8 Mpanimmamu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai twerɛɛ nwoma kɔmaa Ɔhene Artasasta de tiaa Yerusalemfoɔ sɛ: —

9 Ɛberɛ no mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn agyinatufoɔ nkaeɛ a wɔfiri Dina, Afarsatka, Tarpela, Afarsa, Arkewa, Babel, Susan, Deha, Elam,

10 ne aman a aka no mu a Osnapar kɛseɛ a ɔwɔ din no kɔfaa wɔn baeɛ, na ɔde wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu, ne nkaeɛ a wɔwɔ asuogya ha fam no, ne ade.

11 Nwoma a wɔde kɔmaa ɔno Ɔhene Artasasta no nsususoɔ nie: — Wo nkoa a wɔwɔ asuogya ha fam, kyea wo.

12 Ma ɔhene nhunu sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri wo nkyɛn foro baa yɛn nkyɛn no aba Yerusalem, na wɔabɛkyekyere atuateɛ kuro bɔne yi, na ɛho afasuo nso wɔamema so asisi hɔ, na wɔamiamia ne fapem no mu.

13 Enti ma ɔhene nhunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔmema n’afasuo so sisi hɔ a, ɛnneɛ wɔremma ɛtoɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ bio, na ɛbɛyɛ no na w’ahennie mu toɔgyeɛ abrɛ ase.

14 Na ɛsiane sɛ ɔhene aban mu nkyene na yɛdie na yɛntumi nkɔ so nhwɛ ɔhene ahohora nti, na yɛasoma sɛ wɔmmɛse ɔhene sɛ,

15 sɛ ma wɔnhwehwɛ w’agyanom nkaeɛ nwoma mu, na wɔbɛhu no nkaeɛ nwoma no mu sɛ kuro yi yɛ atuateɛ kuro a ɛsɛe ɔhene ne amantam adeɛ, na wɔatwe ho manso firi tete mmerɛ no mu nti, na wɔbɔɔ kuro no.

16 Yɛn deɛ, yɛrema ɔhene ahunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔtoto ho afasuo no a, ɛnneɛ asuogya ha fam agyapadeɛ biara renka wo nsam.

17 Ɔhene no soma maa wɔde mmuaeɛ brɛɛ mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ nkaeɛ a wɔtete Samaria ne Asuogya hafoɔ nkaeɛ sɛ: Asomdwoeɛ.

18 Nwoma a mosoma maa wɔde brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no kann wɔ m’anim.

19 Na me nso mahyɛ ma wɔahwehwɛ mu, na wɔahunu sɛ kuro no firi tete nteredee na ɛmaa ne ho so tiaa ahemfo, na wɔtee atua twee mu manso.

20 Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.

21 Enti monhyɛ mmammarima no nnyae, na wɔnnkyekyere kuro no, kɔsi sɛ ahyɛdeɛ bɛfiri me nkyɛn.

22 Na monhwɛ yie na moantoto yei ase, na bɔne biara amma na ahemfo adeɛ ammɔ wɔn.

23 Afei wɔkenkan Ɔhene Artasasta nwoma a ɔtwerɛɛ Rehun ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no anim ara pɛ no, wɔsii mu baa Yerusalem ntɛm so bɛhyɛɛ Yudafoɔ no, na wɔde nsa ne tumi sii wɔn kwan.

24 Na wɔsii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no sie ho kwan, na akwansie no kɔɔ so ara kɔsii Persiahene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu so.

Esra 5

Wɔkɔ so si asɔrefie no

1 Na Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Odiyifoɔ Sakaria hyɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem ho nkɔm Israel Nyankopɔn din a ɛwɔ wɔn soɔ no mu.

2 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, na Nyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho na wɔsɔɔ mu.

3 Berɛ no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn soɔ, na sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?

4 Na wɔbisaa wɔn bio sɛ: Monkyerɛ yɛn nnipa a wɔresi dan yi din.

5 Nanso Yudafoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn ani ku wɔn ho nti, wɔansi wɔn kwan kɔsii sɛ asɛm no kɔduruu Dario nkyɛn ansa, na wɔde yei ho nwoma sane baa bio.

Wɔbɔ Dario amanneɛ

6 Nwoma a asuogya ha Amrado Tatenai ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔfiri Afarsak a ɛwɔ asuogya ha soma maa wɔde kɔmaa Ɔhene Dario no nie:

7 Nwoma no wɔsoma maa wɔde kɔmaa no, na sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no emu nie: Ɔhene Dario, asomdwoeɛ ara nko.

8 Ma ɔhene nhunu sɛ yɛsii mu kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie hɔ, na wɔde aboɔ akɛseɛ resi, na wɔde nnua agugu afasuo no so, na adwuma no a wɔreyɛ no rekɔ so, na ɛrekɔ so yie wɔ wɔn nsam.

9 Na yɛbisaa mpanimfoɔ no, na sɛ yɛsee wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?

10 Na yɛbisabisaa wɔn din nso sɛ yɛrebɛka akyerɛ wo, na yɛatwerɛ mmarima a wɔyɛ wɔn atitire no din.

11 Na sɛ wɔbuaa yɛn nie: Wɔse: Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɛdan a wɔsii no tetetete mfeɛ bebree yi a Israel hene kɛseɛ bi siiɛ na ɔwieeɛ no.

12 Na ɛnam sɛ yɛn agyanom yii ɔsoro Nyankopɔn no abufuo nti, na ɔde wɔn hyɛɛ Babelhene Nebukadnessar, Kaldeani no nsa, na ɔbubuu efie yi, na ɔtutuu ɔman no kɔɔ Babel.

13 Nanso Babelhene Kores afe a ɛdi kan no mu, Ɔhene Kores hyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn fie yi.

14 Na Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar fa firii asɔredan a ɛwɔ Babel no mu no nso, Ɔhene Kores fa de firii Babel asɔredan no mu, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa,

15 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa nnoɔma yi kɔ, na fa kɔsie asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wɔnsi Nyankopɔn dan no wɔ ne siberɛ.

16 Ɛnna Sesbasar yi ara ba bɛhyɛɛ Nyankopɔn dan a ɛwɔ Yerusalem no aseɛ, na ɛfiri berɛ no soɔ de bɛsi sɛsɛɛ yi wɔde resi ara, na wɔnwiee.

17 Na afei, sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fie a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ Ɔhene Kores na ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka deɛ ɔhene pɛ wɔ yei ho nkyerɛ yɛn.

Esra 6

Asɔrefie no wie

1 Ɛnna Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ wɔnkɔhwehwɛ nwoma fie, deɛ wɔde akoradeɛ sie wɔ Babel no.

2 Nso, kuro Ekbatana a ɛwɔ Media mansini mu na wɔkɔhunuu nwoma mmobɔeɛ, a wɔatwerɛ asɛm bi wɔ mu sei sɛ:

3 Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, ɔhyɛɛ mmara sɛ: Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho deɛ, wɔnsi efie no mma no nyɛ afɔrebɔbea, na ne korɔn nyɛ basafa aduosia, ne trɛ basafa aduosia nso,

4 aboɔ akɛseɛ nkyerɛpɛn mmiɛnsa ne nnua nso kyerɛpɛn baako. Na ɛho ahweredeɛ no, wɔmfa mfiri ɔhene fie mma.

5 Nso Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem asɔredan mu de baa Babel no, wɔnsane mfa mma, na ɛnkɔ Yerusalem asɔredan no mu ne siberɛ hɔ, na wɔnnya no Nyankopɔn fie hɔ.

6 Afei wo Tatenai, asuogya amrado ne Setar-Bosnai ne mo agyinatufoɔ Afarsakafoɔ a mowɔ Asuogya no, momfiri hɔ nkɔ akyiri.

7 Momma Nyankopɔn fie adwuma no ntena hɔ, na Yudafoɔ amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsi Nyankopɔn fie no ne siberɛ hɔ.

8 Na me na merehyɛ makyerɛ deɛ monyɛ mma Yudafoɔ mpanimfoɔ no na wɔnsi Nyankopɔn fie no: Ɛne sɛ, ɔhene nnoɔma a ɛne asuogya toɔ no, wɔmfa mu bi ntua ahweredeɛ no ka pɛpɛɛpɛ mmammarima no, na amma wɔannyae.

9 Na adeɛ a ɛhia wɔn no, nantwie mma ne adwennini ne nnwan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyeɛ afɔdeɛ, ayuo, nkyene, nsa ne ngo, sɛdeɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛgyeɛ no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka,

10 na wɔmmɔ afɔdeɛ hwamhwam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wɔnyi ɔhene ne ne mma nkwa so apaeɛ.

11 Mehyɛ bio sɛ, obiara a ɔbɛdane asɛm yi ani no, wɔnyi ne dan so mpuna mma so nsi hɔ, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fie nnane sumina.

12 Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bɛbutu ɔhene ne ɔman biara a wɔtene wɔn nsa dane ani, sɛ wɔbɛbubu Nyankopɔn fie yi wɔ Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara yi, ma wɔnni so pɛpɛɛpɛ.

13 Ɛnna Tatenai, asuogya amrado no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ no, deɛ Ɔhene Dario ama wɔabɛka no nti, wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

14 Na Yudafoɔ mpanimfoɔ sisii, na ɛyɛɛ yie, Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Sakaria nkɔmhyɛ no nti. Na wɔsisii na wɔwiee, sɛdeɛ Israel Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Persiahene Kores ne Dario ne Artasasta mmara no teɛ no.

15 Na wɔwiee efie no bosome Adar da a ɛtɔ so mmiɛnsa so, Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nsia mu.

16 Na Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne atukɔfoɔ no nkaeɛ de ahosan dii Nyankopɔn fie anobue da no.

17 Na wɔbobɔɔ Nyankopɔn fie anobue no ho afɔdeɛ: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa tiri bɔne ho afɔdeɛ, dummienu; sɛdeɛ Israel mmusuakuo ano teɛ no.

18 Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no.

19 Na atukɔfoɔ no dii Twam no, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan so.

20 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ onipa baako, wɔn nyinaa ho firii, na wɔkunkumm Twam adwammaa no maa atukɔfoɔ no nyinaa ne wɔn nuanom asɔfoɔ no ne wɔn ara.

21 Na Israelfoɔ a wɔfiri otukorɔ mu baeɛ no ne wɔn a wɔate wɔn ho afiri asase no so amanaman no afideɛ ho baa wɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam dwan no,

22 na wɔdii apiti dapɔnna nnanson, anigyeɛ mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa wɔn ani gyee, na ɔkomm Asiriahene no akoma baa wɔn so, maa no hyɛɛ wɔn abasam den, Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fie adwuma no mu.

Esra 7

Esra kɔ Yerusalem

1 Na nsɛm yi akyiri no, Persiahene Artasasta ahennie mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba Asaria ba Hilkia ba

2 Salum ba, Sadok ba, Ahitub ba,

3 Amaria ba, Asaria ba, Meraiot ba,

4 Seraia ba, Usi ba, Buki ba,

5 Abisua ba, Pinehas ba, Eleasa ba, Aaron ɔsɔfo panin no ba,

6 ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.

7 Na Israelfoɔ mu bi, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa no mu binom ne no foro baa Yerusalem, Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so nson mu.

8 Na ɔbaa Yerusalem bosome a ɛtɔ so nnum no so, ɔhene no afe a ɛtɔ so nson no ara mu.

9 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no so, wɔhyɛɛ sɛ ɔmfiri Babel mforo nkɔ. Na bosome a ɛtɔ so nnum no, da a ɛdi kan no, ɔbaa Yerusalem, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ayamyɛ nsa no wɔ ne so.

10 Na Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Israel.

11 Na nwoma a Ɔhene Artasasta de maa Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsususoɔ nie:

12 Artasasta, ahene mu hene no de kɔma Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ a ɔdi mu, ne ade.

13 Me na mahyɛ mmara sɛ, m’ahennie mu nnipa biara a ɔfiri Israel man mu, ne n’asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu, a wɔyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.

14 Ɛfiri sɛ wɔasoma wo ɔhene ne n’agyinatufoɔ nson no anim, sɛ kɔ na kɔhwehwɛ Yuda ne Yerusalem mu sɛdeɛ wo Nyankopɔn mmara a ɛwɔ wo nsam no teɛ.

15 Na fa dwetɛ ne sika a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ayi wɔn yam de akyɛ Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no,

16 ne dwetɛ ne sika a wobɛnya no Babel asase nyinaa soɔ no nyinaa, ne ayamyi adeɛ a ɔman ne asɔfoɔ no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no.

17 Yei nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwie, adwennini, nnwammaa ne wɔn ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔdeɛ, afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no so.

18 Na adeɛ biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika no nkaeɛ no bɛyɛ no, monyɛ no sɛdeɛ mo Nyankopɔn no pɛ.

19 Nso nnoɔma a wɔde ahyɛ wo nsa ama wo Nyankopɔn fie som no, yi no Yerusalem Nyankopɔn no anim.

20 Na deɛ aka a ɛhia sɛ wohwere no Nyankopɔn fie no ho no, yi firi ɔhene adekora fie ma.

21 Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafoɔ a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ adeɛ a Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ no, bɛbisa mo no nyinaa wɔmmɔ mmɔden nyɛ,

22 ɛnkɔsi dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo bɔtɔ ɔha ne nsa ahina ɔha ne ngo ahina ɔha ne nkyene a wɔmmu ano so.

23 Adeɛ biara a ɔsoro Nyankopɔn hyɛ no nyinaa, ma wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fie no, na n’abufuo ansɔre antia ɔhene ne ne mma ahennie no.

24 Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Nyankopɔn fie no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ɔgye wɔn toɔ, amanneɛ anaa akwanneɛ.

25 Na wo, Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo tirim no teɛ no, hyehyɛ atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ, na wɔnni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa. Na wɔn a wɔnnim nso, momma wɔnhunu.

26 Na obiara a ɔrenni wo Nyankopɔn no mmara ne ɔhene mmara soɔ no, ɛdi okum oo, asutware oo, afideɛ fa oo, anaa duamda oo, wɔmmɔ mmɔden mmu no ɛho atɛn.

27 Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene akoma mu, sɛ ɔde rebɛhyehyɛ AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no,

28 na wakom adɔeɛ aba me soɔ wɔ ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ɔhene mmapɔmma atumfoɔ nyinaa anim. Na me nso menyaa ahoɔden, ɛfiri sɛ AWURADE me Nyankopɔn nsa wɔ me so, na meboaa Israel mu atitire ano mehyiaa sɛ wɔne me mforo nkɔ.

Esra 8

Esra mfɛfoɔ

1 Na yeinom ne wɔn agyanom atitire ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ, wɔn a wɔne me firi Babel foro kɔeɛ, Ɔhene Artasasta ahennie mu no:

2 Pinehas mma mu: Gersom. Itamar mma mu: Daniel. Dawid mma mu: Hatus.

3 Sekania mma mu: Paros mma mu: Sakaria; a na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho.

4 Pahat-Moab mma mu: Seraia ba Eliehoenai, na mmarima ahanu ka ne ho.

5 Sekania mma mu: Yahasiel ba, na mmarima ahasa ka ne ho.

6 Adin mma mu: Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho.

7 Elam mma mu: Atalia ba Yesaia, na mmarima aduɔson ka ne ho.

8 Sefatia mma mu: Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho.

9 Yoab mma mu: Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu dunwɔtwe ka ne ho.

10 Selomit mma mu: Yosifia ba, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho.

11 Bebai mma mu: Bebai ba Sakaria, na mmarima aduonu nwɔtwe ka ne ho.

12 Asgad mma mu: Hakatan ba Yohanan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho.

13 Na Adonikam mma a wɔdi akyire no mu, wɔn din nie: Elifelet, Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho.

14 Na Bigwai mma mu: Utai ne Sabud, na mmarima aduɔson ka wɔn ho.

15 Na meboaboaa wɔn ano mehyiaa asuo a ɛsene kɔ Ahawa no ano, na yɛkyeree nsraban hɔ nnansa. Na mehwɛɛ ɔman no ne asɔfoɔ no mu, na manhunu Lewi mma mu bi hɔnom.

16 Ɛnna mesoma maa wɔkɔfrɛɛ Eliesa, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ atitire ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ,

17 na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitire Ido, wɔ Kasifia kuro mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kuro mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fie no mmrɛ yɛn.

18 Na yɛn Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ yɛn soɔ nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔba nimdefoɔ bi a ɔfiri Lewi ba Mahli a ɔyɛ Israel ba mma mu, Serebia ne ne mma ne ne nuanom nnipa dunwɔtwe,

19 ne Hasabia ne Yesaia a ɔka ne ho a wɔfiri Merari mma mu, ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu,

20 ne nsɔfokwaa a Dawid ne mmapɔmma no de wɔn maa Lewifoɔ som no, nsɔfokwaa ahanu aduonu, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.

Mmuadadie ne ahodwira

21 Ɛnna mepaee mmuadadie wɔ Ahawa asuo no soɔ, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan tenenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nnoɔma nyinaa,

22 na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mɛbisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔmmoa yɛn, yɛn atamfoɔ ho ɔkwan mu, ɛfiri sɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuo wɔ wɔn a wɔgya no nyinaa so.

23 Na yɛdii abuada hwehwɛɛ yei yɛn Nyankopɔn nsam, na ɔtiee yɛn.

24 Ɛnna meyii asɔfoɔ mpanimfoɔ no mu dummienu, Serebia ne Hasabia ne wɔn nuanom mu du a wɔka wɔn ho.

25 Na mekarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ne mmapɔmma ne Israel a wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛmaa soɔ no, mede mehyɛɛ wɔn nsa,

26 na mekarii dwetɛ dwetikɛseɛ ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa ne dwetɛ nnwinneɛ dwetikɛseɛ ɔha, sika nso dwetikɛseɛ ɔha,

27 ne sika nkuruwa aduonu a ano si sika nsuruboaa apem ne kɔbere mfrafraeɛ nahanaha a ɛyɛ nnwinneɛ mmienu a ne boɔ yɛ den sɛ sika.

28 Na mesee wɔn sɛ: Mo deɛ, moyɛ kronkron ma AWURADE, na nnoɔma yi yɛ akronkronneɛ, na dwetɛ ne sika yi yɛ ayamyi adeɛ ma AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no,

29 monhwɛ nkora nkɔsi sɛ mobɛkarie, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mpanin ne Israel agyanom mmapɔmma a ɛwɔ Yerusalem no anim de ahyɛ AWURADE fie mpia no mu.

30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no soaa dwetɛ ne sika ne nnoɔma a wɔkariiɛ no, sɛ wɔde reba Yerusalem de abɛma yɛn Nyankopɔn fie.

31 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dummienu no mu yɛtu firii Ahawa asuo no ano sɛ yɛrekɔ Yerusalem. Na yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ɔyii yɛn firii atamfoɔ ne wɔn a wɔtɛ ɔkwan mu no nsam.

32 Na yɛduruu Yerusalem, na yɛtenaa hɔ nnansa.

33 Na ɛda a ɛtɔ so nnan no, wɔkarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie de hyɛɛ Uria ba Ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas ba Eleasa a ɔka ne ho no nsa, na Lewifoɔ, Yesua ba Yosabad ne Binui ba Noadia nso ka wɔn ho.

34 Wɔde ne nyinaa, ne dodoɔ ne ne duro so hyɛɛ wɔn nsa, na wɔtwerɛɛ ne duro no nyinaa berɛ no mu.

35 Na atukɔfoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de ɔhyeɛ afɔdeɛ yi brɛɛ Israel Nyankopɔn no: Anantwinini dummienu, adwennini aduɔkron nsia, nnwanten mma aduɔson nson, bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.

36 Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofoɔ ne aberempɔnfoɔ a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaa ɔman no ne Nyankopɔn fie no.