Esra 8

Esra mfɛfoɔ

1 Na yeinom ne wɔn agyanom atitire ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ, wɔn a wɔne me firi Babel foro kɔeɛ, Ɔhene Artasasta ahennie mu no:

2 Pinehas mma mu: Gersom. Itamar mma mu: Daniel. Dawid mma mu: Hatus.

3 Sekania mma mu: Paros mma mu: Sakaria; a na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho.

4 Pahat-Moab mma mu: Seraia ba Eliehoenai, na mmarima ahanu ka ne ho.

5 Sekania mma mu: Yahasiel ba, na mmarima ahasa ka ne ho.

6 Adin mma mu: Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho.

7 Elam mma mu: Atalia ba Yesaia, na mmarima aduɔson ka ne ho.

8 Sefatia mma mu: Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho.

9 Yoab mma mu: Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu dunwɔtwe ka ne ho.

10 Selomit mma mu: Yosifia ba, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho.

11 Bebai mma mu: Bebai ba Sakaria, na mmarima aduonu nwɔtwe ka ne ho.

12 Asgad mma mu: Hakatan ba Yohanan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho.

13 Na Adonikam mma a wɔdi akyire no mu, wɔn din nie: Elifelet, Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho.

14 Na Bigwai mma mu: Utai ne Sabud, na mmarima aduɔson ka wɔn ho.

15 Na meboaboaa wɔn ano mehyiaa asuo a ɛsene kɔ Ahawa no ano, na yɛkyeree nsraban hɔ nnansa. Na mehwɛɛ ɔman no ne asɔfoɔ no mu, na manhunu Lewi mma mu bi hɔnom.

16 Ɛnna mesoma maa wɔkɔfrɛɛ Eliesa, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ atitire ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ,

17 na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitire Ido, wɔ Kasifia kuro mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kuro mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fie no mmrɛ yɛn.

18 Na yɛn Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ yɛn soɔ nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔba nimdefoɔ bi a ɔfiri Lewi ba Mahli a ɔyɛ Israel ba mma mu, Serebia ne ne mma ne ne nuanom nnipa dunwɔtwe,

19 ne Hasabia ne Yesaia a ɔka ne ho a wɔfiri Merari mma mu, ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu,

20 ne nsɔfokwaa a Dawid ne mmapɔmma no de wɔn maa Lewifoɔ som no, nsɔfokwaa ahanu aduonu, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.

Mmuadadie ne ahodwira

21 Ɛnna mepaee mmuadadie wɔ Ahawa asuo no soɔ, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan tenenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nnoɔma nyinaa,

22 na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mɛbisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔmmoa yɛn, yɛn atamfoɔ ho ɔkwan mu, ɛfiri sɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuo wɔ wɔn a wɔgya no nyinaa so.

23 Na yɛdii abuada hwehwɛɛ yei yɛn Nyankopɔn nsam, na ɔtiee yɛn.

24 Ɛnna meyii asɔfoɔ mpanimfoɔ no mu dummienu, Serebia ne Hasabia ne wɔn nuanom mu du a wɔka wɔn ho.

25 Na mekarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ne mmapɔmma ne Israel a wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛmaa soɔ no, mede mehyɛɛ wɔn nsa,

26 na mekarii dwetɛ dwetikɛseɛ ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa ne dwetɛ nnwinneɛ dwetikɛseɛ ɔha, sika nso dwetikɛseɛ ɔha,

27 ne sika nkuruwa aduonu a ano si sika nsuruboaa apem ne kɔbere mfrafraeɛ nahanaha a ɛyɛ nnwinneɛ mmienu a ne boɔ yɛ den sɛ sika.

28 Na mesee wɔn sɛ: Mo deɛ, moyɛ kronkron ma AWURADE, na nnoɔma yi yɛ akronkronneɛ, na dwetɛ ne sika yi yɛ ayamyi adeɛ ma AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no,

29 monhwɛ nkora nkɔsi sɛ mobɛkarie, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mpanin ne Israel agyanom mmapɔmma a ɛwɔ Yerusalem no anim de ahyɛ AWURADE fie mpia no mu.

30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no soaa dwetɛ ne sika ne nnoɔma a wɔkariiɛ no, sɛ wɔde reba Yerusalem de abɛma yɛn Nyankopɔn fie.

31 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dummienu no mu yɛtu firii Ahawa asuo no ano sɛ yɛrekɔ Yerusalem. Na yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ɔyii yɛn firii atamfoɔ ne wɔn a wɔtɛ ɔkwan mu no nsam.

32 Na yɛduruu Yerusalem, na yɛtenaa hɔ nnansa.

33 Na ɛda a ɛtɔ so nnan no, wɔkarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie de hyɛɛ Uria ba Ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas ba Eleasa a ɔka ne ho no nsa, na Lewifoɔ, Yesua ba Yosabad ne Binui ba Noadia nso ka wɔn ho.

34 Wɔde ne nyinaa, ne dodoɔ ne ne duro so hyɛɛ wɔn nsa, na wɔtwerɛɛ ne duro no nyinaa berɛ no mu.

35 Na atukɔfoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de ɔhyeɛ afɔdeɛ yi brɛɛ Israel Nyankopɔn no: Anantwinini dummienu, adwennini aduɔkron nsia, nnwanten mma aduɔson nson, bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.

36 Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofoɔ ne aberempɔnfoɔ a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaa ɔman no ne Nyankopɔn fie no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × 5 =