Esra 6

Asɔrefie no wie

1 Ɛnna Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ wɔnkɔhwehwɛ nwoma fie, deɛ wɔde akoradeɛ sie wɔ Babel no.

2 Nso, kuro Ekbatana a ɛwɔ Media mansini mu na wɔkɔhunuu nwoma mmobɔeɛ, a wɔatwerɛ asɛm bi wɔ mu sei sɛ:

3 Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, ɔhyɛɛ mmara sɛ: Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho deɛ, wɔnsi efie no mma no nyɛ afɔrebɔbea, na ne korɔn nyɛ basafa aduosia, ne trɛ basafa aduosia nso,

4 aboɔ akɛseɛ nkyerɛpɛn mmiɛnsa ne nnua nso kyerɛpɛn baako. Na ɛho ahweredeɛ no, wɔmfa mfiri ɔhene fie mma.

5 Nso Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem asɔredan mu de baa Babel no, wɔnsane mfa mma, na ɛnkɔ Yerusalem asɔredan no mu ne siberɛ hɔ, na wɔnnya no Nyankopɔn fie hɔ.

6 Afei wo Tatenai, asuogya amrado ne Setar-Bosnai ne mo agyinatufoɔ Afarsakafoɔ a mowɔ Asuogya no, momfiri hɔ nkɔ akyiri.

7 Momma Nyankopɔn fie adwuma no ntena hɔ, na Yudafoɔ amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsi Nyankopɔn fie no ne siberɛ hɔ.

8 Na me na merehyɛ makyerɛ deɛ monyɛ mma Yudafoɔ mpanimfoɔ no na wɔnsi Nyankopɔn fie no: Ɛne sɛ, ɔhene nnoɔma a ɛne asuogya toɔ no, wɔmfa mu bi ntua ahweredeɛ no ka pɛpɛɛpɛ mmammarima no, na amma wɔannyae.

9 Na adeɛ a ɛhia wɔn no, nantwie mma ne adwennini ne nnwan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyeɛ afɔdeɛ, ayuo, nkyene, nsa ne ngo, sɛdeɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛgyeɛ no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka,

10 na wɔmmɔ afɔdeɛ hwamhwam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wɔnyi ɔhene ne ne mma nkwa so apaeɛ.

11 Mehyɛ bio sɛ, obiara a ɔbɛdane asɛm yi ani no, wɔnyi ne dan so mpuna mma so nsi hɔ, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fie nnane sumina.

12 Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bɛbutu ɔhene ne ɔman biara a wɔtene wɔn nsa dane ani, sɛ wɔbɛbubu Nyankopɔn fie yi wɔ Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara yi, ma wɔnni so pɛpɛɛpɛ.

13 Ɛnna Tatenai, asuogya amrado no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ no, deɛ Ɔhene Dario ama wɔabɛka no nti, wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

14 Na Yudafoɔ mpanimfoɔ sisii, na ɛyɛɛ yie, Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Sakaria nkɔmhyɛ no nti. Na wɔsisii na wɔwiee, sɛdeɛ Israel Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Persiahene Kores ne Dario ne Artasasta mmara no teɛ no.

15 Na wɔwiee efie no bosome Adar da a ɛtɔ so mmiɛnsa so, Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nsia mu.

16 Na Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne atukɔfoɔ no nkaeɛ de ahosan dii Nyankopɔn fie anobue da no.

17 Na wɔbobɔɔ Nyankopɔn fie anobue no ho afɔdeɛ: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa tiri bɔne ho afɔdeɛ, dummienu; sɛdeɛ Israel mmusuakuo ano teɛ no.

18 Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no.

19 Na atukɔfoɔ no dii Twam no, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan so.

20 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ onipa baako, wɔn nyinaa ho firii, na wɔkunkumm Twam adwammaa no maa atukɔfoɔ no nyinaa ne wɔn nuanom asɔfoɔ no ne wɔn ara.

21 Na Israelfoɔ a wɔfiri otukorɔ mu baeɛ no ne wɔn a wɔate wɔn ho afiri asase no so amanaman no afideɛ ho baa wɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam dwan no,

22 na wɔdii apiti dapɔnna nnanson, anigyeɛ mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa wɔn ani gyee, na ɔkomm Asiriahene no akoma baa wɔn so, maa no hyɛɛ wɔn abasam den, Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fie adwuma no mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty − 3 =