Nehemia 13

Wɔyi ananafoɔ firi Israel

1 Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,

2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.

3 Na wɔtee mmara no, wɔyiyii amamfrafoɔ nyinaa firii Israel.

Nehemia ntotoɔ adwuma

4 Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no

5 asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.

6 Na yei nyinaa mu no na menni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyiri no, mebisaa ɔhene hɔ kwan,

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

8 Na me bo fuu kɛse, na meyiyii Tobia fie nnoɔma no nyinaa firii pia no mu gui,

9 na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no.

10 Na mehunuu sɛ Lewifoɔ kyɛfa no, wɔamfa amma wɔn, enti wɔadwanedwane kɔ wɔn mfuo mu, Lewifoɔ ne nnwontofoɔ a wɔyɛ adwuma no.

11 Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ.

12 Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu.

13 Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.

14 Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.

Wɔfirii homeda ntotoeɛ ase

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ home da, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

16 Na Tirofoɔ bi a wɔte kurom hɔ nso de mpataa ne adetɔnneɛ ahodoɔ nyinaa ba, na wɔbɛtɔn no home da ma Yuda mma ne Yerusalemfoɔ.

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum home da ho yi?

18 Ɛnyɛ saa na mo agyanom yɛeɛ, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kuro yi soɔ no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuo no ho, sɛ morekum home da ho yi.

19 Na ansa na homeda reduro no, esum refiri aseɛ aduru Yerusalem apono mu no, mehyɛɛ sɛ wɔntoto apono no mu, na mekaa sɛ wɔnnhini gye sɛ homeda no atwam ansa; na meyii m’asomfoɔ no mu binom gyinagyinaa apono no ano, na adesoa bi amma mu homeda.

20 Na adwadifoɔ ne adetɔnfoɔ ahodoɔ no tɔnfoɔ no soɛsoɛɛ Yerusalem apono no akyi prɛko ne mprenu.

21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na moasoɛsoɛ, deda ɔfasuo no akyire? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkye mo. Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio.

22 Na mesee Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apono no ano, na wɔnyɛ home da no kronkron. Yei ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me sɛdeɛ w’adɔeɛ bebree no teɛ.

23 Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.

24 Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa, na Yuda kasa deɛ, wɔntumi nka, na aman no mu bi deɛ na wɔka.

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

26 Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.

27 Na mo deɛ, yɛntie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmaa ananafoɔ?

28 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.

29 Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔagu asɔfodie ho ne asɔfodie ho mmara, ne asɔfodie ne Lewifoɔ apam no ho fi.

30 Na medwiraa wɔn ho firii amanaman nnoɔma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no asɛdeɛ, sɛdeɛ obiara adwuma teɛ.

31 Me hyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

1 × five =