Esra 3

Wɔhyɛ ɔsom ase bio

1 Na bosome a ɛtɔ so nson duruiɛ no, na Israelfoɔ no tete nkuro no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ano yɛɛ sɛ nipa baako baa Yerusalem.

2 Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia sɛ wɔrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no.

3 Na wɔde afɔrebukyia no sii ne nnyinasoɔ so, ɛfiri sɛ nsase so aman ho hu kaa wɔn; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE: Anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ deɛ.

4 Na wɔdii asese nnapɔnna no sɛdeɛ wɔatwerɛ no, na wɔbɔɔ nna mfuamfua afɔdeɛ ne dodoɔ mu, sɛdeɛ mmara teɛ no, sɛdeɛ ɛhia da biara.

5 Na ɛno akyiri no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne abosome foforɔ deɛ, ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa deɛ no ne wɔn a wɔde ayamyi adeɛ brɛɛ AWURADE no nyinaa deɛ nso.

6 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no na wɔfirii AWURADE hyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ. Na AWURADE asɔredan no deɛ, na wɔnnya ntoo ne fapem.

7 Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no.

Asɔrefie no asehyɛ

8 Na wɔbaa AWURADE fie ho wɔ Yerusalem afe a ɛtɔ so mmienu mu bosome a ɛtɔ so mmienu soɔ no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkaeɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa firii aseɛ, na wɔde Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no so.

9 Na Yesua ne ne mma ne ne nuanom, Kadmiel ne ne mma, Hodawia mma, gyinaa sɛ onipa koro sɛ wɔrehwɛ Nyankopɔn fie adwumayɛfoɔ no so: Henadad mma ne wɔn mma ne wɔn nuanom, Lewifoɔ nso ka wɔn ho.

10 Na abantofoɔ no too AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ kurakura ntotorobɛnto, ne Lewifoɔ, Asaf mma no, wɔkurakura nnawuro gyinagyina hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛdeɛ Israelhene Dawid hyehyɛeɛ no.

11 Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti.

12 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne agyanom atitire no mu pii a wɔanyini, a wɔhunuu akane fie no, wɔtoo fapem no wɔ wɔn anim no, wɔde nne kɛseɛ sui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so osebɔ ne anigyeɛ mu,

13 na ɔman no anhunu anigyeɛ sebɔ gyegyeegye ne ɔman no su gyegyeegye no ntam nsonsonoeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no bɔɔ ose kɛseɛ maa wɔtee gyegyeegye no akyirikyiri.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

7 + eight =