2 Makabee 8

Yuda Makabeus atuateɛ

1 Afei Yuda a wɔsan frɛ no Makabeus no, ɔne n’ayɔnkofoɔ hyɛnee nkuraaseɛ hɔ kokoam, na ɔkɔfrɛfrɛɛ wɔn abusuafoɔ, na wɔtwerɛtwerɛɛ wɔn a na wɔakɔ so ara kura Yudasom gyidie mu no din, ɛno nti wɔboaboaa nnipa a wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem nsia ano.

2 Wɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnhwɛ nkurɔfoɔ a nnipa nyinaa hyɛ wɔn soɔ no; na ɔnya ayamhyehyeɛ mma asɔredan a nnipa a wɔnni nyamesuro agu ho fi no;

3 na ɔnhu ne kuro a wɔresɛe no na aka kakra bi na wɔadwiri agu fam no mmɔbɔ; ɔntie mogya a ɛteaam frɛɛ no no;

4 ɔnsane nso nkae mmɔtafowa a wɔnam mmaratoɔ so sɛe wɔn no, ne abususɛm wɔkeka de tia ne din no; na ɔnkyerɛ sɛ bɔne yɛ n’akyiwadeɛ.

5 Makabeus tumi boaboaa n’asraafoɔ ano wieeɛ ara pɛ na Amanaman mufoɔ no antumi anyina n’anim, ɛfiri sɛ na Awurade abufuhyeɛ no adane ayɛ mmɔborɔhunu.

6 Ɔreba a, ɔmmɔ kɔkɔ biara, na watoto nkuro ne nkuraaseɛ mu gya. Ɔgyegyee mmeaeɛ bi a wɔtumi firi hɔ kɔko, na atamfoɔ no dɔm a wɔpamoo wɔn no nyɛ kumaa.

7 Ɔhunuu sɛ anadwo yɛ papaapa sɛ wɔde kɔ tua ɛte saa. Na wɔkaa ne mmaninyɛ ho asɛm wɔ baabiara.

8 Ɛberɛ a Filipo hunuu sɛ ɔbarima no reba nkakrankakra no, na ɔrekɔ so ara di nkonim ntoatoasoɔ no, ɔtwerɛ kɔmaa Ptoleme a ɔyɛ amrado wɔ Koelesiria ne Foenike no, sɛ ɔmmɛboa ɔhene aban no.

9 Afei Ptoleme yɛɛ ntɛm tuu Patroklus ba Nikanor, ɔhene Nnamfonom atitire no mu baako, na ɔsomaa no ne hɔ, na ɔdi Amanaman mufoɔ a wɔfifiri aman nyinaa soɔ a wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduonu, sɛ wɔnkɔkunkum Yudeafoɔ nyinaa mfiri hɔ koraa. Ɔde Gorgias a ɔyɛ asafohene ne onipa a wawedare wɔ asraafoɔ adwuma mu no kaa ne ho.

10 Nikanor bɔɔ ne tirim sɛ ɛtoɔ a ɛsɛ sɛ wɔtua ma Romafoɔ no, talente mpem mmienu no, ɔbɛtontɔn Yudafoɔ a wɔbɛfa wɔn dommum no na watɔn wɔn akɔ nkoasom mu, na ɔde ama ɔhene.

11 Enti ntɛm ara, ɔsoma maa wɔkɔɔ nkuro a ɛdeda mpoano no, na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtɔ Yudafoɔ nkoa, na ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ, ɔde nkoa aduɔkron bɛgye talente baako, na na n’ani nna so sɛ Otumfoɔ atemmuo no reba abɛto no.

Wɔsiesie wɔn ho ma ɔko

12 Wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ Nikanor retu sa; na ɛberɛ a ɔka kyerɛɛ n’ayɔnkofoɔ no ɛfa asraafoɔ a wɔabɛduru no,

13 wɔn a wɔyɛ ahufoɔ na wɔnni awerɛhyɛmu wɔ Onyankopɔn atɛntenenee mu no firii hɔ dwanee.

14 Ebinom tɔnee wɔn agyapadeɛ nkaeɛ no, na berɛ korɔ no ara mu wɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnnye wɔn a Nikanor a nyamesuro nni ne mu no atɔn wɔn, ansa na ɔrehyia wɔn,

15 sɛ ɛnyɛ wɔn ankasa nti a, ɛnneɛ na ɛyɛ apam a ɔne wɔn nananom yɛeɛ no a, na ɛfiri sɛ ɔde ne din kronkron ne animuonyam din no na afrɛ wɔn.

16 Nanso Makabeus boaboaa n’akofoɔ no ano, wɔn dodoɔ yɛ mpem nsia, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmma Amanaman dɔm kɛseɛ atirimuɔdenfoɔ a wɔreba wɔn soɔ no mmɔ wɔn hu, na mmom wɔnko wɔ animuonyam mu.

17 Wɔmfa wɔn ani nsi mmarato amumuyɛ a Amanaman mufoɔ no ayɛ atia beaeɛ kronkron no, ne ayakayakadeɛ a wɔde yɛɛ kuro a wɔdii ho fɛw no, na deɛ ɛka ho ne sɛ wɔtuu wɔn nananom kwan a wɔde bɔ wɔn no guiɛ.

18 Ɔkaa sɛ: Wɔn deɛ, wɔgye akodeɛ ne mmaninneɛ di, nanso yɛn deɛ yɛgye Otumfoɔ Nyankopɔn no di, ɔno a ɔbɔ ne ti nko baako a ɛkunkum wɔn a wɔreba yɛn soɔ no nyinaa, na mpo wiase nyinaa, sɛ ɛho ba hia.

19 Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn ɛberɛ bi a ɔbɛboaa wɔn nananom; sɛdeɛ Senakerib berɛ so, nnipa mpem ɔha ne aduɔwɔtwe wuiɛ,

20 ne ɔko a wɔne Galatifoɔ koeɛ wɔ Babel no, ɛberɛ a Yudafoɔ mpem nwɔtwe ne Makedoniafoɔ boom tuu ɔsa; nanso ɛberɛ a Makedoniafoɔ dii amia no, ɛmmoa a wɔnya firii ɔsoro no maa wɔtumi kumm Galatifoɔ mpem ɔha aduonu na wɔsesaa asadeɛ pii.

Yuda di Nikanor so nkonim

21 Wɔde saa nsɛm yi hyɛɛ wɔn ho nkuran na wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛwu ama mmara no ne ɔman no; na afei ɔkyekyɛɛ n’asraafoɔ no mu akuo nnan.

22 Ɔyiyii ne nuanom, Simon, Yosef ne Yonatan, na ɔmaa wɔn mu baako biara hwɛɛ ɔfa baako a ɛkura mmarima apem ne ahanum so.

23 Afei nso, ɔyii Eleasa sɛ ɔnkasa kɛse mfa nkenkan mfiri nwoma kronkron no mu, na ɔmaa wɔn kasa a wɔmfa nwɛn wɔn ho, “Onyankopɔn mmoa”; ɛnna ɔno ara ankasa dii nkyekyɛmu a ɛda kan no anim, na ɔne Nikanor kɔkoe.

24 Na Otumfoɔ no ka wɔn ho nti, wɔkumm atamfoɔ no bɛboro mpem nkron, na wɔpirapiraa Nikanor asraafoɔ no mu bebree na ebinom nso antumi annyina wɔn nan so bio, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔdwanee.

25 Wɔgyee wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛtɔ wɔn sɛ nkoa no sika firii wɔn nsam. Wɔtii wɔn ara kɔduruu akyiri baabi no, wɔsanee wɔn akyi ɛfiri sɛ na adeɛ resa.

26 Na ɛyɛ ɛda a ɛdi homeda anim, na ɛno nti na wɔankɔ so ara anti wɔn no.

27 Ɛberɛ a wɔgyegyee atamfoɔ no akodeɛ na wɔgyee wɔn nsam asadeɛ wieeɛ no, wɔdii homeda no, na wɔde ayeyie kɛseɛ ne aseda maa Awurade a wakora wɔn so ɛda no, na ɔde ama wɔn sɛ ɔde n’ahummɔborɔ rekyerɛ wɔn no.

28 Homeda no akyiri no, wɔde asadeɛ no bi maa wɔn a wɔyɛɛ wɔn ayakayakadeɛ no, akunafoɔ ne nnyanka, na wɔnkyɛ nkaeɛ no mma wɔn ho ne wɔn mma.

29 Ɛberɛ a wɔyɛɛ yei wieeɛ no, wɔbɔɔ mu koto srɛɛ Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunu sɛ ɔnka ɔne ne nkoa mmɔ mu.

Yuda di Timoteo ne Bakides so nkonim

30 Wɔn ne Timoteo ne Bakides akofoɔ de bɔɔ ani no, wɔkumm wɔn mu bɛboro mpem aduonu na wɔgyegyee abandenden a ɛwowɔ soro pa ara, na wɔkyɛɛ asadeɛ a ɛdɔɔso de maa wɔn a wɔyɛɛ wɔn ayakayakadeɛ no, nnyanka ne akunafoɔ, ne wɔn a wɔanyini wɔ mfeɛ mu no, na wɔkyɛ maa wɔn ho pɛpɛɛpɛ.

31 Wɔgyegyee atamfoɔ no akodeɛ, na wɔde kɔsiee yie papaapa wɔ mmeaeɛ bi a ɛho hia; na wɔde asadeɛ nkaeɛ no kɔɔ Yerusalem.

32 Wɔkumm Timoteo asraafoɔ safohene no, deɛ ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ pa ara no, ne obi a ɔteetee Yudafoɔ kɛseɛ no.

33 Ɛberɛ a wɔgu so redi ahurisie wɔ wɔn nkonimdie ho wɔ wɔn nananom kuro no mu no, wɔhyee wɔn a wɔde ogya hyee aponkɛseɛ kronkron no, Kalistenes ne afoforɔ bi a wɔka ne ho a wɔdwane kɔɔ efie ketewa bi mu; enti yeinom nyaa akatua a ɛfata ɛsiane wɔn mmusudeɛ nti.

34 Nikanor a wɔadome no mprɛnsa a ɔde adwadifoɔ apem aba sɛ wɔmmɛtɔ Yudafoɔ no,

35 na Awurade boaa wɔn a wɔyɛ n’atamfoɔ no maa wɔbrɛɛ no ase wieeɛ no, ɔworɔɔ n’atadeɛ fɛfɛ no, na ɔno nko ara dwanee sɛ ɔdɔnkɔni a ɔredwane afa ɔman mu kɔsi sɛ ɔbɛduru Antiokia, ɛberɛ a n’adeɛ titire a ɔtumi yɛeɛ ara ne sɛ ɔsɛee n’asraafoɔ no!

36 Saa nti, onipa a ɔgye too ne ho so sɛ ɔbɛkyere nnipa a wɔwɔ Yerusalem akɔtua ɛtoɔ ama Romafoɔ no, ɔno ara pae mu kaa sɛ Yudafoɔ no wɔ Bammɔfoɔ, na ɛno nti Yudafoɔ nyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛ, ɛfiri sɛ wɔdi mmara a wahyehyɛ ama wɔn no so.

2 Makabee 9

Antiokus Epifanes satuo a ɛtwa toɔ

1 Saa berɛ no mu, sɛdeɛ ɛsiiɛ no, na Antiokus resan n’akyi afiri Persia mantam mu wɔ sakasakayɛ mu.

2 Ɔhyɛnee kuro bi a wɔfrɛ hɔ Persepolis na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛwia abosonnan no mu nnoɔma na wadi kuro no so. Enti nnipa no de akodeɛ pu bae bɛsii no kwan na Antiokus ne n’asraafoɔ no dii nkoguo. Deɛ ɛbae ne sɛ, kuro no mufoɔ maa Antiokus dwanee na ɔsanee n’akyi animguaseɛ mu.

3 Ɛberɛ a na ɔwɔ Ekbatana no, wɔbɛkaa asɛm a ato Nikanor ne Timoteo asraafoɔ no.

4 Abufuo a ɔnyae nti, ɔfaa adwene bi sɛ bɔne a nnipa binom yɛɛ wɔn maa wɔdwaneɛ no, wɔbɛdane aba Yudafoɔ no so; ɛno nti ɔhyɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ ɔnkɔ ara na ma ɔnnyina kɔsi sɛ ɔbɛwie akwantuo no. Nanso na ɔsoro atemmuo ne no na ɛnam! Ɛfiri sɛ n’ahantan mu no, ɔkaa sɛ: Sɛ meduru Yerusalem a, mɛyɛ hɔ amusiebea.

5 Nanso Awurade a ɔyɛ ɔhuntahunu no, Israel Nyankopɔn no de akuturuku bi a wɔnhu na ɛnni aduro na ɛbɛbɔ no. Ɛberɛ a ɔkasa wieeɛ ara pɛ na yafunukeka bi a ɛnni aduro sɔɔ ne mu, na ne mu dwanee no pa ara,

6 na na ɛfata, ɛfiri sɛ, na wayɛ nnipa bebree ayakayakadeɛ a wɔnhunuu bi pɛn.

7 Nanso wannyae n’ani a na ɛnsɔ adeɛ no, na mmom ahantan kɔɔ so ara hyɛɛ no ma, na n’abufuo dɛree wɔ Yudafoɔ no so a ɔhyɛɛ sɛ wɔntu mmirika. Na ɛbaa sɛ, ɔrepere adwane no, ɔfirii ne teaseɛnam no mu hwee fam, na na ahweaseɛ no so sɛ ɛteetee ne nipadua akwaa mu biara.

8 Na saa na onipa a na ɛnkyɛree koraa ɔdwenee wɔ ne nipayɛ sononko ahantan mu sɛ ɔbɛtumi ahyɛ ɛpo asorɔkye, na ɔsusuu sɛ ɔbɛtumi akari mmepɔ atenten wɔ nsaniakwanmu mu no, wɔbrɛɛ no ase wɔ asase so na wɔsoaa no wɔ sumina so, na ɛmaa Onyankopɔn tumi daa adi maa nnipa nyinaa hunui.

9 Na saa ara na nsamaa fɔree onipa a ɔnni nyamesuro no nipadua, na ɔda so te ase wɔ ahohiahia ne yea mu, ne honam porɔe, na ɛsiane bɔn a na ɛbɔne nti, asraafoɔ no nyinaa bo fonoo wɔn.

10 Ɔbɔnee ara na obiara ntumi nnyina ano na wɔantumi amma onipa a na ɛnkyɛre koraa ɔsusuu sɛ ɔbɛtumi atene ne nsa asɔ nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu.

11 Enti ɛbaa sɛ ne honhom botoe, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔregyae n’ahantan no bebree, na n’adwene baa deɛ na Onyankopɔn de retea no no so, na ne ho dwanee no ɛberɛ biara.

12 Na ɛberɛ a na ɔno ara ankasa ntumi nnyina ne bɔn ano no, ɔkaa nsɛm yi sɛ: Ɛyɛ sɛ wode wo ho bɛhyɛ Onyankopɔn ase; na ɛnsɛ sɛ nnipa dwene sɛ wɔn ne Onyankopɔn yɛ pɛ.

Antiokus hyɛ Onyankopɔn bɔ

13 Ɛnna afei akyiwadeni no hyɛɛ Awurade a afei deɛ ɔnhunu no mmɔbɔ no sɛ,

14 kuro kronkron a na anka ɔrepɛ ntɛm akɔdwiri aguo adane no amusieeɛ no, afei deɛ ɔde wɔn ho kyɛ wɔn;

15 na Yudafoɔ no nso a na anka wabu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔsie wɔn, na mmom ɔbɛto wɔn ne wɔn mma atwene ama wiram mmoa ne wiem nnomaa adi wɔn nam no, afei ɔbɛyɛ wɔn nyinaa sɛ nnipa a wɔtete Atene no ara;

16 na kronkronbea a ɔfomm emu nnoɔma no, ɔde afɔrebɔ nnoɔma a ɛyɛ fɛ bɛsiesie hɔ; na wasane de akronkron nnoɔma no nyinaa asane aba mmɔho mmɔho; na ɛka biara a wɔbɛbɔ wɔ afɔdeɛ no ho no, ɔbɛfiri n’ankasa ne sika a ɔnya no mu bɛtua;

17 na deɛ ɔbɛyɛ aka yeinom ho ne sɛ, ɔbɛdane ayɛ Yudani na wakɔ baabiara a nnipa wɔ akɔka Onyankopɔn tumi no wɔ hɔ.

18 Na n’ahohiahia no ammrɛ ase ɔkwan biara so, ɛfiri sɛ na Onyankopɔn atemmuo na aba ne so sɛdeɛ ɛfata, n’anidasoɔ nyinaa sae na ɔtwerɛɛ krataa a ɛwɔ odima su kɔmaa Yudafoɔ no. Na emu nsɛm nie:

Antiokus krataa ne ne wuo

19 Ɔde kɔma n’amanimfoɔ Yudafoɔ a wɔfata, wɔn hene Antiokus ne asafohene de nkyea a ɛfiri akoma mu ne adwempa hwehwɛ wɔn apɔmuden ne wɔn yiedie.

20 Sɛ mo ne mo mma ho yɛ na sɛ nnoɔma rekɔ so yie ma mo sɛdeɛ mopɛ a, m’ani agye. Sɛdeɛ m’anidasoɔ wɔ ɔsoro no,

21 mede ɔdɔ kae mo anidie ne adɔeɛ. Mefiri Persia mantam mu resan akorɔ no, yadeɛ bi bɛbɔɔ me, na mahu hia a ɛhia sɛ mɛdwene obiara banbɔ ho.

22 M’akoma ntu wɔ me tebea yi mu, ɛfiri sɛ mewɔ anidasoɔ pa sɛ me ho bɛtɔ me,

23 na mmom mehyɛɛ no nso sɛ, m’agya, wɔ ɛberɛ a ɔtuu kwan kɔɔ atifi man mu no, ɔyii n’ananmuhyɛni,

24 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ mpofirim biribi siiɛ anaasɛ asɛmmɔne bi baeɛ a, anka hwee renhia nnipa a wɔwɔ amantam hɔ no, ɛfiri wɔbɛhu deɛ wɔde amammuo no ahyɛ ne nsa.

25 Afei nso, mete aseɛ sɛdeɛ ahemfo a wɔwɔ ahyeɛ so ne wɔn a wɔbenbɛn m’ahennie no kɔ so ara hwehwɛ kwan na wɔretwɛn ahwɛ deɛ ɛbɛsie. Saa nti, mayi me ba Antiokus sɛ ɔmmɛyɛ ɔhene, na ɔno na mpɛn pii no mede mo mu bebree ahyɛ ne nsa ɛberɛ a mepɛɛ ntɛm kɔɔ atifi amantam mu no; na deɛ ɛwɔ ha yi, matwerɛ akɔma no nso.

26 Saa nti, metu mo fo, na mesrɛ mo sɛ mone me ba no nni no yie.

27 Na megye di sɛ ɔbɛdi me nhyehyɛɛ so, na ɔne mo adi no bɔkɔɔ ne ayamyie so.

28 Enti, owudini ne obusuyɛni no faa ahodwan yayaaya mu no, te sɛ deɛ ɔde ayɛ afoforɔ no, ne nkwa baa awieeɛ mmɔbɔ mmɔbɔ kwan so wɔ mmepɔ mu wɔ ananafoɔ asase so.

29 Na Filipo a ɔyɛ n’ahenkwaa no mu baako no faa n’amu no kɔɔ fie; na afei, na ɔsuro Antiokus ba no, enti ɔtwee ne ho kɔbataa Ptoleme Filometor wɔ Misraim.

2 Makabee 10

Wɔte Asɔredan no ho

1 Afei Makabeus ne n’akyidifoɔ no, Awurade dii wɔn anim gyee asɔredan no ne kuro no;

2 wɔbubuu afɔrebukyia a ananafoɔ no asisi wɔ badwa petee mu no, na wɔsan nso sɛee wɔn akronkronbea no.

3 Wɔtee kronkronbea no ho; afei, wɔde twerɛboɔ paa gya bɔɔ afɔdeɛ wɔ mfeɛ mmienu a atwam no akyi, na wɔbɔɔ aduhwam afɔdeɛ na wɔsosɔɔ akanea na wɔde Kyerɛ paanoo no sisii hɔ.

4 Ɛberɛ a wɔwiee yei no, wɔbutubutuu fam na wɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔmmma mmusudeɛ a ɛte saa nnto wɔn bio, na mmom sɛ wɔfom bio a, ɔmfa boasetɔ ntwe wɔn aso sene sɛ ɔde wɔn bɛhyɛ abusuyɛfoɔ ne awudifoɔ aman nsa.

5 Ɛbaa sɛ, ɛda no ara a wɔtee kronkronbea a na ananafoɔ agu ho fi no, ɛno ara mu na wɔtee kronkronbea no ho, a ɛyɛ bosome Kislew ne da a ɛtɔ so aduonu nnum mu.

6 Na wɔde ahurisie hyɛɛ ho fa nna nwɔtwe sɛ deɛ wɔyɛ no wɔ asese afahyɛ mu, na wɔde kae ɛberɛ a ɛnkyɛreɛ, na ɛduru asese afahyɛ a wɔnenam mmepɔ ne abodan mu sɛ wiram mmoadoma.

7 Ɛno nti wɔkurakura nnubaa ne nnubaa fɛfɛ ne ɛberɛ, wɔtoo aseda nnwom maa deɛ wamma wɔn nkonimdie wɔ n’ankasa ne kronkronbea no ho dwira no.

8 Wɔnam ɔman mmara so hyehyɛ too hɔ, na wɔtoo so aba gye tomm sɛ, ɛsɛ sɛ Yuda man mu no nyinaa hyɛ saa nna yi ho fa afe biara.

9 Na saa na Antiokus a wɔfrɛ no Epifanes no ɛwiee no.

Antiokus Eupator ahennie mfitiaseɛ

10 Afei yɛbɛka deɛ ɛsiiɛ wɔ Antiokus Eupator a na ɔyɛ onipa a ɔnni nyamesuro no ba no berɛ so, na yɛaka ɔko mu atoyerɛnkyɛm atitire no na yɛaka no tiawa.

11 Saa onipa yi, ɛberɛ a ɔbɛdii adeɛ wɔ ahemman no mu no, ɔyii Lisias de amammuo hyɛɛ no nsa na ɔde no yɛɛ amrado otitire wɔ Koelesiria ne Foenike so.

12 Ptoleme a na wɔfrɛ no Makron no na ɔdii kan yii atɛntenenee adi kyerɛɛ Yudafoɔ no, ɛsiane bɔne a na wɔde adi wɔn no, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne wɔn bɛtena asomdwoeɛ mu.

13 Saa nti ɔhene Nnamfonom de soboɔ bɔɔ no wɔ Eupator anim. Ɔno ara ankasa tee sɛ wɔrefrɛ no ɔmanbɔeɛni wɔ baabiara a ɔbɛfa, ɛfiri sɛ na wagya Kipro, faako a na Filometor de hɔ ahyɛ ne nsa no hɔ, na wakɔ de ne ho akɔbɔ Antiokus Epifanes. Ɛberɛ a na wɔmmu no wɔ ne dibea ho no, ɔkaa n’ano aduro, na ɔwui.

Idumea satuo

14 Ɛberɛ a Gorgias bɛyɛɛ amrado wɔ mantam no mu no, ɔfaa asraafoɔ apaafoɔ, na baabiara a ɔfaeɛ no, ɔne Yudafoɔ no dii ako.

15 Yei da nkyɛn a, Idumeafoɔ a na wɔhwɛ abandenden atitire so no, na wɔreha Yudafoɔ no; wɔgyee wɔn a wɔtwaa wɔn asu firii Yerusalem no, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ara ako.

16 Nanso Makabeus ne n’akofoɔ no, ɛberɛ a wɔwiee nkotosrɛ kronkron na ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnko ma wɔn no, wɔbɔ wuraa Idumeafoɔ abandenden no mu.

17 Wɔn ne wɔn de bɔɔ ani dendeenden, na wɔgyee mmeaeɛ hɔ faeɛ, na wɔkaa wɔn a wɔko firii fasuo no soɔ, na wɔkunkumm wɔn a wɔn ne wɔn koeɛ no nyinaa, wɔkumm nnipa bɛyɛ mpem aduonu.

18 Ɛberɛ a nnipa bɛyɛ mpem nkron dwane kɔhuntaa abandenden mmienu a wɔahyehyɛ akodeɛ wɔ mu, sɛdeɛ ɛbɛtumi asi agyina ntua biara ano.

19 Makabeus gyaa Simon ne Yosef, ne Sakeo ne n’akofoɔ no, ɛdɔm a wɔdɔɔso ara yie sɛ wɔbɛtumi atua wɔn; na n’ankasa siim kɔɔ mmeaeɛ a na wɔhia no papaapa.

20 Nanso wɔn a na wɔka Simon ho no, na wɔn mu binom yɛ sikanibereɛfoɔ, na wɔgyee adanmudeɛ firii wɔn a na wɔwɔ abantenten mu no binom hɔ, na wɔgyee nnwetɛbena mpem nson no, wɔmaa wɔfiri kɔe.

21 Ɛberɛ a saa asɛm yi duruu Makabeus nkyɛn no, ɔboaboaa ɔman no mu akannifoɔ no ano, na ɔbɔɔ nnipa yeinom soboɔ sɛ wɔatontɔn wɔn nuanom agye sika, na wɔagyaa wɔn atamfoɔ sɛ wɔmmɛko ntia wɔn.

22 Afei ɔkunkumm saa nnipa yi a wɔadane amammɔyɛfoɔ no, na ntɛm ara na wɔgyee abantenten no.

23 Ɔnyaa nkonimdie wɔ akodeɛ wɔ biribiara a ɔyɛeɛ mu, ɔsɛee nnipa bɛboro mpem aduonu wɔ abandenden mmienu no mu.

Yuda di Timoteo so nkonim

24 Afei Timoteo a na wadi ntwo wɔ Yudafoɔ anim pɛn no, ɔboaboaa asraafoɔ apaafoɔ akofoɔ na ɔkɔgyee apɔnkɔsotefoɔ firii Asia a na ɛnyɛ ɛdɔm ketewa. Ɔbaeɛ, na na n’adwene a wafa ne sɛ ɔrebɛtwi afa Yudea so.

25 Ɛberɛ a ɔrebɛn no, Makabeus ne ne nkurɔfoɔ totoo mfuturo guguu wɔn tirim na wɔfirafiraa ayitoma de yɛɛ nkotosrɛ wɔ Onyankopɔn anim.

26 Wɔtwitwa hwehwee afɔrebukyia no anim atwedeɛ no so, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ na ɔmma wɔn atamfoɔ nyɛ n’atamfo, wɔn akyifoɔ nyɛ n’akyifoɔ, sɛdeɛ mmara no ka no.

27 Na wɔsɔre firii wɔn mpaebɔ mu no, wɔfaa wɔn akodeɛ na wɔfirii kuro no mu na wɔtwaa kwan kɔɔ anim ara yie; na ɛberɛ a wɔbɛnee ɔtamfo no, wɔgyinae.

28 Na ɛberɛ a na anim retete no, asraafoɔ mmienu no de bɔɔ ani, ɔbaako wɔ yieyɛ anohoba na nkonimdie nyɛ deɛ ɛfiri wɔn ahoɔden mu, na mmom wɔn awerɛhyɛmu a ɛwɔ Awurade mu no ntira.

29 Na ɛberɛ a ɔko no mu yɛɛ den no, mmarima baanum bi a wɔhyerɛn a wɔtete apɔnkɔ a ahoma a ɛsosɔ wɔn ano no yɛ sika, na wɔn na wɔdi Yudafoɔ no anim, wɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ ɔtamfo no.

30 Wɔn mu baanu afa Makabeus ahyɛ wɔn ntam, na wɔde wɔn ankasa akotadeɛ ne akodeɛ na akata ne ho, na wɔkoraa no sɛ wɔmpira no. Wɔtotoo agyan ne asraman guu ɔtamfo no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn adwenem bɛyɛ wɔn basaa na wɔn ani afira. Wɔbɔɔ wɔn peteeɛ na wɔtwitwaa wɔn mu asinasini.

31 Wɔkunkumm wɔn mu nnipa mpem aduonu kaa apɔnkɔsotefoɔ ahansia ho.

32 Timoteo ankasa dwane kɔɔ abandenden a wɔfrɛ no Gasara no mu, na abansifoɔ wɔ hɔ a wɔrebɔ ho ban yie, na Kaereas ne wɔn asafohene.

33 Yei maa Makabeus ne ne mmarima no ani gyee, na wɔtuaa abandenden no nnanan.

34 Nnipa a na wɔwɔ mu no, de wɔn ho too beaeɛ hɔ no den a ɛyɛ no so na wɔkɔɔ so ara kaa abususɛm a ɛnyɛ koraa ne abususɛm guu Yudafoɔ no so.

35 Nanso ɛda a ɛtɔ so nnum ahemadakye no, Makabeus asraafoɔ no mu aduonu bo fui ɛsiane abususɛm no nti, wɔde akokoɔduro bɔ wuraa abandenden no mu, na wɔde abufuhyeɛ kumm obiara a wɔbɛhyia no.

36 Afoforɔ bi nso a wɔfaa saa kwan yi ara so twaa wɔn ho kɔɔ banbɔfoɔ no so na wɔde ogya too abantenten no mu; wɔkuakuaa ogya no na wɔhyee abususɛnkafoɔ no animono so. Afoforɔ nso buu aponkɛseɛ no na wɔmaa akofoɔ nkaeɛ no hyɛnee mu, na wɔkɔfaa kuro no.

37 Wɔkumm Timoteo a na wakɔsuma abura bi mu, ne ne nua Kaereas ne Apolofanes.

38 Ɛberɛ a wɔyɛɛ nnoɔma yi wieeɛ no, wɔde nnwom ne aseda hyiraa Awurade a wayi adɔeɛ kɛseɛ adi akyerɛ Israel na wama wɔn nkonimdie no.

2 Makabee 11

Yuda Makabeus di Lisias so nkonim

1 Yei akyi no, ankyɛre biara na Lisias a ɔyɛ ɔhene hwɛfoɔ ne ne busuani no, ɔno ne deɛ na amammuo hyɛ ne nsa no, ne bu fui ɛsiane deɛ na asie no nti,

2 ɔboaboaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu bɛyɛ mpem nwɔtwe ne n’apɔnkɔsotefoɔ nyinaa ano de kɔɔ Yudafoɔ no so. Adwene a ɔnyaeɛ ne sɛ ɔbɛma kuro no ayɛ Helafoɔ kuro,

3 na wagye ɛtoɔ wɔ asɔredan no mu sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ akronkron mmeaeɛ wɔ aman afoforɔ soɔ no, na watɔn ɔsɔfo panin dibea no afe biara.

4 Wammu Onyankopɔn tumi no, na mmom n’ani gyee mmorosoɔ wɔ n’asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem nwɔtwe, ne n’apɔnkɔsotefoɔ apem, ne asono aduɔwɔtwe a ɔwɔ no ho.

5 Ɔretua Yudea no, ɔbɛnee Bet-sur, a ɛyɛ beaeɛ a wɔabɔ ho ban na ɛbɛyɛ agoprama bɛyɛ nnum a wɔaka abom firi Yerusalem, na ɔtuaa no dendeenden.

6 Ɛberɛ a Makabeus ne ne mmarima no tee sɛ Lisias retua abandenden no, wɔn ne nkurɔfoɔ no nyinaa, de adwotwa ne nisuo bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ ɔnsoma ɔbɔfoɔ pa ma ɔmmɛgye Israel.

7 Makabeus no ara ankasa ne deɛ ɔdii kan miaeɛ, na ɔhyɛɛ afoforɔ no nkuran sɛ wɔn ne no mfa wɔn nkwa nto hɔ mfa mmoa wɔn nuanom no.

8 Na ɛberɛ a wɔda so wɔ hɔ a wɔbɛn Yerusalem no, ɔpɔnkɔsoteni bi pue firii wɔn anim a ɔhyɛ atadeɛ fitaa na ɔnyinamnyinam sika akodeɛ.

9 Na wɔn nyinaa boom yii mmɔborɔhunu Nyankopɔn no ayɛ, na wɔhyɛɛ wɔn akoma den, wɔyɛɛ krado sɛ ɛnyɛ nnipa nko ara na wɔretua wɔn na mmom mmoa aniɛdenfoɔ ne afasuo a wɔde dadeɛ ayɛ nyinaa.

10 Wɔtu tenee wɔ ɔko nhyehyɛɛ mu, na wɔwɔ wɔn ɔsoro boafoɔ, ɛfiri sɛ Awurade hunuu wɔn mmɔbɔ.

11 Wɔtotoo wɔn ho sɛ agyata guu ɔtamfo no so, na wɔkunkum nnipa mpem dubaako ne apɔnkɔsotefoɔ apem ahansia, na wɔhyɛɛ nkaeɛ maa wɔdwaneeɛ.

12 Wɔn mu bebree de adagya ne apira dwaneeɛ, na Lisias ankasa ne animguaseɛ dwanee.

Lisias ne Yudafoɔ no nya asomdwoeɛ

13 Na ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔbadwemma nti, ɔdwenee nkoguo a na abɛto no no, na ɔhunuu sɛ Hebrifoɔ no yɛ nnipa a wɔntumi nni wɔn soɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ no ko maa wɔn ntira. Enti ɔsoma kɔɔ wɔn nkyɛn

14 na ɔne wɔn kɔkasaa sɛ wɔmma wɔnsiesie biribiara wɔ abodwoeɛ mu, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔne ɔhene bɛkasa, na wahyɛ no ara ama wabɛyɛ wɔn adamfo.

15 Makabeus repɛ biribiara yie nti, ɔpenee deɛ Lisias kaeɛ no nyinaa so. Ɛfiri sɛ ɔhene de biribiara a Makabeus twerɛ de faa Lisias so srɛ maa Yudafoɔ no maeɛ.

16 Krataa a Lisias twerɛ kɔmaa Yudafoɔ no, na emu nsɛm nie:

17 Lisias twerɛ de kɔma Yudafoɔ man, mekyea mo.

18 Mabɔ ɔhene amanneɛ wɔ biribiara a ɛsɛ sɛ mede kɔ n’anim, na wapene biribiara a ɔyɛ a ɛbɛyɛ yie nyinaa so.

19 Sɛ mobɛma mo adɔeɛ a moyɛ ma aban no atena hɔ deɛ a, ɛnneɛ mɛbɔ mmɔden apere ama mo yiedie daakye.

20 Na ɛfa saa nsɛm yi ne deɛ ɛwɔ mu no nyinaa no, mahyɛ saa nnipa yi ne wɔn a wɔsi me ananmu sɛ wɔne mo nnwenwene ho.

21 Makra mo. Dioskorintius a ɔtɔ so aduonu nnan, afe a ɛtɔ so ɔha aduanan nwɔtwe mu.

22 Ɔhene krataa no ka sɛ:

Ɔhene Antiokus twerɛ de kɔma ne nua Lisias, mekyea wo.

23 Afei a yɛn agya ati nananom abosom yi, yɛmpɛ sɛ ahemman no mu nnipa bɛteetee wɔ wɔn nsɛm ntotoeɛ ho.

24 Yɛate sɛ Yudafoɔ no mpene yɛn agya nsesaeɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsesa wɔn kɔ Helafoɔ amanneɛ mu no so, na mmom wɔpɛ wɔn ara ankasa wɔn amanneɛ kwan a wɔde tena aseɛ, na wɔsrɛ wɔmma wɔn kwan saa.

25 Saa ara nti, ɛsiane sɛ yɛpɛ sɛ ɔman yi nso nya ahotɔ nti, yɛafa adwene sɛ, yɛde wɔn asɔredan no bɛsan ama wɔn na wɔatena sɛdeɛ wɔn nananom amanneɛ teɛ no.

26 Yei nti, ɛbɛyɛ ama wo sɛ wobɛsoma akɔka akyerɛ wɔn na fa ayɔnkofa anohoba ma wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhu yɛn nhyehyɛɛ na wɔn ani agye, na wɔn akoma atɔ wɔn yam sɛdeɛ wɔn ara bɛbɔ wɔn bra.

27 Nsɛm a krataa a ɔhene de kɔmaa ɔman no seɛ nie:

Ɔhene Antiokus twerɛ de kɔma Yudafoɔ mmarahyɛbadwa ne Yudafoɔ nkaeɛ no, mekyea mo.

28 Sɛ mo ho yɛ a, na deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no. Yɛn nso yɛn ho yɛ.

29 Menelaus abɔ yɛn amanneɛ sɛ, mopɛ sɛ mosan kɔ mo nkyi na mokɔbɔ mo ara mo bra.

30 Saa nti wɔn a wɔbɛkɔ fie wɔ Kantikus afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu no, wɔbɛyɛ yɛn ayɔnkofa na akwanma ho bɔhyɛ

31 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Yudafoɔ bɛdi wɔn ara wɔn aduane ne wɔn mmara so, sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na wɔn mu biara nni hɔ a wɔbɛha no wɔ ɔkwan biara so wɔ biribiara a wɔmmoapa fom yɛeɛ no.

32 Na masoma Menelaus nso sɛ ɔmmɛhyɛ mo nkuran.

33 Yɛakra mo. Kantikus a ɔtɔ so dunum, afe a ɛtɔ so ɔha aduanan nwɔtwe.

34 Romafoɔ no nso soma de krataa kɔeɛ a emu nsɛm ka sɛ:

Kuintus Memmius ne Titus Manius a wɔyɛ Romafoɔ abɔfoɔ no twerɛ de kɔma Yudafoɔ man no, yɛkyea mo.

35 Na ɛfa deɛ Lisias a ɔyɛ ɔhene busuani no de ama wo no, yɛn nso yɛfoa so.

36 Nanso ɛfa nsɛm a ɔsii agyinaeɛ no, wɔde bɛkɔ akɔto ɔhene anim, ɛberɛ a wobɛdwene ho awie ara pɛ, tu obi na ɔmmra ntɛm ara sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛtumi asusu deɛ ɛfata ama wo. Ɛfiri sɛ yɛnam kwan so rekɔ Antiokia.

37 Saa nti yɛ no ntɛm soma abɔfoɔ na wɔmfa w’atemmuo mmrɛ wo.

38 Yɛakra mo. Kantikus a ɔtɔ so dunum, afe a ɛtɔ so ɔha aduanan nwɔtwe.

2 Makabee 12

Nsɛm a ɛsisiiɛ wɔ Yopa ne Yamnia

1 Ɛberɛ a wɔyɛɛ saa nhyehyɛɛ yi wieeɛ no, Lisias san kɔɔ ɔhene hɔ, na Yudafoɔ no kɔ kɔyɛɛ wɔn kua.

2 Nanso amradofoɔ binom a wɔwɔ mmeaeɛ, Timoteo ne Genaeus ba Apolonius, ne Hieronimus ne Demofon, na deɛ ɔka yeinom ho ne Nikanor a ɔyɛ amrado wɔ Kipro no, yɛɛ sɛ wɔmmma Yudafoɔ no ntena ase kommyɛ ne asomdwoeɛ mu.

3 Na nnipa a wɔwɔ Yopa no yɛɛ nnoɔma bi a ɛnyɛ nyamesuro sɛ yei; wɔtoo wɔn nsa frɛɛ Yudafoɔ a na wɔtete wɔn mu no ne wɔn yerenom ne wɔn mma sɛ wɔmmɛtena akodoɔ bi mu a wɔde aba, nneyɛɛ a wɔyɛ kyerɛɛ sɛ wɔnni adwemmɔne biara fa Yudafoɔ no ho;

4 na wɔtoo aba wɔ ɔman no mu de yɛɛ yei. Ɛberɛ a wɔgye tomm no, ɛsiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔtena ase asomdwoeɛ mu nti, nnipa a wɔwɔ Yopa no faa wɔn kɔe ɛpo mu, na wɔyiyii wɔn guu ɛpo no mu, nnipa bɛyɛ ahanu.

5 Ɛberɛ a Yuda tee sɛ wɔayɛ nyamebrasɛm a wɔayɛ atia ne kuromfoɔ no,

6 ɔfrɛɛ Onyankopɔn, ɔtemmufoɔ tenenee no, na ɔhyɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ motua ɔnuanom awudifoɔ no. Anadwo no, ɔtoo ɛhyɛn gyinabea mu gya de hyee akodoɔ no, na ɔkunkumm wɔn a wɔadwane akɔhunta hɔ no.

7 Afei, ɛsiane sɛ na wɔatoto kuro no aponkɛseɛ no mu nti, ɔtwe sanee, na ɔbɔɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛsane aba bio, na wabɛtɔre Yopa kuro mu no nyinaa ase.

8 Nanso ɔtee sɛ nnipa a wɔwɔ Yamnia nso rehwehwɛ afa saa kwan yi ara so de atɔre Yudafoɔ a wɔn ne wɔn teɛ no ase afiri hɔ no,

9 ɔtuaa Yamniafoɔ anadwo na ɔde ogya too ɛhyɛn gyinabea hɔ ne ahyɛn a ɛwɔ hɔ no mu hyeeɛ, na gya no hrann maa wɔhunuu no wɔ Yerusalem, ɛbɛyɛ kwansini aduasa kwan.

Ɔtu sa wɔ Gilead

10 Ɛberɛ a wɔfiri hɔ kɔɔ wɔn anim bɛboro kwansini baako sɛ wɔrekɔtua Timoteo no, na Arabfoɔ bɛboro mpem nnum a wɔwɔ apɔnkɔsotefoɔ ahanum a wɔtua wɔn.

11 Na wɔkoo ɔko denden wieeɛ no, Onyankopɔn boaa Yuda ne n’ayɔnkofoɔ, na wɔdii nkonim. Na nnipa a wɔntena faako no a wɔadi nkoguo no srɛɛ Yuda sɛ ɔmma wɔn ayɔnkoyɛ anohoba, na wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛma no anantwie na wɔaboa ne nkurɔfoɔ akwan afoforɔ nyinaa mu.

12 Yuda hunuu sɛ wɔn so bɛba mfasoɔ wɔ akwan ahodoɔ so, enti ɔpenee so sɛ ɔne wɔn bɛtena asomdwoeɛ mu; na ɛberɛ a wɔgyee n’anohoba ahodoɔ wieeɛ no, wɔsan kokɔɔ wɔn ntomadan mu.

13 Ɔsan nso kɔɔ kuro bi a na wɔde sumpi ne afasuo abɔ ho ban dendeenden, na Amanaman mufoɔ ahodoɔ tete mu. Na ne din ne Kaspin.

14 Na wɔn a na wɔwɔ mu no, ɛsiane sɛ na wɔde wɔn ho ato afasuo no ahoɔden ne aduane a wɔnya no nti, wɔtwaa Yuda ne ne mmarima no adapaa, wɔsii wɔn atwetweɛ na wɔkekaa abususɛm ne nsɛm a ɛho nteɛ kyerɛɛ wɔn.

15 Nanso Yuda ne ne dɔm no frɛɛ wiase Hene kɛseɛ no, ɔno a ɔmfa akodeɛ anaasɛ akodeɛ a wɔde bubu afasuo na ɔdwirii Yeriko wɔ Yosua berɛ so, ɔde anibereɛ to hyɛɛ afasuo no so.

16 Ɛyɛɛ Onyankopɔn pɛ maa wɔfaa kuro no, na wɔkunkumm nnipa akra a wɔn dodoɔ nni ano, a mpo ɔtadeɛ bi a ɛbɛn hɔ no, ne tɛtrɛtɛ mu yɛ kwansini baako nkyɛ mu nnan, danee mogya a ɛretene.

Yuda di Timoteo asraafoɔ so nkonim

17 Ɛberɛ a wɔfiri hɔ twaa kwan kwansini aduɔkron nnum no, wɔbɛduruu Karas, na wɔkɔɔ Yudafoɔ bi a wɔfrɛ wɔn Toubiani.

18 Wɔanhunu Timoteo wɔ saa mantam mu hɔ, ɛfiri sɛ, saa berɛ no, na wafiri hɔ kɔ wɔ berɛ ko a wanyɛ biribiara wɔ hɔ, ɛwom sɛ beaeɛ foforɔ bi deɛ na wagya abansifoɔ a wɔyɛ den wɔ hɔ.

19 Dositeus ne Sosipater a wɔyɛ Makabeus asafohene no siim kɔe kɔkunkumm wɔn a Timoteo agya wɔn wɔ abandenden mu hɔ no, na wɔboro mmarima mpem du.

20 Nanso Makabeus hyehyɛɛ n’asraafoɔ no akuakuo, na ɔde mmarima sisii ekuo biara ano, na ɔyɛɛ ntɛm tii Timoteo, a na ɔwɔ asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem aduonu ne apɔnkɔsotefoɔ ɔpenu ne ahanum.

21 Ɛberɛ a Timoteo tee sɛ Yuda reba no, ɔsomaa mmaa ne nkwadaa na afei nso nnesoa kɔɔ beaeɛ bi a wɔfrɛ hɔ Karnaim; ɛfiri sɛ, saa beaeɛ hɔ yɛ baabi a ɛyɛ den pa ara sɛ wɔtua, na ɛyɛ den sɛ wɔnya kwan kɔ hɔ, ɛsiane akwan hiahiaa a wɔde kɔ hɔ no.

22 Nanso ɛberɛ a Yuda ne dɔm a ɛdi kan no baeɛ no, ehu ne suro tɔɔ ɔtamfoɔ no so, ɛnam deɛ ɔhu nnoɔma nyinaa no yii no adi kyerɛɛ wɔn no nti. Wɔredwane no wɔde wɔn ti pempemee maa wɔn ankasa wɔpirapiraa wɔn ho, na wɔn nkrantɛ ano wowɔɔ wɔn.

23 Na Yuda kɔɔ so ara tii wɔn dendeenden, na ɔmaa nnebɔneyɛfoɔ no totɔɔ nkrantɛ ano, na ɔkumm nnipa mpem aduasa.

24 Timoteo ankasa kɔtɔɔ Dositeus ne Sosipater ne wɔn mmarima nsam. Ɔtwaa wɔn nkontompo kɛseɛ de srɛɛ wɔn sɛ wɔmma no kwan ma ɔnkɔ, ɛfiri sɛ wakye wɔn mu bebree awofoɔ, ne ebinom nso nuanom, a wɔrennyae wɔn koraa.

25 Na ɛberɛ a ɔkasaa pii de sii ne bɔhyɛ a nokorɛdie wɔ mu so dua no, wɔmaa no kwan kɔe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nuanom nkwa.

Yuda nkonimdie afoforɔ

26 Afei Yuda siim kɔɔ Karmaim ne Atargatis abosonnan no so, na wɔkumm nnipa mpem aduonu nnum.

27 Ɔtwaa yeinom gui na ɔsɛe wɔn wieeɛ no, ɔsiim kɔɔ Efron so, kuro a wɔabɔ ho ban a Lisias nnipa dɔm a wɔfifiri aman ahodoɔ so teɛ hɔ. Mmeranteɛ agramo gyinagyinaa afasuo no anim na wɔbɔɔ ho ban dendeenden; na akodeɛ a wɔde bu afasuo bebree ne aprɛmoboba pii wɔ hɔ.

28 Nanso Yudafoɔ no frɛɛ Opunpuni a ɔde tumi hwete atamfoɔ ahoɔden, na wɔn nsa kaa kuro no, na wɔkunkumm nnipa bɛyɛ mpem aduonu nnum wɔ wɔn a na wɔaka wɔ mu no.

29 Wɔfirii hɔ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Seketopolis a wofiri Yerusalem rekorɔ bɛyɛ kwansini aduɔson nnum.

30 Nanso ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔte hɔ no dii adanseɛ wɔ adwempa a Seketopolisfoɔ wɔ fa wɔn ho, ne mmoa a wɔde ma wɔn wɔ ahohia berɛ mu,

31 wɔdaa wɔn ase, na wɔtuu wɔn fo sɛ wɔne wɔn ntena yie wɔ mmerɛ a ɛbɛba no nso. Afei wɔkɔɔ Yerusalem, ɛberɛ a na adapɛn afahyɛ no rebɛn no.

Yuda di Gorgias

32 Wɔdii Pentekoste afahyɛ wieeɛ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Gorgias a ɔyɛ amrado wɔ Idumea no so,

33 ɔno na ɔde asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem mmiɛnsa ne apɔnkɔsotefoɔ ahanan firii adi.

34 Ɛberɛ a wɔde bɔɔ ani no, ɛbaa sɛ Yudafoɔ no mu nnipa kakraa bi totɔeɛ.

35 Nanso onipa bi a wɔfrɛ no Dositeus, a ɔka Bakenor mmarima ho no, a ɔte pɔnkɔ so na ɔyɛ onipa hoɔdenfoɔ no, sɔɔ Gorgias mu, ɔsɔɔ n’atadeɛ mu na ɔretwe no wɔ ahoɔden so, hwehwɛ sɛ ɔbɛkye busuyɛni no animono so. Ɛberɛ no ara mu na Trakian apɔnkɔsotefoɔ no mu baako tu taa no so na ɔtwaa ne nsa; enti Gorgias nyaa kwan dwane kɔduruu Marisa.

36 Ɛnam sɛ na Edris ne ne mmarima no ako mmerɛ tentene mu nti, na wɔabrɛ, na Yuda frɛɛ Awurade sɛ ɔmmra wɔn afa, na ɔmmɛdi wɔn kan wɔ ɔsa mu.

37 Na wɔde wɔn nananom kasa teaam de nnwom bɔɔ ɔko mu ose; afei ɔtuaa Gorgias akofoɔ no wɔ ɛberɛ a na wɔn ani nna kwan, na wɔmaa wɔn dwaneeɛ.

Mpaeɛ a wɔbɔ ma wɔn a wɔawu wɔ ɔko mu

38 Afei Yuda boaboaa n’akofoɔ nyinaa ano na wɔkɔɔ Adulam kuro mu. Na ɛda a ɛtɔ so nson no reba no, wɔtee wɔn ho sɛdeɛ amanneɛ teɛ no, na wɔdii homeda no wɔ hɔ.

39 Adeɛ kyeeɛ no, sɛdeɛ na akɔhia no, Yuda ne ne mmarima no kɔɔ sɛ wɔrekɔsesa wɔn a wɔawuwuo no amu, na wɔde aba abɛtoto wɔn abusuafoɔ nkyɛn wɔ wɔn nananom adamena mu.

40 Na wɔhunuu Yamnia abosom ahoni nketenkete a ɛhyehyɛ awufoɔ no atadeɛ ngusoɔ mu, adeɛ a mmara mma Yudafoɔ ho kwan sɛ wɔnhyɛ. Na ɛbɛdaa adi pefee sɛ, ɛyɛ saa nti na yeinom awuwuo no.

41 Enti wɔn nyinaa hyiraa Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no, wɔ n’akwan ho, ɔno a ɔyi asumaeɛ mu nnoɔma adi no;

42 na wɔdanee wɔn ho yɛɛ odima, na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne a wɔayɛ no wɔbɛpopa afiri hɔ.

43 Na ɔgyee ntoboa firii onipa biara hɔ, sika a ne dodoɔ yɛ dwetɛbena mpem mmienu, na ɔde soma kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa nyɛ bɔne afɔdeɛ. Deɛ ɔyɛeɛ yi yɛ adepa, nkanka sɛ ɔdwenee awufosɔreɛ ho no.

44 Na sɛ na ɛnyɛ adeɛ a na ɔrehwɛ kwan sɛ wɔn a wɔawuwuo no bɛsɔre bio deɛ a, ɛnneɛ na ɛyɛ ade hunu ne nkwaseasɛm sɛ wɔbɔ mpaeɛ ma awufoɔ.

45 Na sɛ na ɔrehwɛ akatua fɛfɛ a wɔahyehyɛ sɛ wɔde bɛma wɔn a wɔawuwu wɔ nyamesuro mu no a, na ɛyɛ adwene kronkron ne adwene pa. Saa nti, ɔyɛɛ mpata maa awufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu.

2 Makabee 13

Wɔku Menelaus

1 Afe ɔha ne aduanan mu no, Yuda ne ne mmarima tee sɛ Antiokus Eupator de asraafoɔ dɔm kɛse rebɛtua Yudea,

2 na Lisias a amammuo hyɛ ne nsa no ka ne ho sɛ ne hwɛfoɔ. Wɔn mu biara kura Helafoɔ asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem ɔha ne du, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem nnum ne ahasa, asono aduonu mmienu, ne nteaseɛnam a wɔde sekan kantankrankyi ahyehyɛ ho ahasa.

3 Menelaus nso kɔkaa wɔn ho, na ɔde nyaatwom hyɛɛ Antiokus sɛ ɔnkɔ so ara nyɛ deɛ ɔreyɛ no, ɛnyɛ ne man yiedie nti, na mmom ɔdwenee sɛ ɛbɛma ne dibea no atim.

4 Nanso ahemfo mu Hene no maa Antiokus bu fui tiaa onipa huhuni no; na ɛberɛ a Lisias ka kyerɛɛ no sɛ, ɛnam saa onipa yi so na ɔhaw no nyinaa aba no, ɔhene hyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ Boroea na wɔmfa ɛhɔ amammerɛ kwan a wɔfa so kum no nku no.

5 Abantenten bi wɔ hɔ a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na nso ahyɛ mu ma, na ɛwɔ ano kawa a ɛtwa ho hyia a ɛsiane kɛse kɔ nso no mu.

6 Ɛhɔ na wɔpia obiara a ɔdi fɔ wɔ abususɛm ho anaasɛ ɔnya din pa wɔ bɔne afoforɔ ho no ma ɔkɔ ɔsɛeɛ mu.

7 Saa kwan yi so na Menelaus a ɔyɛ mmaratoni no nam so wui, a mpo wɔansie no wɔ asase so.

8 Na yei yɛ ade tenenee titire; ɛfiri sɛ wayɛ bɔne bebree atia afɔrebukyia a ɛso gya ne nso yɛ kronkron no, ɔhyiaa ne wuo wɔ nso no mu.

Ɔsa a ɛbɛn Modein kuro mu

9 Na ɔhene no de ahantan tantane reba abɛkyerɛ Yudafoɔ no nnoɔma a ɛnyɛ koraa sene deɛ wɔayɛ no dada no wɔ n’agya berɛ so.

10 Nanso ɛberɛ a Yuda tee yei no, ɔhyɛɛ sɛ nkurɔfoɔ no mfrɛ Awurade awia ne anadwo, sɛ ɔmmɛboa wɔn a wɔresi wɔn kwan agye wɔn mmara, wɔn man ne asɔredan kronkron no,

11 na mma ho kwan ma nkurɔfoɔ a wɔafiri aseɛ rekanyan wɔn ho ama yɛatɔ Amanaman abusuyɛfoɔ yi nsam.

12 Ɛberɛ a wɔn nyinaa boom srɛɛ mmɔborɔhunufoɔ Awurade no, wɔde esu, mmuadadie ne da a wɔdedaa fam butubutuu hɔ nnansa a wɔanyae ara da. Yuda tuu wɔn fo na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ krado.

13 Na ɔne mpanimfoɔ no kasa wɔ kokoam wieeɛ no, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsim na ɔnam Onyankopɔn mmoa so ɔbɛhu deɛ ɔbɛyɛ, ansa na ɔhene asraafoɔ no ahyɛne Yudea na wɔafa kuro no.

14 Enti ɔde agyinasie no hyɛɛ wiase Bɔfo no nsa, na ɔtuu n’akofoɔ no fo sɛ wɔnko ko den nkɔ wuo mu ma mmara, asɔredan, kuro, ɔman, ne aman no, na ɔkyeree nsra a na ɛbɛn Modein.

15 Ɔde nnyinasoɔ asɛm bi maa n’akofoɔ no sɛ, “Onyankopɔn nkonimdie”, na ɔyiyii mmeranteɛ akokoɔdurufoɔ no mu bi, na ɔne wɔn tuaa ɔhene no tenabea anadwo na ɔkunkumm mmarima bɛyɛ mpem mmienu wɔ nsraban no mu.

16 Awieeɛ no, wɔmaa ehu ne sakasaka baa nsra no mu hɔ, na ɔsanee n’akyi wɔ nkonimdie mu.

17 Yei sii wɔ berɛ a na anim mu reteteɛ no, ɛfiri sɛ wɔnyaa mmoa firii Awurade hɔ.

Antiokus ne Yudafoɔ no yɛ apam

18 Ɔhene no hunuu Yudafoɔ no mmaninsɛm no, ɔfaa ɔkwan bi so sɛ ɔbɛtua wɔn wɔ faako a wɔwowɔ no.

19 Ɔkɔtuaa Bet-sur, Yudafoɔ abandenden no na wɔkaa no gui, ɔtuaa bio, na wɔdii ne so nkonim.

20 Yuda soma kɔmaa abansifoɔ no biribiara a ɛhia.

21 Nanso Rodokus, Yudafoɔ no mu atitire no mu baako kɔkaa nsumaeɛ mu nsɛm kyerɛɛ ɔtamfo no; wɔhwehwɛɛ no kyeree no, na wɔde no kɔtoo afiase.

22 Ɔhene no ne nnipa a wɔwɔ Bet-sur yɛɛ nhyehyɛɛ a ɛtɔ so mmienu, ɔbɔɔ anohoba ahodoɔ, na ɔgyee wɔn deɛ, ɔtwe sanee kɔtuaa Yuda ne ne mmarima, na ɔdii wɔn so nkonim;

23 ɔtee sɛ, Filipo a wɔagya ne hɔ de amammuo ahyɛ ne nsa no ate atua wɔ Antiokia; ne ho dwirii no, ɔfrɛɛ Yudafoɔ no bae, ɔgyae mu na ɔdii nse kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛyɛ deɛ wɔfata nyinaa ama wɔn, ɔne wɔn siesiee wɔn ntam na wɔbɔɔ afɔdeɛ, ɔdii kronkronbea hɔ no ni, na ɔde akyɛdeɛ baa kronkronbea hɔ.

24 Ɔgyee Makabeus, na ɔdane Hegemonides gyaa sɛ amrado firi Ptolemais kɔpem Gerar,

25 na ɔkɔɔ Ptolemais. Nnipa a wɔwɔ Ptolemais no bo fuu wɔ nhyehyɛɛ a wɔyɛeɛ no; na nokorɛ mu no, wɔn bo fui ara sɛ, na anka ɔpɛ sɛ wɔtu nsɛm a ɛwɔ mu no gu.

26 Lisias faa badwam apa no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu ara yie de danee wɔn adwene, pataa wɔn na ɔnyaa wɔn anisɔ, na ɔsiim kɔɔ Antiokia. Sei na ɔhene atua ne nsaneakyire wieeɛ.

2 Makabee 14

Alkimus kasa tia Yuda

1 Mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Yuda ne ne mmarima no tee sɛ, Seleukus ba Demetrius de asraafoɔ a wɔyɛ den ne ahyɛn nam ɛpo so aba suhyɛngyinabea a ɛwɔ Tripolis,

2 na wɔabɛfa ɔman no, na wɔafa Antiokus ne ne hwɛsofoɔ Lisias kɔ.

3 Afei obi a wɔfrɛ no Alkimus a akane no na anka ɔyɛ ɔsɔfo panin nanso ɔfiri ne pɛ mu guu ne ho fi wɔ mpaepaemu berɛ no mu, ɔhunuu sɛ ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛtumi afa so anya banbɔ anaasɛ ɔbɛnya kwan wɔ afɔrebukyia no ho bio.

4 Na ɔkɔɔ Ɔhene Demetrius nkyɛn wɔ bɛyɛ afe ɔha ne aduonum baako no mu,kɔmaa no sika abotire ne mmerɛkɛnson, na deɛ ɛka yeinom ho yɛ amammerɛ ngodua mman a ɛfiri asɔredan mu no bi. Saa da no deɛ, ɔyɛɛ komm.

5 Nanso ɔnyaa kwan a ɔnam so yɛɛ n’abɔdam adeɛ no wɔ berɛ a Demetrius too nsa frɛɛ no wɔ abadwafoɔ no nhyiamu ase. Wɔbisaa no sɛdeɛ Yudafoɔ no nneyɛɛ ne wɔn nsusuiɛ teɛ. Ɔbuaa sɛ:

6 Yudafoɔ a wɔfrɛ wɔn sɛ Hasideafoɔ a wɔn kannifoɔ ne Yuda Makabeus no repere sɛ wɔbɛtu sa, na wɔrepiapia nkurɔfoɔ ama wɔate atua, na wɔremma ahemman no nya amannwoeɛ.

7 Saa nti, mede me nananom animuonyam no ato nkyɛn, mekyerɛ ɔsɔfo panin dibea no, na afei maba ha yi.

8 Deɛ ɛdi kan ne sɛ, deɛ ɔhene pɛ no ne deɛ ɛhia me kɛse, na deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, ɛsiane sɛ mewɔ obuo de ma me man mufoɔ. Sɛ nti ne sɛ, ɛnam wɔn mabobɔ wɔn din yi nkwaseasɛm so na ama seesei ara yɛn man akɔgyina mmusuo kɛseɛ mu yi.

9 O ɔhene, ɛsiane sɛ wo ara wonim deɛ ɛwɔ nsɛm yi mu nyinaa nti, ma no nsɔ w’ani sɛ, wobɛfa yɛn man yi ne nnipa a wɔredi amia yi ho adwene, sɛdeɛ w’adom ayamyie a wokyerɛ no wɔ nnipa nyinaa so no teɛ.

10 Na sɛ Yuda yi da so ara te ase yi, ɛbɛyɛ den sɛ aban no bɛnya asomdwoeɛ.

11 Na ɛberɛ a ɔkaa yei no, ɔhene Nnamfonom nkaeɛ no tanee Yuda, na ntɛm ara wɔhuruu Demetrius bo kɛse.

12 Ntɛm ara na ɔyii Nikanor a na ɔhwɛ asono no soɔ no, na ɔyɛɛ no amrado wɔ Yudea so, na ɔsomaa no

13 de ahyɛdeɛ yi maa no sɛ ɔnkɔkum Yuda na ɔmmɔ n’akofoɔ no nhwete, na ɔmfa Alkimus nsi hɔ sɛ ɔsɔfo panin wɔ asɔredan kɛseɛ no mu.

14 Na amanaman mufoɔ a wɔwɔ Yudea no a anka wɔadwane Yuda anim da no baeɛ bɛkaa Nikanor ho, na wɔredwene sɛ, mmusuo ne atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba Yudafoɔ no soɔ yɛ deɛ ɛde yiedie bɛbrɛ wɔn.

Nikanor yɛ Yuda n’adamfo

15 Ɛberɛ a Yudafoɔ no tee sɛ Nikanor reba no na amanaman mufoɔ no reboaboa wɔn ano no, wɔde dɔteɛ guu wɔn tirim na wɔbɔɔ ne mpaeɛ sɛ ɔmfa ne nkurɔfoɔ ntim hɔ daa, na da biara ɔnyi ne ho adi mfa nkora ɔno ara n’agyapadeɛ.

16 Na deɛ wɔn kannifoɔ no hyɛeɛ no, wɔsii mu firii hɔ ne wɔn de kɔbɔɔ ani wɔ akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Desau.

17 Na Simon a ɔyɛ Yuda nua no ne Nikanor akɔhyiam wɔ akono ama wɔapem wɔn kɔ akyire kakraa bi, ɛfiri sɛ na ɔtamfo no abɔ wɔn hu mpofirim.

18 Nanso ɛberɛ a Nikanor tee Yuda mmaninneɛ ne n’akofoɔ no wɔn akokoɔduro wɔ ɔsa a wɔtu ma wɔn man no, ɔtwe sanee sɛ ɔde mogyahwieguo na ɛbɛkyerɛ asɛm no bɔberɛ.

19 Saa nti ɔsomaa Posidonius, Teodotus ne Matatias sɛ wɔnkɔma na wɔnnye anohoba ne ayɔnkofa.

20 Na ɛberɛ a wɔkekaa nhyehyɛɛ no nyinaa wieeɛ no, na ɔkannifoɔ no ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no, ɛbaa sɛ wɔnyaa adwene koro, na wɔpenee apam no so.

21 Akannifoɔ no hyɛɛ ɛda bi a wɔn ara ankasa bɛhyiam. Teaseɛnam baako baako firii asraafoɔ afanu no hɔ baeɛ; na wɔde mpanimfoɔ adwa sisii mu.

22 Na Yuda de akofoɔ a wɔamia gyinagyinaa mmeaeɛ a ɛho hia sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔasi ɔtamfo no nkontompo a ɔbɛtwa no mpofirim nkontompo; enti wɔkasae.

23 Nikanor tenaa Yerusalem na wanyɛ biribiara a ɛmfata, na mmom ɔpamoo nnipa a na wɔatwa ahyia no.

24 Na ɔmaa Yuda tenaa n’anim daa; na n’ani ka onipa no ho.

25 Ɔtuu ne fo sɛ ɔnware na ɔnwo mma; ɛno nti Yuda waree na ɔtenaa ase bɔɔ bra sɛdeɛ wɔyɛ no.

Nikanor dane tia Yuda

26 Nanso ɛberɛ a Alkimus hunuu adwempa a wɔwɔ wɔ ma wɔn ho no, ɔfaa apam a na wɔayɛ no de kɔɔ Demetrius nkyɛn. Ɔbɔɔ ne amanneɛ sɛ, Nikanor nni nokorɛ mma aban no, ɛsiane sɛ wayi Yuda a ɔyɛ ɔmammɔni no sɛ n’adedifoɔ, na atia ahemman no.

27 Ɔhene akoma sɔree, na ne bo fui wɔ saa onipa huhuni no, ne ntwatosoɔ no, na ɔtwerɛ kɔmaa Nikanor, kyerɛɛ sɛ n’ani nnye apam a wayɛ no ho, enti ma ɔnkyɛre ho koraa, na mmom ɔnsoma ma wɔmfa Makabeus mmra Antiokia sɛ ɔdeduani.

28 Ɛberɛ Nikanor nsa kaa nkra yi no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoe sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwa wɔn nhyehyɛɛ no mu wɔ berɛ a onipa no nyɛɛ bɔne biara.

29 Na ɛsiane sɛ ɔntumi nsɔre ntia ɔhene no nti, ɔhwehwɛɛ ɛberɛ pa bi a ɔbɛtumi adi dwuma yi wɔ aniteɛ mu.

30 Nanso Makabeus, hunuu sɛ Nikanor ayɛ katee wɔ ɔno ne Makabeus nkitahodie mu, na ɔne no nkasa wɔ anidie kwan so sɛdeɛ na ɔteɛ kane no, enti ɔbuae sɛ, saa kateeyɛ yi mfiri adwempa mu. Enti ɔboaboaa ne nkurɔfoɔ dodoɔ no ara ano a na wɔdɔɔ so, na wɔdwane firii Nikanor anim kɔsumaeɛ.

31 Na Nikanor hunuu sɛ Makabeus nam nyansa kwan so abu no kwasea no, ɔkɔɔ asɔredan kronkron no mu, ɛberɛ a na asɔfoɔ no rebɔ amammerɛ afɔdeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyi onipa no mma no.

32 Ɛberɛ a wɔdii nse sɛ wɔnnim onipa a wɔrehwehwɛ no no,

33 ɔtenee ne nsa nifa kyerɛɛ kronkronbea hɔ dii nse sɛ: Sɛ woanyi Yuda amma me sɛ deduani a, mɛdwiri Onyankopɔn dan gu fam, na mabubu afɔrebukyia no, na masi abosonnan a ɛyɛ fɛ de ama Dionisus.

34 Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔfiri hɔ kɔe. Afei asɔfoɔ no tenee wɔn nsa kyerɛɛ ɔsoro na wɔfrɛɛ wɔn man no Kamafoɔ a ɔte hɔ daa no wɔ nsɛm yi mu sɛ:

35 O, nnipa nyinaa Awurade, ɛwom sɛ wonhia biribiara deɛ, nanso ɛsɔɔ w’ani sɛ wɔnsi asɔredan mma wo tenabea wɔ yɛn mu;

36 enti afei, O Ɔkronkronni, kronkron nyinaa mu Awurade, bɔ saa fie yi a nansa yi ara wɔadwira ho no ban firi figuo ho daa.

Rasis wu ma ne man

37 Onipa bi a na wɔfrɛ no Rasis, Yerusalem mpanimfoɔ no mu baako kasa tiaa Nikanor sɛ ɔyɛ onipa a ɔdɔ ne man mufoɔ na wɔka ne ho asɛm papa, na din pa a ɛno nti wɔfrɛ no Yudafoɔ agya.

38 Ɛberɛ bi a atwam no, ɛberɛ a na wɔamfa wɔn ho mfra amanaman mufoɔ, na wɔabɔ no soboɔ sɛ ɔyɛ Yudasom mu ni, na ɔde ne nkwa too hɔ wɔ ne mmɔdemmɔ wɔ Yudasom ho.

39 Nikanor pɛɛ sɛ ɔbɛda ɔtane a ɔwɔ ma Yudafoɔ no adi no, ɔsoma maa wɔde asraafoɔ bɛboro ahanum kɔɔ sɛ wɔnkɔkye no;

40 ɛfiri sɛ ɔdwenee sɛ, sɛ wɔkye no ara, na wayɛ wɔn ade kɛse.

41 Ɛberɛ a na akofoɔ no rebɛgye abantenten no afa no, na wɔrepia adihɔ pono no, wɔhyɛɛ sɛ wɔmfa ogya mmra na wɔnhye ɛpono no. Ɛberɛ a na wɔretwa ne ho hyia no, Rasis butuu ne nkrantɛ so,

42 na na ɔpɛ sɛ ɔbɛwu wɔ animuonyam mu sene sɛ ɔbɛtɔ wɔ abɔnefoɔ nsam, na wabrɛ mmusubɔ a ɛmfata n’animuonyam awoɔ no.

43 Nanso ɔko no mu yɛɛ bagyabagya no nti, wantumi ammɔ so pɛpɛɛpɛ, na afei ɛdɔm no retwi fa ɛpono no mu. Ɔde aboɔduro tuu mmirika wɔ fasuo no so, na ɔde akokoɔduro too ne ho kɔhwee nnipa no so.

44 Na wɔtwe pinii wɔn akyi ntɛm ara, na ɔkwan bɛdaa hɔ maa ɔhwee mfimfini wɔ petee mu.

45 Na ahome da so wɔ ne mu no, ɔsɔree mpo berɛ a mogya retu no na n’apirakuro ayɛ kɛseɛ no, ɔtuu mmirika faa ɛdɔm no mu; na ɔkɔgyinaa botan kuronkuron bi so.

46 Na mogya a ɛwɔ ne mu nyinaa asa no, ɔtuu ne nsono de guu ne nsa mmienu mu na ɔto guu nkurɔfoɔ no so, na ɔfrɛɛ nkwa ne honhom Awurade no sɛ ɔnsane mfa mma no bio. Sɛdeɛ ne wuo si yɛeɛ nie.

2 Makabee 15

Nikanor ahantan

1 Ɛberɛ a Nikanor tee sɛ Yuda ne n’akofoɔ wɔ Samaria mantam mu no, ɔyɛɛ nhyehyɛɛ sɛ ɔbɛtua wɔn na wafa ne ho sɔnn wɔ ahomegyeɛ da mu.

2 Na ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔhyɛɛ wɔn maa wɔdii n’akyi no, wɔkaa sɛ: Mfa atirimuɔden nkum wɔn, na mmom fa anidie ma deɛ ɔhunu ade nyinaa no, ne da a wadi no ni na wate ho asene nna nyinaa no.

3 Ɔkwaseampanin a wɔadome no mprɛnsa no bisaa sɛ ɔhene bi wɔ ɔsoro a wahyɛ sɛ wɔnni homeda.

4 Na ɛberɛ a wɔkaa sɛ: Ɛyɛ Awurade ankasa, ɔsoro Hene no, ɔno na wahyɛ yɛn sɛ yɛnni ɛda a ɛtɔ so nson no.

5 Ɔbuaa sɛ: Me nso meyɛ ɔhene wɔ asase so, na mehyɛ wo sɛ sɔre na mia, na kɔyɛ adwuma a ɔhene ahyɛ wo no. Nanso, n’adwemmɔne no anyɛ yie.

Yuda siesie Yudafoɔ ho de kɔ ɔko

6 Na saa Nikanor yi wɔ n’ahohoahoa ne n’ahantan mu, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsi nkaeɛ dum wɔ nkonimdie a ɔdiiɛ wɔ Yuda ne n’akofoɔ no so asi abɔntene.

7 Nanso Makabeus amma ne gyidie sɛ ɔbɛnya mmoa afiri Awurade hɔ no ampa.

8 Ɔhyɛɛ n’akofoɔ no nkuran sɛ ma wɔnsuro Amanaman no atua no, na mmom wɔmfa nhyɛ wɔn adwenem ɛberɛ a abɛsene kɔ no, mmoa a ɛfiri ɔsoro baa wɔn nkyɛn no, enti wɔnhwɛ nkonim a Otumfoɔ no de bɛmma wɔn no anim kwan.

9 Wɔnam mmara ne adiyifoɔ no nsɛm so hyɛɛ wɔn nkuran, na ɔkaee wɔn wɔ akodie a wɔadi nkonim wɔ mu, na ɔmaa wɔn yɛɛ den kɛseɛ pa ara.

10 Na ɛberɛ a ɔkanyanee wɔn akokoɔduro wieeɛ no, ɔkaa deɛ wɔnyɛ, na ɛberɛ korɔ no ara nso ɔkyerɛɛ wɔn Amanaman no nkontompo ne di a wɔnni wɔn ntam so.

11 Ɔmaa wɔn mu biara miaeɛ a ɛnyɛ ɛkyɛm ne pea mu ahotosoɔ, na mmom akokoɔduro nsɛm a ɛkanyan, na ɔkaa daeɛso bi a ayɛ sɛ anisoadehunu a ɔde totoo ho maa wɔn ani gyeeɛ, na ɛyɛ adeɛ a wɔtumi gye die.

12 Deɛ ɔhunuiɛ nie: Onia a wayɛ ɔsɔfo panin pɛn no, onimuonyamfoɔ ne onipa pa, ahobrɛaseɛni na ɔnyɛ basabasa, obi a ɔkasa nyansam na ɔfiri ne mmɔfraase anya nteteeɛ wɔ biribiara a ɛyɛ papa ho no, na watrɛ ne nsam rebɔ mpaeɛ ama Yudafoɔ man no nyinaa.

13 Saa ɛberɛ no ara mu nso na ɔbarima bi puee hɔ a ɔda nso wɔ ne dwono mu na n’anim yɛ nyam, n’ahennie tumi yɛ nwanwa.

14 Na Onias kasae sɛ: Oyi yɛ onipa a ɔdɔ Israel abusua na ɔbɔ mpaeɛ ma ɔman ne kuro kronkron no, Yeremia a ɔyɛ Onyankopɔn diyifoɔ no.

15 Na Yeremia tenee ne nsa nifa na ɔde sika afena maa Yuda, na ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ no sɛ:

16 Gye saa sika afena yi, akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn, na ɛno na wode bɛtwitwa w’atamfoɔ agu.

17 Nsɛm a ɔte firii Yuda hɔ no hyɛɛ no nkuran, na ɛyɛ nsɛm a emu yɛ duru na ɛyɛ nam sɛ ɛkanyan mmarimaa ahoɔden na ɛnyane wɔn akokoɔduro. Wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔnkɔ so ara ntena ase nsraban no mu, na mmom wɔde wɔn nsa bɛko akokoɔduro so na wɔde akyerɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie, ɛfiri sɛ, kronkronbea no ne asɔredan no gyina ɔsɛeɛ kwan so.

18 Deɛ na ɛhia wɔn no no yɛ wɔn yerenom ne wɔn mma, wɔn nuammarima ne nuammaa nom, ne wɔn abusuafoɔ fam deɛ, adeɛ a na ɛhia wɔn ne kronkronbea hɔ ahoteɛ.

19 Na wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔka kuro no mu no, ɛhaa wɔn kɛse wɔ deɛ na ɛrekɔ so wɔ asase petee no mu.

Nikanor nkoguo ne ne wuo

20 Na ɛberɛ a na wɔn nyinaa rehwɛ sɛdeɛ nnoɔma bɛwie no, na ɔtamfo no abɛn dada a wɔn asraafoɔ aboa wɔn ho sɛ wɔrebɛko. Wɔde asono agyinagyina baabi a ɛho hia, na apɔnkɔsotefoɔ gyinagyina wɔn afa ne afa,

21 na Makabeus rehwɛ ɛdɔm a ɛwɔ n’anim, wɔn akodeɛ ahodoɔ ne asono no ho hu no, ɔtenee ne nsa hwɛɛ soro na ɔfrɛɛ Awurade a ɔyɛ anwanwadeɛ no; ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ ɛnyɛ akodeɛ, na mmom Awurade na ɔde nkonimdie ma wɔn a ɛfata wɔn.

22 Ɔde saa nsɛm yi frɛɛ no kaa sɛ: O Awurade, wosomaa wo bɔfoɔ wɔ Ɔhene Hesekia a ɔwɔ Yuda berɛ so, na ɔkumm nnipa mpem ɔha aduowɔtwe nnum wɔ Senakerib nsraban mu.

23 Enti afei, O ɔsoro mu Hene, soma ɔbɔfo pa ma no mfa ehu ne ahopopoɔ mmɛdi yɛn anim.

24 Ma wo nsa so wɔ abusuyɛfoɔ yi a wɔsɔre tia wo man kronkron no, na twa wɔn gu fam. Na nsɛm sɛɛ na ɔde wiee ne mpaebɔ no.

25 Nikanor ne n’akofoɔ no de totorobɛnto ne momome tu tenee,

26 nanso Yuda ne n’akofoɔ de Onyankopɔn din bɔ ne mpaeɛ na ɛhyiaa ɔtamfo no.

27 Enti, wɔde wɔn nsa reko no, na wɔde wɔn akoma rebɔ Onyankopɔn mpaeɛ, na wɔkunkumm nnipa bɛyɛ mpem aduasa nnum, na wɔn ani gyee kɛse wɔ deɛ Onyankopɔn ayɛ no ho.

28 Ɛberɛ a ɔko no baa awieeɛ no na wɔde ahurisie resan wɔn akyi no, wɔhunuu Nikanor a wamia a wawu da hɔ.

29 Na ɔsebɔ ne gyegyeegye baa hɔ, na wɔde wɔn nananom kasa hyiraa Ɔhene Awurade no.

30 Afei, Yuda a daa ɔde ne nipadua ne ne kra twitwa gye ne nkurɔfoɔ, onipa a ɔkuraa ne mmeranteberɛ mu adwempa a ɔwɔ ma ne manfoɔ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔntwa Nikanor ti ne n’abasa na wɔmfa nkɔ Yerusalem.

31 Na ɛberɛ a ɔduruu hɔ na ɔfrɛɛ ne man mufoɔ boaa wɔn ano, na ɔde asɔfoɔ no gyinaa afɔrebukyia no anim, na ɔsomaa sɛ wɔnkɔfrɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu mmra.

32 Na ɔde onipa debɔneyɛni Nikanor ti ne onipa nsa a ɛho agu fi, a ɔtene de kyerɛɛ Otumfoɔ no fie kronkron no soɔ no kyerɛɛ wɔn.

33 Ɔtwaa Nikanor a ɔnni nyamesuro no tɛkyerɛma, na ɔkaa sɛ ɔde bɛyɛ aduane ama nnomaa na ɔde akyɛdeɛ yeinom a ɛyɛ ne nkwaseadeɛ no asɛn kronkronbea no ntentensoɔ.

34 Na wɔn nyinaa rehwɛ ɔsoro no, wɔhyiraa Awurade a wayi ne ho adi no, kaa sɛ: Nhyira nka deɛ wakora n’ankasa ne beaeɛ amma wɔangu ho fi no!

35 Na Yuda de Nikanor ti no sɛnee abandenden no ho, petee mu a ɛyɛ adansedie ma obiara a ɔrehwehwɛ mmoa afiri Awurade hɔ.

36 Na wɔn nyinaa nam abatoɔ so hyɛɛ mmara sɛ, wɔremma ɛda yi ntwa mu wɔ berɛ ko a wɔnni, na mmom wɔbɛkae bosome a ɛto so dummienu no ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa, a ɛyɛ bosome Adar wɔ Aramaik kasa mu, ɛda a ɛdi Mordekai ɛda no anim no.

37 Yei ne sɛdeɛ nnoɔma si kɔ maa Nikanor, na ɛfiri saa berɛ no kuro no abɛdi Hebrifoɔ nsam. Saa nti mede m’asɛm no bɛba awieeɛ.

Ɔtwerɛfoɔ no nsɛm a ɔde wie

38 Na sɛ wɔka no yie na wɔka no sɛdeɛ asɛm no teɛ a, yei ne sɛdeɛ me ara mepɛ no; nanso sɛ wɔanyɛ no yie anaasɛ wɔka no sɛdeɛ ɛnni mu a, ɛnneɛ na sɛdeɛ mɛtumi ayɛ ara ne no.

39 Na sɛdeɛ ɛnyɛ sɛ wɔnom nsa nko ara no, anaasɛ, bio, sɛ wɔbɛnom nsuo nko ara, wɔ ɛberɛ a nsa a wɔde nsuo afra no ayɛ dɛ na ayɛ ahomka, na ɛma onipa ani gye, na saa ara ɔkwan a wɔfa so twerɛ asɛm no ma wɔn a wɔtie no anigyeɛ. Na ɛha na mede bɛsie.

1 Makabee 1

Aleksandro a ɔyɛ onipa kɛseɛ no

1 Makedoniani Filipo a ɔyɛ Aleksandro agya, a ɔfirii Kittim asase so bɛdii Ɔhene Darius a ɔdi Persiafoɔ ne Medefoɔ so no so nkonim, na ɔbɛdii n’adeɛ sɛ ɔhene akyire no; (na wadi kan abɛyɛ Hela hene.)

2 Ɔtuu ɔsa bebree, gyee abankɛseɛ, na ɔkumm asase so ahemfo no.

3 Ɔkɔe ara kɔduruu asase ano nyinaa, na ɔfomm aman bebree fae. Ɛberɛ a asase yɛɛ komm wɔ n’anim no, wɔmaa no so, na ahomasoɔ wuraa n’akoma mu.

4 Ɔboaboaa asraafoɔ a wɔyɛ den ano na ɔdii aman, nkuro ne ahemfo so, na wɔbɛhyɛɛ n’ase.

5 Yei akyi no, yadeɛ bɔɔ no, na ɔhunuu sɛ ɔrewu.

6 Ɛno nti ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ mu animuonyamfoɔ pa ara no, wɔn a wɔne no hyɛɛ aseɛ firii ne mmeranteberɛ mu no, na ɔkyekyɛɛ n’ahennie no mu maa wɔn berɛ a na ɔda so te aseɛ.

7 Na Aleksandro dii hene mfeɛ dummienu no, ɔwui.

8 Afei ne mpanimfoɔ no firii aseɛ dii adeɛ wɔ beaeɛ a ɛyɛ ɔno ara ne deɛ.

9 Wɔn nyinaa de ahenkyɛ hyɛeɛ wɔ ne wuo akyi, na saa ara nso na wɔn asefoɔ a wɔbaa akyire mfeɛ bebree akyi no yɛɛ amumuyɛ bebree wɔ asase so.

Antiokus Epifane ne Yudafoɔ atuatefoɔ

10 Ɛfiri wɔn mu na Antiokus Epifane a ɔyɛ bɔne nhini, a n’agya ne Ɔhene Antiokus baeɛ; na ɔyɛ dommum wɔ Roma. Ɔfirii aseɛ dii hene wɔ Helafoɔ ahennie afe a ɛtɔ so ɔha aduasa nsonno mu.

11 Nna no mu no atuatefoɔ bi firii Israel bae bɛdaadaa bebree kaa sɛ: Momma yɛn ne Amanaman mufoɔ a wɔatwa yɛn ho ahyia no mpam.

12 Wɔgyee saa nsusuiɛ yi tomm,

13 na nkurɔfoɔ no binom de ahoperepereɛ kɔɔ ɔhene nkyɛn, na ɔhene maa wɔn kwan sɛ wɔnni Amanaman mufoɔ nhyehyɛɛ no so.

14 Ɛno nti wɔsii agodie dan wɔ Yerusalem, sɛdeɛ Amanaman mufoɔ amammerɛ teɛ no,

15 na wɔyii twetiatwa agyiraeɛ firii hɔ, na wɔgyaa apam kronkron no akyi die. Wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Amanaman mufoɔ no, na wɔtɔnee wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ bɔne.

Antiokus wɔ Misraim

16 Ɛberɛ a Antiokus hunuu sɛ n’ahennie atim no, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ɔhene wɔ Misraim asase so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛtumi adi ahennie mmienu no soɔ.

17 Saa nti ɔde asraafoɔ a wɔyɛ den, nteaseɛnam, asono, ne apɔnkɔsotefoɔ ne ahyɛn pii kɔɔ Misraim so.

18 Ɔne Misraimhene Ptolemium de ɔko hyehyɛɛ so, na Ptolemium danee ne ho dwane firii n’anim, na nnipa bebree pirapirae, na bebree totɔeɛ.

19 Wɔgyee nkuro a wɔatoto ho afasuo wɔ Misraim asase so, na ɔfomm Misraim asase no so nnoɔma fae.

Wɔtaa Yudafoɔ

20 Ɔdii Misraim so akyire no, Antiokus sanee n’akyi wɔ afe ɔha aduanan mmiɛnsamu. Ɔtuu Israel so sa na ɔde asraadɔm a wɔyɛ den baa Yerusalem.

21 Ɔde ahantan hyɛnee kronkronbea hɔ na ɔfaa sika afɔrebukyia, kaneadua a wɔde kanea si soɔ no, ne ɛho nnoɔma nyinaa.

22 Ɔsan faa Kyerɛ paanoo pono, ahwiesa nkuruwa, nkoraa no, sika nkukuwa, twam ntoma no, abotire no, ne sika ahyehyɛdeɛ a ɛwɔ asɔredan no anim no nso; na ɔyiyii ne nyinaa firii hɔ.

23 Ɔfaa sika ne dwetɛ, ne aboɔden nnoɔma; na ɔsan faa akoradeɛ a wɔde asie a ɔhunuiɛ no.

24 Ɔnyaa yeinom nyinaa no, ɔkɔɔ ɔno ara n’asase so.

Ɔkaa mogya pii guiɛ,

na ɔde ahantan a ɛso kasaeɛ.

25 Israel twaa adwo kɛseɛ wɔ ɔman no mu baabiara,

26 ahemfo ne mpanimfoɔ sii apinie,

mmabaawa ne mmeranteɛ totɔɔ piti,

mmaa ahoɔfɛ paeɛ.

27 Ayeforɔkunu biara twaa adwo;

na ɔbaa a ɔte ayeforɔ pia mu resu.

28 Mpo asase no ho popoe maa wɔn a wɔte soɔ,

na Yakob fie nyinaa firaa aniwuo sɛ ntoma.

Wɔfa Yerusalem tena mu

29 Mfeɛ mmienu akyi no, ɔhene no somaa togyeni titire bi maa ɔkɔɔ Yuda nkuro so, na ɔde asraadɔm kɛseɛ baa Yerusalem.

30 Ɔnam nnaadaa kwan so kaa asomdwoeɛ nsɛm kyerɛɛ wɔn, na wɔgyee no diiɛ; nanso mpofirim ara na ɔto hyɛɛ kuro no soɔ, na ɔbobɔɔ wɔn kɛse pa ara, na ɔsɛee Israel mu nnipa bebree.

31 Ɔfomm kuro no faeɛ, na ɔde ogya hyeeɛ, na ɔbubuu emu adan ne ɛho fasuo.

32 Wɔfaa mmaa ne nkwadaa nnommum, na wɔfaa ayɛmmoa.

33 Na afei wɔtoo fasuo kɛseɛ a ɛyɛ den ne abantenten a ɛyɛ den twaa Dawid kuro ho hyiae na ɛbɛyɛɛ wɔn abankɛseɛ.

34 Wɔde nnipa abɔnefoɔ duaa hɔ, mmarima a wɔyɛ atuatefoɔ. Yeinom hyɛɛ wɔn atenaeɛ hɔ den;

35 wɔde akodeɛ ne aduane sieeɛ, na wɔgyee Yerusalem asadeɛ siee hɔ, na wɔbɛyɛɛ ɔhaw kɛseɛ,

36 ɛfiri sɛ abankɛseɛ no bɛyɛɛ kwanmutɛfoɔ tiaa kronkronbea no,

ne Israel tamfoɔ bɔne wɔ ɛberɛ nyinaa.

37 Wɔkaa mogya gui wɔ kronkronbea no afa nyinaa;

na mpo wɔguu kronkronbea hɔ fi.

38 Ɛsiane wɔn nti, wɔn a wɔtete Yerusalem no dwaneeɛ;

na ɛhɔ bɛyɛɛ ahɔhoɔ tenabea;

ɔbɛyɛɛ ɔhɔhoɔ maa n’aseni,

na ne mma poo no.

39 Ne kronkronbea danee amamfo sɛ anwea pradada so;

n’afahyɛ bɛdane yɛɛ esu,

ne home nna bɛyɛɛ ahohora,

n’anidie bɛyɛɛ animtiabuo.

40 Afei n’animguaseɛ yɛɛ kɛseɛ sɛ n’animuonyam;

n’ahomasoɔ danee yɛɛ esu.

Wɔde Amanaman mufoɔ Som ba

41 Afei ɔhene twerɛ kɔɔ n’ahemman mu baabiara sɛ nnipa nyinaa nyɛ koro,

42 na wɔn nyinaa nnyae wɔn amanneɛ titire no akyiri die.

43 Amanaman mufoɔ no nyinaa gyee ɔhene mmara no tomm. Israel mu nnipa bebree mpo de anigyeɛ gyee ne som no tomm; wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahoni, na wɔguu homeda no ho fi.

44 Na ɔhene de nkrataa somaa abɔfoɔ kɔɔ Yerusalem ne Yuda nkuro mu; ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ananafoɔ amanneɛ so wɔ asase no so.

45 Ɔde baraa okum afɔdeɛ ne ahwiesa wɔ kronkronbea hɔ, ɔkasa de guu homenna ne afahyɛ ho fi,

46 ɔguu kronkronbea hɔ ne asɔfoɔ no ho fi.

47 Ɔsii afɔrebukyia ahodoɔ ne abannwa kronkron ne abosonnan maa abosom, ɔde mprako ne mmoa a wɔn ho nteɛ bɔɔ afɔdeɛ,

48 na ɔhyɛɛ sɛ wɔnnyae wɔn mmammarima twetiatwa. Na na ɔse wɔnyɛ wɔn ho akyiwadeɛ wɔ biribiara a ɛho nteɛ na agu fi,

49 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn werɛ bɛfiri mmara no na wɔasesa ahyɛdeɛ no nyinaa.

50 Ɔde kaa ho sɛ: Obiara a wɔanni ɔhene mmara soɔ no, ɔbɛwu.

51 Saa nsɛm yi na ɔtwerɛ de kɔɔ n’ahennie no mu nyinaa. Ɔsisii nsrahwɛfoɔ wɔ nnipa no nyinaa so, na ɔhyɛɛ Yuda nkuro no sɛ wɔmmɔ okum afɔdeɛ, kuro biara mu.

52 Nnipa no mu bebree a wɔpoo mmara no de wɔn ho bɔɔ wɔn, na wɔyɛɛ amumuyɛ wɔ asase no so;

53 wɔpamoo Israel maa wɔkɔhuntae wɔ dwanekɔbea biara a na wɔn wɔ.

54 Afei Kislew da a ɛtɔ so dunum, afe ɔha aduanan nnummu no, wɔsii akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so. Wɔsan nso sisii afɔrebukyia ahodoɔ wɔ Yuda nkuro a atwa hɔ ahyia so,

55 na wɔhyee aduhwam wɔ afie apono ano ne mmɔntene so.

56 Mmara nwoma a wɔhunuiɛ no, wɔsunsuanee mu na wɔde ogya hyeeɛ.

57 Obiara a wɔhunuu no sɛ ɔkura mmara nwoma no bie, anaasɛ obiara a ɔdii mmara no soɔ no, wɔnam ɔhene mmara so buaa no kumfɔ.

58 Wɔkɔɔ so ara yɛɛ akekabensɛm tiaa Israelfoɔ, wɔde tiaa wɔn a na bosome biara wɔnya wɔn wɔ nkuro mu no.

59 Bosome no da a ɛtɔ so aduonu nnum no, wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a na ɛsi ɔhyeɛ afɔrebukyia no soɔ so.

60 Sɛdeɛ na mmara no kyerɛ no, wɔkumm mmaa a na wɔtwa wɔn mma twetia no,

61 ne wɔn mmusua a na wɔtwa wɔn twetia no; na wɔde mmɔtafowa no asensɛne wɔn nanom kɔn mu.

62 Nanso Israelfoɔ bebree gyinaa pintinn na wɔkaa no wɔn akoma mu sɛ wɔrenni aduane a ɛho agu fi.

63 Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛwuo sene sɛ wɔde aduane a ɛho nteɛ bɛgu wɔn ho fi anaasɛ wɔbɛsɛe apam kronkron no; na wɔwuwui.

64 Abufuhyeɛ kɛseɛ pa ara na ɛbaa Israel soɔ.

1 Makabee 2

Matatias ne ne mma

1 Ɛberɛ no mu, Matatias a n’agya ne Yohane, a n’agya ne Simeon a ɔyɛ ɔsɔfoɔ a ɔfiri Yoarib firii Yerusalem bɛtenaa Modein.

2 Ɔwoo mmammarima nnum, Yohane a ne din pa ne Gadi,

3 Simon a wɔfrɛ no Tasi,

4 Yuda a wɔfrɛ no Makabeus,

5 Eleasa a wɔfrɛ no Awaran, ne Yonatan a wɔfrɛ no Afus.

6 Ɔhunuu abususɛm a na wɔreyɛ no wɔ Yuda ne Yerusalem,

7 na ɔkaa sɛ:

Ampa ara! Adɛn nti koraa na wɔwoo me sɛ menhu yei,

me nkurɔfoɔ sɛeɛ, kuro kronkron no sɛeɛ,

na metena hɔ wɔ ɛberɛ a wɔadane ama m’atamfoɔ,

na wɔde kronkronbea no ama ananafoɔ?

8 N’asɔredan adane ayɛ sɛ onipa a ɔnni animuonyam;

9 wɔasesa n’animuonyam nnoɔma de kɔ dommum mu.

Wɔakunkum ne mmɔtafowa wɔ mmɔntene so,

na wɔde ɔtamfo no afena akunkum ne mmabunu.

10 Ɔman bɛn na wɔnnyaa kyɛfa wɔ ne nhemfiemu

na wɔnnyee n’asadeɛ?

11 Wɔafa n’ahyehyɛdeɛ nyinaa kɔ;

ɔnne ne ho bio, wabɛdane akoa.

12 Na hwɛ, yɛn kronkronbea, yɛn ahoɔfɛ,

ne yɛn animuonyam abɛda hɔ mpan;

Amanaman mufoɔ agu ho fi.

13 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena aseɛ?

14 Afei Matatias ne ne mmammarima no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔfiraa ayitoma, na wɔsui pa ara.

Wɔpo abosonsomfoɔ som

15 Ɔhene asomfoɔ a na wɔhwɛ ma ahuhusɛm kɔ so no baa Modein kuro mu sɛ wɔrebɛma wɔn abɔ afɔdeɛ.

16 Nnipa bebree firi Israel baa wɔn nkyɛn; na Matatias ne ne mmammarima no bɔɔ dwa.

17 Afei ɔhene asomfoɔ no ka kyerɛɛ Matatias sɛ: Woyɛ ɔkannifoɔ a wowɔ animuonyam na woyɛ kɛseɛ wɔ kuro yi mu, na wo mmammarima ne wo nuanom taa w’akyi.

18 Di kan bra seesei ara na bɛyɛ deɛ ɔhene ahyɛ no, sɛdeɛ Amanaman mufoɔ ne nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa ne nnipa nkaeɛ a wɔwɔ Yerusalem no ayɛ no. Ɛno ansa na wɔbɛkan wo ne wo mmabarimanom aka ɔhene Adɔfoɔ ho, na wɔde sika ne dwetɛ ne akyɛdeɛ bebree bɛhyɛ wo animuonyam.

19 Nanso Matatias de nne kɛseɛ bua kaa sɛ: Sɛ aman a wɔhyɛ ɔhene ase no nyinaa tie no, na wɔpene sɛ wɔbɛdi ne mmara so, na obiara agya wɔn nananom som mpo a,

20 me ne me mmammarima ne me nuanom bɛkɔ so ara atena yɛn nananom apam no mu.

21 Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛgya mmara ne ahyɛdeɛ no.

22 Yɛrentie ɔhene nsɛm no sɛ yɛredane afiri yɛn som ho akɔ nifa anaasɛ benkum.

23 Ɛberɛ a ɔwiee nsɛm yi ka no, Yudani bi firii adi berɛ a aniwa nyinaa tua no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so wɔ Modein, sɛdeɛ ɔhene mmara no teɛ no.

24 Ɛberɛ a Matatias hunuiɛ no, ninkunu dɛree ne mu na n’akoma kanyanee. Ɔde anibereɛ kasaa wɔ tenenee abufuo so; na ɔtuu mmirika kɔkumm no wɔ afɔrebukyia no so.

25 Ɛberɛ korɔ no ara mu, ɔkumm ɔhene somfoɔ a na ɔrehyɛ wɔn ama wɔabɔ afɔdeɛ no, na ɔbubuu afɔrebukyia no.

26 Saa nti, ɔtwee ninkunu wɔ mmara no ho, sɛdeɛ Pinehas yɛ tiaa Salu ba Simri no ara.

27 Afei Matatias de nne kɛseɛ teaam wɔ kuro no mu sɛ: Obiara a ɔtwe mmara no ne apam no ho ninkunu no mfiri adi mmɛka me ho!

28 Ɛnna ɔno ne ne mma no dwane kɔɔ mmepɔ no so, na wɔgyaa deɛ wɔwɔ nyinaa hɔ wɔ kuro no mu.

29 Saa berɛ no, obiara a ɔrehwehwɛ tenenee ne atɛntenenee no kɔɔ ɛserɛ so kɔtenaa hɔ,

30 wɔn, wɔn mma, wɔn yerenom ne wɔn mmoa, ɛfiri sɛ wɔkaa wɔn hyɛɛ amaneɛ mu kɛseɛ.

31 Na wɔka kyerɛɛ ɔhene asomfoɔ no, ne asraafoɔ a wɔwɔ Yerusalem a ɛyɛ Dawid kuro no mu, sɛ wɔn a wɔapo ɔhene mmara no adwane akɔsiesie ahunta mmeaeɛ wɔ ɛserɛ so.

32 Nnipa bebree tii wɔn, na wɔkɔsiane wɔn ho; wɔkyeree nsraban wɔ wɔn ntentensoɔ na wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔne wɔn rebɛko homeda mu.

33 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Momfiri adi mmra mmɛdi mmara a ɔhene ahyɛ no so, na mobɛtena ase.

34 Nanso wɔkaa sɛ: Yɛremfiri adi mma, ɛnna nso yɛrenyɛ deɛ ɔhene ahyɛ no mfa nngu homeda no ho fi.

35 Ɛhɔ ara na ɔtamfo no to hyɛɛ wɔn soɔ.

36 Nanso wɔammua wɔn, ɛnna nso wɔampa wɔn aboɔ anaasɛ wɔantuatua wɔn wɔn ahunta mmeaeɛ hɔ,

37 ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Momma yɛn nyinaa nwu wɔ yɛn bemdie mu; ɔsoro ne asase di yɛn adanseɛ sɛ morekunkum yɛn a ɛmfata.

38 Ɛno nti, wɔto hyɛɛ wɔn so homeda mu, na wɔwui, wɔn ne wɔn yerenom, wɔn mma ne wɔn mmoa, na wɔn dodoɔ yɛ apem.

39 Ɛberɛ a Matatias ne ne nnamfonom teeɛ no, wɔsuu wɔn yie.

40 Na obiara ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Sɛ yɛn nyinaa yɛ sɛdeɛ yɛn nuanom yi yɛeɛ yi na yɛn ne Amanaman mufoɔ yi anko annye yɛn nkwa ne yɛn ahyɛdeɛ yi a, wɔbɛsɛe yɛn afiri asase so ntɛm so.

41 Saa nti wɔsii saa agyinaeɛ yi da no sɛ: Momma yɛn ne obiara a ɔba bɛto hyɛ yɛn so homeda no nko; mommma yɛnnwunwu sɛdeɛ yɛn nuanom wuwuiɛ wɔ wɔn ahuntaeɛ hɔ no.

Wɔtu sa bio

42 Ɛnna afei wɔn ne Hasideafoɔ asafokuo, Israel nnɔmmarima, ne wɔn a wɔfiri wɔn pɛ mu de wɔn ho sii hɔ maa mmara no kaboom.

43 Na wɔn a wɔadwane afiri amanehunu mu na wɔabɔ asesa de wɔn ho bɛbɔɔ wɔn maa wɔnyaa ahoɔden.

44 Wɔboaboaa asraafoɔ ano, na wɔnam abufuo so kunkumm abɔnefoɔ, ne abufuhyeɛ so kunkumm atuatefoɔ; mfirimufoɔ dwane kɔɔ Amanaman mufoɔ no hɔ kɔhuntaeɛ.

45 Na Matatias ne ne nnamfonom nantenantee bubuu afɔremmukyia no;

46 wɔnam ɔhyɛ so twitwaa mmarimaa a wɔhunuu wɔn wɔ Israel ahyeɛ so, na wɔntwaa wɔn twetia no twetia.

47 Wɔtaataa ahantanfoɔ no, na dwumadie no yɛɛ prɔmprɔm wɔ wɔn nsam.

48 Wɔgyee mmara no firii Amanaman mufoɔ ne ahemfo no nsam, na wɔamma ɔdebɔneyɛni annya tumi biara bio.

Matatias nsɛm a ɛdi akyire

49 Afei Matatias rebɛwu no, na ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: Afei ahomasoɔ ne animtiabuo ayɛ kɛseɛ; ɛyɛ ɔsɛeɛ ne anibereɛ abufuo berɛ.

50 Saa berɛ yi, me mma monkyerɛ nsiyɛ wɔ mmara no ho, na momfa mo nkwa nto hɔ mma yɛn nananom apam no.

51 Monkae nananom nnwuma no, deɛ wɔyɛeɛ wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ berɛ so; na mobɛnya animuonyam ne edin a ɛwɔ hɔ daa.

52 Wɔanhu Abraham sɛ ɔnokwafoɔ, ɛberɛ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ, na wɔbuu no sɛ ɔteneneeni?

53 Yosef ahokyere berɛ mu no ɔdii mmara no so, na ɔbɛyɛɛ owura wɔ Misraim.

54 Yɛn nana Pinehas, ɛsiane sɛ na ɔwɔ nsiyɛ kɛseɛ nti, ɔnyaa daa asɔfodie apam.

55 Yosua, ɛsiane sɛ ɔdii mmara no soɔ nti, ɔbɛyɛɛ ɔtemmuafoɔ wɔ Israel.

56 Kaleb, ɛsiane sɛ ɔdii adanseɛ wɔ badwam nti, ɔnyaa agyapadeɛ wɔ asase no so.

57 Dawid, ɛsiane sɛ na ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ nti, ɔnyaa ahennie no mu ahennwa afebɔɔ.

58 Elia, ɛsiane ninkunu kɛseɛ a ɔtwee wɔ mmara no ho nti, wɔfaa no kɔɔ soro.

59 Hanania, Asaria ne Misael gye diiɛ na wɔgyee wɔn firii ogyaframa no mu.

60 Daniel, ɛsiane ne ho a na ɛnni asɛm nti, wɔgyee no firii agyata anom.

61 Ne saa nti, hyɛ no nso ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ, obiara nni hɔ a ɔde ne ho ato ne so na wannya ahoɔden.

62 Nsuro nnebɔneyɛfoɔ nsɛm no, ɛfiri sɛ wɔn ahoɔfɛ bɛdane ayɛ agyanan ne nsonsono.

63 Wɔbɛma wɔn so nnɛ, nanso, ɔkyena na wɔnhu wɔn, ɛfiri sɛ na wɔasane kɔ dɔteɛ mu, na wɔn nsusuiɛ bɛyera.

64 Me mma, mo bo nyɛ duru, na monyɛ den wɔ mmara no mu, ɛfiri sɛ ɛnam ɛno so na mobɛnya animuonyam.

65 Mo nua Simeon a menim sɛ ɔwɔ nyansa wɔ agyinatuo mu ni; daa montie no; ɔno na ɔbɛyɛ mo agya.

66 Yuda Makabeus ayɛ dɔmmarima firi ne mmɔfraase; ɔno na ɔbɛda asraadɔm no ano ama mo na ɔne nkurɔfoɔ ako.

67 Ma wɔn a wɔdi mmara no soɔ nyinaa ntwi mmɛn wo, na tɔ were wɔ bɔne a wɔde ayɛ wo nkurɔfoɔ no so.

68 Tua Amanaman mufoɔ no deɛ wɔayɛ nyinaa so ka, na di mmara ahyɛdeɛ no so.

69 Afei ɔhyiraa wɔn, na ɔtoaa ne nananom wɔ asamando.

70 Ɔwuiɛ no na wadi mfeɛ ɔha aduanan nsia,na wɔsiee no wɔ ne nananom da a ɛwɔ Modein no mu. Na Israel nyinaa de kwadwom suu no kɛseɛ.