Hosea 11

Nyankopɔn mmɔborɔhunu

1 Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no,

na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.

2 Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no,

dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ;

wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ,

na wɔhyee aduhwam maa ahoni.

3 Nso me na megyegyee Efraim taataa;

meturuu wɔn m’abasa so,

na wɔanhunu sɛ masa wɔn yadeɛ.

4 Nnipa nhoma na mede metwee wɔn,

ne ɔdɔ ntampehoma nso,

na meyɛɛ wɔn sɛ deɛ

ɔmema kɔnnua soɔ wɔ wɔn nnyepi so,

na meyɛɛ no brɛɛ memaa no didii.

5 Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio,

na Asiria na ɔyɛ ne hene,

ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn.

6 Na wɔn agyinatuo ahodoɔ no nti

afena bɛkyinkyini ne nkuro mu,

na ɛbɛsɛe n’apono akyiri adaban awie.

7 Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim,

na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a,

wɔn mu biara mmua me mpo.

8 Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim,

na magyaa wo mu sɛn, O Israel!

Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma,

na mayɛ wo sɛ Seboim?

M’akoma adane wɔ me mu, aane!

mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.

9 Merenni m’abufuhyeɛ no so,

merensane memmɛsɛe Efraim;

na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa,

wo mu kronkronni ne me,

na meremma abohuro so.

10 Wɔbɛdi AWURADE

a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi,

ampa ara ɔbɛbobom,

na mma de ahopopoɔ afiri po akyiri aba.

11 Wɔde ahopere bɛfiri Misraim aba sɛ nnomaa,

na wɔafiri Asiria asase so aba sɛ mmuruburo,

na mede wɔn madua wɔn afie mu, AWURADE asɛm nie.

12 Efraim de atorɔ

na Israel fie de nsisie atwa me ho ahyia,

nanso Yuda deɛ ɔbɔ Onyankopɔn,

Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ no ho kɔntɔnkrɔn.

Hosea 12

Yakob nhwɛsoɔ

1 Efraim hwe mframa,

na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa

wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso,

na wɔne Asiria kɔ apam,

na wɔsoa ngo kɔ Misraim.

2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm,

na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ;

sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.

3 Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin,

na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.

4 Ɔne ɔbɔfoɔ no koe, na ɔtumii;

ɔsui na ɔpaa no kyɛw;

ɔhunuu no Betel,

na ɛhɔ na ɔne yɛn kasaeɛ.

5 Na AWURADE yɛ asafo Nyankopɔn,

AWURADE ne ne din a wɔde kae no.

6 Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn;

sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu,

na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.

7 Kanaan, nsisie nsania wɔ ne nsam,

ɔpɛ amimdie.

8 Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara,

manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu,

wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me.

9 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn

de firi Misraim asase so;

mɛma woatena ntomadan mu bio

sɛ afahyɛ nna no mu.

10 Na makasa makyerɛ adiyifoɔ no,

na mama anisoadehunu adɔɔso,

na menam adiyifoɔ ano so mabubu mmɛ.

11 Gilead yɛ abusudeɛ anaa?

Wɔadane ahuhudeɛ ara;

Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ,

wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ

afuo mu nkofie so aboɔkuo.

12 (Na Yakob dwane kɔɔ Siria asase so,

na Israel som ɛyerɛ ho,

na ɛyerɛ nti ɔhwɛɛ nnwan.)

13 Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae,

na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.

14 Efraim yii abufuo sɛ,

enti ɔbɛma mogya a ɔdi ho so no abua n’atifi,

na n’ahohora nso, n’AWURADE bɛdane agu ne so.

Hosea 13

Wɔsɛe wɔ Nyankopɔn abufuo mu

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu;

ɔmaa ne ho so Israel mu,

ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.

2 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne,

na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni

ne wɔn nhunumu ano adwinhoni;

ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ,

nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano.

3 Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum

ne obosuo a ɛtua nhema korɔ,

sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea

ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no.

4 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn

de firi Misraim asase so,

na wonnim Onyankopɔn biara sɛ me nko,

na ɔgyefoɔ biara nni m’akyi.

5 Me na mehunuu wo ɛserɛ no soɔ,

sukɔm asase no so.

6 Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee,

wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so,

enti wɔn werɛ firii me.

7 Saa nti, meyɛɛ wɔn sɛ gyata,

metɛɛ ɔkwan mu sɛ ɔsebɔ.

8 Mɛto mahyɛ wɔn so sɛ sisire a wɔafa ne mma,

na matete wɔn koko a wɔn akoma da mu no,

na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabereɛ;

wiram mmoa bɛsunsuane wɔn mu.

9 Meyɛ wo boafoɔ deɛ,

nanso wɔrebɛsɛe wo, O Israel!

10 Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu,

ne w’atemmufoɔ

a wokaa sɛ:

Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

11 Memaa wo ɔhene m’abufuo mu,

na meyii no hɔ m’anibereɛ mu.

12 Wɔakyekyere Efraim amumuyɛ,

wɔde ne bɔne asie.

13 Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no;

ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa,

sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina

deɛ mma fa mu siane hɔ.

14 Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa?

Mɛgye wɔn owuo mu anaa?

Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ?

Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ?

Ahonu ahunta afiri m’ani so.

15 Na ɔbɛso aba ne nuanom mu.

Apueeɛ ahum bɛtu,

AWURADE mframa firi ɛserɛ so bɛbɔ,

na n’asubura mu awe,

na ne nsuo aniwa to atwa;

na ɔbɛfom adekoradan mu

afɛfɛdeɛ nyinaa.

16 Samaria tiri ato,

sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua;

afena ano na wɔbɛtotɔ;

wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ,

na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.

Hosea 14

Israel ahonu ne Nyankopɔn nhyira

1 Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn;

na w’amumuyɛ nti woahwe ase.

2 Momfa nsɛm nkura

nsane mmra AWURADE nkyɛn;

monka nkyerɛ no sɛ:

Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ,

na gye papa,

na yɛmfa yɛn ano nyɛ

anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.

3 Asiria rennye yɛn,

apɔnkɔ so nso yɛrentena,

nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ:

Yɛn nyame! bio;

ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.

4 Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ,

mɛyi me yam madɔ wɔn,

na m’abufuo adane afiri ne so.

5 Mɛdane sɛ bosuo mama Israel,

ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko,

na wagye nhini sɛ Lebanon.

6 Ne mman bɛdennan,

na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua,

na ayi hwa sɛ Lebanon.

7 Wɔn a wɔtete ne nwunu aseɛ

bɛsane abɛma ayuo asane anya afiriyɛ,

na wɔafefɛ sɛ bobe

a ne din atahye sɛ Lebanon bobesa.

8 Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio?

Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho,

me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm,

me so na wɔbɛhunu w’aba.

9 Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu,

nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno?

Na AWURADE akwan yɛ tee,

na ateneneefoɔ bɛnante so,

na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.

Hesekiel 1

Nyankopɔn animuonyam adiyie

1 Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, na ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.

2 Bosome no da a ɛtɔ so nnum, (Ɔhene Yoiakin tukorɔ afe a ɛtɔ so nnum mu no),

3 AWURADE asɛm baa Busi ba Ɔsɔfoɔ Hesekiel nkyɛn, wɔ Kaldeafoɔ asase so, Asuo Kebar ho. Ɛhɔ AWURADE nsa baa ne so.

4 Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ.

5 Na emu na abɔdeɛ ateasefoɔ baanan nsɛsoɔ bi firi pueeɛ, na sɛdeɛ wɔn su teɛ nie: Wɔwɔ onipa suban;

6 wɔwowɔ anim nnan nnan, na wɔn mu biara wɔ ntaban nnan nnan.

7 Wɔn nan yɛ torodotorodoo, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba tɔte a ɛho hyerɛn sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho dɛhyɛdɛhyɛ.

8 Na wɔwɔ nnipa nsa, wɔn ntaban ase, wɔn afa nnan no, na wɔn baanan no wowɔ anim ne ntaban sɛɛ:

9 Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnanedane wɔn ho wɔn nanteɛ mu; wɔn nyinaa kɔ anim tee.

10 Na sɛ wɔn anim suban no teɛ nie: Wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwie anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ kɔdeɛ anim wɔ wɔn akyi.

11 Sɛ wɔn anim teɛ nie. Wɔn ntaban mu apae firi soro ba fam; wɔn ntaban mmienu mmienu sisi anim, na mmienu mmienu katakata wɔn nipadua ho.

12 Na wɔn nyinaa nenam kɔ wɔn anim tee, deɛ honhom no rekorɔ hɔ na wɔkorɔ, wɔn nanteɛ mu wɔnnanedane wɔn ho.

13 Na abɔdeɛ ateasefoɔ no suban no, ne wɔn su te sɛ nnyansramma a ɛredɛreɛ, sɛ tɛnee; ɛno na ɛnenam abɔdeɛ ateasefoɔ no ntam, na ogya no hyerɛnn, na anyinam firii ogya no mu.

14 Na abɔdeɛ ateasefoɔ no de mmirika redi akɔneaba te sɛ anyinam.

15 Na merehwɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no, na hwɛ, na nkyimiiɛ baako si asase so wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no nkyɛn mu, anim nnan no mu biara deɛ koro.

16 Nkyimiiɛ no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikaberɛboɔ ani, na nnan no kura suban korɔ, na wɔn su ne wɔn yɛbea te sɛ nkyimiiɛ a ɛhyɛ nkyimiiɛ mu.

17 Sɛ wɔnante a, wɔnam wɔn afa nnan so, wɔnnanedane wɔ wɔn nanteɛ mu.

18 Wɔn hankra korɔn ma no yɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankra no ho amaama atwa nnan no nyinaa ho ahyia.

19 Na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no nante a, nkyimiiɛ no nso siane wɔn, na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, na nkyimiiɛ no nso ama ne ho so.

20 Baabiara a honhom no dane korɔ no, wɔkɔ; deɛ honhom no bɛkorɔ no, nkyimiiɛ no memaa ne ho so, wɔn nkyɛn mu kɔ bi, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu.

21 Wɔnante a, yeinom nso nante, na sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na wɔma wɔn ho so firi fam a, nkyimiiɛ no nso mema wɔn ho so, wɔn nkyɛn mu, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu.

22 Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.

23 Na wɔn ntaban tene tee sisi anim, ntrɛmu no ase, na mmienu mmienu nso katakata yeinom ne yeinom nipadua ho.

24 Na wɔnante a, na mete wɔn ntaban no gyegyeɛ sɛ asuo bebree gyegyeɛ, sɛ Otumfoɔ nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ ɛdɔm nne; sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.

25 Na ɛnne firi ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no so; wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.

26 Na ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no soɔ no te sɛ hoaboɔ ahennwa nsɛsoɔ, na ahennwa no nsɛsoɔ so na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ teɛ wɔ soro.

27 Na mehunui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya a emu fam hyia, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de rekɔ soro, nanso ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de reba fam no, mehunui na ɛte sɛ ogya, na ɛhran twa ho hyia.

28 Sɛdeɛ nyankontɔn a ɛwɔ mununkum mu osutɔ da teɛ no, saa ara na hyerɛn a ɛtwa ho hyia no teɛ.

Ɛno ne AWURADE animuonyam hwɛbea no tebea. Na mehunuiɛ no, mehwee ase de m’anim butuu fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.

Hesekiel 2

Odiyifoɔ no frɛ

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.

2 Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa me nan so, na metiee deɛ ɔne me kaeɛ no.

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israel mma nkyɛn, ɔman atuatefoɔ a wɔate m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de bɛsi nnɛ da yi.

4 Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na Awurade NYANKOPƆN seɛ.

5 Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.

6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ.

7 Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.

8 Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.

9 Mehwɛe, na hwɛ, nsa bi atene hwɛ me so, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ wɔ mu.

10 Na ɔtrɛɛ mu wɔ m’anim, na wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔatwerɛ mu kwadwom, apinisie ne mmusuo.

Hesekiel 3

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, deɛ wohunu no, di! Di nwoma mmobɔeɛ yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fie.

2 Ɛnna mebuee m’anomu, na ɔmaa medii nwoma mmobɔeɛ no,

3 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte sɛ ɛwoɔ wɔ m’anomu.

4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fie nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.

5 Na ɛnyɛ ɔman a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro nkyɛn na wɔasoma woɔ, na mmom Israel fie nkyɛn;

6 ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔn deɛ, wɔbɛtie wo.

7 Na Israel fie mpɛ sɛ wɔtie woɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Na Israel fie nyinaa moma so ayɛ den, na wɔn akoma apirim.

8 Hwɛ, mayɛ w’anim denden wɔ wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den atia wɔn moma so.

9 Mayɛ wo moma so sɛ ahemmoɔ a ɛyɛ den sene twerɛboɔ; nsuro wɔn, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim, na wɔyɛ atuatefoɔ.

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka kyerɛ woɔ nyinaa, fa w’akoma gye na fa w’aso tie,

11 na si mu kɔ atukɔfoɔ, wo man no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wɔtie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sei na Awurade NYANKOPƆN seɛ.

12 Ɛnna honhom no maa me soɔ, na metee ɔwosoɔ kɛseɛ nne wɔ m’akyiri sɛ: Nhyira ne AWURADE animuonyam firi deɛ ɔteɛ hɔ.

13 Na metee ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi mu no nne, ne nkyimiiɛ a ɛwowɔ wɔn nkyɛn mu no nne, ne ɔwosoɔ kɛseɛ nne.

14 Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.

15 Na mebaa Tel-abib atukɔfoɔ a wɔtete Asuo Kebar ho no nkyɛn deɛ wɔteɛ hɔ no, na metenaa hɔ nnanson, na me ho dwirii me wɔ wɔn mu.

Wɔsi Hesekiel ɔwɛmfoɔ

16 Na nnanson twaa mu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17 Onipa ba, mede wo masi Israel fie wɛmfoɔ; enti tie m’anomu asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.

18 Sɛ mese ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no, antwe ɔbɔnefoɔ no amfiri n’akwammɔne so, na wannya nkwa a, ɛnneɛ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu deɛ, nanso ne mogya deɛ mɛbisa no wɔ wo nsam.

19 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ, na wansane amfiri ne bɔne no mu ne n’akwammɔne no so a, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo deɛ, woagye wo kra.

20 Bio, sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee mu na ɔyɛ abusudeɛ a, mede suntidua bɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, ɔbɛwu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetenenee a ɔyɛeɛ no; na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.

21 Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔteneneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na ɔbɛnya, ɛfiri sɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woayi wo kra.

Nyankopɔn animuonyam adiyie foforɔ

22 Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre firi adi kɔ bonhwa no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ.

23 Ɛnna mesɔre firi kɔɔ bonhwa no mu, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no gyina hɔ sɛ animuonyam a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.

24 Na honhom no bɛhyɛnee me mu maa megyinaa me nan so, na ɔne me kasae, ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fie.

25 Na wo, onipa ba, hwɛ, wɔde nhoma bɛgu wo so de akyekyere wo, na worentumi mfiri adi nkɔ wɔn mu.

26 Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie.

27 Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na Awurade NYANKOPƆN seɛ. Ma ɔtefoɔ nte, na ogyaefoɔ nnyae; na wɔyɛ asowuiɛ fie.

Hesekiel 4

Wɔtua Yerusalem

1 Na wo onipa ba, fa ntaayaa to w’anim, na kurukyire so kuro a ɛne Yerusalem,

2 na ka no hyɛ mu, na to aban wɔ ho, na bɔ ho pie, na kyere ho nsraban hyia, na fa ɔfasuobuo afidie sisi ho hyia.

3 Na wo nso, fa dadeɛ ayowa, na fa yɛ dadeɛ fasuo, wo ne kuro no ntam, na dane w’ani kyerɛ no, na ɛnni ntekamu, na tua no; ɛno nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israel fie.

4 Na wo deɛ, da wo mfe benkum so, na mede Israel fie amumuyɛ bɛto wo so; ɛnna dodoɔ a woda soɔ no, na wobɛsoa wɔn amumuyɛ.

5 Na me deɛ, mede wɔn amumuyɛ mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo, nna ahasa aduɔkron na wobɛsoa Israel fie amumuyɛ no.

6 Na wowie yeinom a, sane da wo mfe nifa so soa Yuda fie amumuyɛ adaduanan; mede afe baako biara mayɛ wo da koro.

7 Na dane w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyɛmu no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu ne so.

8 Na hwɛ, mede nhoma bɛgu wo so, na woantwa adafa amfiri wo mfe so ankɔ wo mfe so, de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie wo nkahyɛmu nna no ansa.

9 Na wo deɛ, fa ayuo ne atokoɔ ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburoo hyɛ adeɛ baako mu fa, na fa yɛ w’aduane di nna dodoɔ a wode bɛda wo mfe soɔ no, ɛne nna ahasa aduɔkron;

10 na w’aduane a wobɛdie no, kari nnwetɛbena aduonu da koro, fa firi berɛ mu kɔsi berɛ mu di.

11 Na nsuo nso susu na nom, susutoa nkyɛmu nsia mu baako, na nom firi berɛ mu kɔsi berɛ mu.

12 Na di no atokoɔ ɔfam a wode sɛbeɛ a ɛfiri onipa mu atoto, wɔn anim.

13 Na AWURADE kaa sɛ: Saa ara na Israelfoɔ bɛdi wɔn aduane a ɛho akum, amanaman a mɛsum wɔn akɔ hɔ no mu.

14 Ɛnna mese: Ao, Awurade NYANKOPƆN, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da.

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwie bini masi onipa sɛbeɛ ananmu ama wo, na woato wo paanoo wɔ so.

16 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, paanootoɔ bɛtwam wɔ Yerusalem, na wɔadi paanoo nkariiɛ so ne nhwɛyie mu, na nsuo nso wɔanom no nsusuiɛ ne ahodwirie so,

17 na paanoo ne nsuo ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiri wɔn, onipa ne ne nua ho, na wɔatete wɔ wɔn amumuyɛ mu.

Hesekiel 5

Ɔman no sɛeɛ

1 Na wo onipa ba, fa nkrantɛ nnamnnam na fa yɛ oyifoɔ yiwan na fa yi w’atifi ne wo bɔdwesɛ, na fa nsania kari nwi no, na kyɛ mu.

2 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire.

3 Na fa emu kakraa bi a ne dodoɔ sua kyekyere w’atadeɛ ano.

4 Na fa emu bi bio, na to gu ogya mu, fa ogya hye: Ɛno mu na ogya bɛfiri aba Israel fie nyinaa so.

5 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Yei ne Yerusalem, mede no asi amanaman ntam, na nsase atwa ne ho ahyia.

6 Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:

7 Ɛno nti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ modii asɛmmɔne sene amanaman a wɔatwa mo ho ahyia, na moannante m’ahyɛdeɛ mu, na moayɛ m’atemmudeɛ, na moanyɛ sɛ amanaman a wɔtwa mo ho hyia no atemmudeɛ mpo no,

8 ɛno nti, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛbu wo atɛn, amanaman no anim.

9 Na ɛsiane w’akyiwadeɛ nyinaa nti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ ne nsɛsoɔ bio.

10 Enti wo mu na agyanom bɛdi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkaeɛ nyinaa apete mframa nyinaa ano.

11 Enti sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ nyinaa, ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’ani renni wo ho adɔna, na me nso merenhunu mmɔbɔ.

12 Wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu owuyadeɛ ano, na ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn wo mu, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na matwe nkrantɛ madi wɔn akyi.

13 Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.

14 Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wɔtwam nyinaa anim.

15 Na wɔbɛyɛ ahohora ne yea, asotwe ne ahodwire ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, ɛberɛ a mɛbu wo mu atɛn, abufuo ne anibereɛ ne anibereɛ animka mu no, me AWURADE na maka.

16 Ɛberɛ nso a mede ɛkɔm agyan bɔne bɛtoto wɔn ama ɔsɛeɛ aba no, deɛ mɛtoto sɛ mede meresɛe mo, na mɛma ɛkɔm adɔɔso mo so, na mabu mo paanoo dua no.

17 Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.

Hesekiel 6

Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,

3 na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie Awurade NYANKOPƆN asɛm: Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,

4 na mo afɔrebukyia adane afo, na wɔabubu mo aduhwam adum no, na mama mo atɔfoɔ agugu mo abosom ahoni anim,

5 na mede Israelfoɔ afunu magu wɔn abosom anim, na mabɔ mo nnompe apete mo afɔrebukyia ho ahyia.

6 Mo tenabea nkuro nyinaa bɛdane amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdane ahodwirideɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo afɔrebukyia adane afo ne ahodwirideɛ, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo aduhwam adum, na wɔagu mo nneyɛɛ no.

7 Na atɔfoɔ bɛhwehwe ase mo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

8 Nanso mɛgya mo mu ebinom a wɔbɛfiri nkrantɛ ano aka, amanaman mu, berɛ a wɔbɛbɔ mo apete nsase soɔ no.

9 Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.

10 Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE; ɛnyɛ ɔkwa na maka sɛ mɛyɛ wɔn bɔne yi.

11 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fie akyiwadeɛ bɔne nyinaa nti wɔnnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano.

12 Deɛ ɔwɔ akyirikyiri bɛwu owuyadeɛ ano, na deɛ ɔbɛn nso bɛtɔ nkrantɛ ano, na deɛ waka ne deɛ wɔakora no no bɛwu ɛkɔm ano, na m’anibereɛ bɛwie wɔn so.

13 Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfoɔ bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam, atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔ atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum akusukusuu nyinaa ase, deɛ wɔhye hɔ aduhwam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.

14 Na mɛtene me nsa atia wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ asene Ribla serɛ so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.