Israel ahonu ne Nyankopɔn nhyira
1 Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn;
na w’amumuyɛ nti woahwe ase.
2 Momfa nsɛm nkura
nsane mmra AWURADE nkyɛn;
monka nkyerɛ no sɛ:
Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ,
na gye papa,
na yɛmfa yɛn ano nyɛ
anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.
3 Asiria rennye yɛn,
apɔnkɔ so nso yɛrentena,
nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ:
Yɛn nyame! bio;
ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.
4 Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ,
mɛyi me yam madɔ wɔn,
na m’abufuo adane afiri ne so.
5 Mɛdane sɛ bosuo mama Israel,
ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko,
na wagye nhini sɛ Lebanon.
6 Ne mman bɛdennan,
na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua,
na ayi hwa sɛ Lebanon.
7 Wɔn a wɔtete ne nwunu aseɛ
bɛsane abɛma ayuo asane anya afiriyɛ,
na wɔafefɛ sɛ bobe
a ne din atahye sɛ Lebanon bobesa.
8 Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio?
Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho,
me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm,
me so na wɔbɛhunu w’aba.
9 Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu,
nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno?
Na AWURADE akwan yɛ tee,
na ateneneefoɔ bɛnante so,
na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.