Hesekiel 3

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, deɛ wohunu no, di! Di nwoma mmobɔeɛ yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fie.

2 Ɛnna mebuee m’anomu, na ɔmaa medii nwoma mmobɔeɛ no,

3 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte sɛ ɛwoɔ wɔ m’anomu.

4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fie nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.

5 Na ɛnyɛ ɔman a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro nkyɛn na wɔasoma woɔ, na mmom Israel fie nkyɛn;

6 ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔn deɛ, wɔbɛtie wo.

7 Na Israel fie mpɛ sɛ wɔtie woɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Na Israel fie nyinaa moma so ayɛ den, na wɔn akoma apirim.

8 Hwɛ, mayɛ w’anim denden wɔ wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den atia wɔn moma so.

9 Mayɛ wo moma so sɛ ahemmoɔ a ɛyɛ den sene twerɛboɔ; nsuro wɔn, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim, na wɔyɛ atuatefoɔ.

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka kyerɛ woɔ nyinaa, fa w’akoma gye na fa w’aso tie,

11 na si mu kɔ atukɔfoɔ, wo man no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wɔtie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sei na Awurade NYANKOPƆN seɛ.

12 Ɛnna honhom no maa me soɔ, na metee ɔwosoɔ kɛseɛ nne wɔ m’akyiri sɛ: Nhyira ne AWURADE animuonyam firi deɛ ɔteɛ hɔ.

13 Na metee ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi mu no nne, ne nkyimiiɛ a ɛwowɔ wɔn nkyɛn mu no nne, ne ɔwosoɔ kɛseɛ nne.

14 Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.

15 Na mebaa Tel-abib atukɔfoɔ a wɔtete Asuo Kebar ho no nkyɛn deɛ wɔteɛ hɔ no, na metenaa hɔ nnanson, na me ho dwirii me wɔ wɔn mu.

Wɔsi Hesekiel ɔwɛmfoɔ

16 Na nnanson twaa mu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17 Onipa ba, mede wo masi Israel fie wɛmfoɔ; enti tie m’anomu asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.

18 Sɛ mese ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no, antwe ɔbɔnefoɔ no amfiri n’akwammɔne so, na wannya nkwa a, ɛnneɛ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu deɛ, nanso ne mogya deɛ mɛbisa no wɔ wo nsam.

19 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ, na wansane amfiri ne bɔne no mu ne n’akwammɔne no so a, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo deɛ, woagye wo kra.

20 Bio, sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee mu na ɔyɛ abusudeɛ a, mede suntidua bɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, ɔbɛwu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetenenee a ɔyɛeɛ no; na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.

21 Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔteneneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na ɔbɛnya, ɛfiri sɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woayi wo kra.

Nyankopɔn animuonyam adiyie foforɔ

22 Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre firi adi kɔ bonhwa no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ.

23 Ɛnna mesɔre firi kɔɔ bonhwa no mu, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no gyina hɔ sɛ animuonyam a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.

24 Na honhom no bɛhyɛnee me mu maa megyinaa me nan so, na ɔne me kasae, ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fie.

25 Na wo, onipa ba, hwɛ, wɔde nhoma bɛgu wo so de akyekyere wo, na worentumi mfiri adi nkɔ wɔn mu.

26 Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie.

27 Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na Awurade NYANKOPƆN seɛ. Ma ɔtefoɔ nte, na ogyaefoɔ nnyae; na wɔyɛ asowuiɛ fie.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

20 − 12 =