Hosea 12

Yakob nhwɛsoɔ

1 Efraim hwe mframa,

na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa

wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso,

na wɔne Asiria kɔ apam,

na wɔsoa ngo kɔ Misraim.

2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm,

na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ;

sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.

3 Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin,

na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.

4 Ɔne ɔbɔfoɔ no koe, na ɔtumii;

ɔsui na ɔpaa no kyɛw;

ɔhunuu no Betel,

na ɛhɔ na ɔne yɛn kasaeɛ.

5 Na AWURADE yɛ asafo Nyankopɔn,

AWURADE ne ne din a wɔde kae no.

6 Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn;

sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu,

na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.

7 Kanaan, nsisie nsania wɔ ne nsam,

ɔpɛ amimdie.

8 Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara,

manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu,

wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me.

9 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn

de firi Misraim asase so;

mɛma woatena ntomadan mu bio

sɛ afahyɛ nna no mu.

10 Na makasa makyerɛ adiyifoɔ no,

na mama anisoadehunu adɔɔso,

na menam adiyifoɔ ano so mabubu mmɛ.

11 Gilead yɛ abusudeɛ anaa?

Wɔadane ahuhudeɛ ara;

Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ,

wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ

afuo mu nkofie so aboɔkuo.

12 (Na Yakob dwane kɔɔ Siria asase so,

na Israel som ɛyerɛ ho,

na ɛyerɛ nti ɔhwɛɛ nnwan.)

13 Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae,

na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.

14 Efraim yii abufuo sɛ,

enti ɔbɛma mogya a ɔdi ho so no abua n’atifi,

na n’ahohora nso, n’AWURADE bɛdane agu ne so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

14 + twenty =