Malaki 2

Asɔfoɔ no asotwe

1 Na afei, deɛ wɔahyɛ yi, wɔne mo, asɔfoɔ.

2 Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.

3 Hwɛ, mɛtwi mo asefoɔ anim, na mabɔ sɛbeɛ mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbeɛ no, na wɔasesa mo aka ɛno ho akɔ;

4 na mobɛhunu sɛ me na mesoma maa wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo AWURADE na ɔseɛ.

5 M’apam no yɛɛ no nkwa ne asomdwoeɛ, na mede memaa no sɛ ɔnsuro. Na ɔsuroo me, na me din nti ne ho popoe.

6 Nokorɛ mmara daa n’anomu, na wɔanhunu n’anomu akontonkyisɛm biara; asomdwoeɛ ne tenenee mu na ɔne me nanteeɛ, na ɔdanee nnipa pii firi amumuyɛ ho.

7 Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.

8 Nanso moafiri ɔkwan no so amane, moama nnipa bebree asunti mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.

9 Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛdeɛ monni m’akwan soɔ na mohwɛ nnipa anim, na mobu ntɛnkyea.

Awaresɛeɛ

10 Ɛnyɛ agya korɔ na yɛn nyinaa yɛwɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn korɔ na ɔbɔɔ yɛn? Ɛnam deɛn so nti na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde bɛgu yɛn agyanom apam ho fi yi?

11 Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa.

12 AWURADE bɛtwa ɔbarima a ɔyɛ yei, sɛ ɔnim na ɔboapa yɛ no afiri Yakob ntomadan mu, na wapo n’ayɛyɛdeɛ a ɔde brɛ asafo AWURADE no.

13 Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio.

14 Na mobisa sɛ: Ɛnam deɛn so? Ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ntam danseni, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafoɔ ne w’apam yerɛ no.

15 Ɛnyɛ baako na Onyankopɔn yɛɛ mo wɔ ne honhom mu? Na ɛdeɛn ntira, sɛ mobɛwo mma a nyamesuro wɔ wɔn mu. Enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na ntwa wo mmeranteberɛ mu yerɛ nkontompo.

16 Na metane awareguo, AWURADE, Israel Nyankopɔn na ɔseɛ, ne deɛ ɔde mmusuo kata n’atadeɛ soɔ, enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na monntwa nkontompo.

17 Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?

Malaki 4

1 Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.

2 Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,

3 na mobɛtɔ sotia abɔnefoɔ so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ no so, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ

4 Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.

5 Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.

6 Na ɔbɛdanedane agyanom akoma aba mma so, ne mma akoma aba agyanom so, na mamma ammɛfa mmusuo ammɔ asase no.

Sakaria 1

Ahonu ho kɔkɔbɔ

1 Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn, sɛ:

2 Abohuro na AWURADE bo huru tiaa mo agyanom.

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ.

4 Monnyɛ sɛ mo agyanom a kane adiyifoɔ no pae kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne no ho, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, AWURADE asɛm nie.

5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no, wɔtena hɔ kɔsi daa?

6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no.

Onyankopɔn dɔ Sion

7 Bosome a ɛtɔ so dubaako a ɛne bosome Sebat da a ɛtɔ so aduonu nnan, Dario afe a ɛtɔ so mmienu mu, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ:

8 Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?

9 Na ɔbɔfoɔ a ɔrekasa akyerɛ me no ka kyerɛɛ me sɛ: Merebɛkyerɛ wo adekodeɛ a yeinom yɛ.

10 Na ɔbarima a ɔgyina ohwamdua no ntam no buaa sɛ: Yeinom na AWURADE asoma wɔn sɛ wɔnkɔkyini asase soɔ.

11 Na wɔbuaa AWURADE bɔfoɔ a ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: Yɛakyini asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.

12 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo ahuro atia wɔn mfirinhyia aduɔson nie?

13 Na AWURADE de nsɛm pa ne awerɛkyekyerɛ nsɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.

14 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: Pae ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ninkunu kɛseɛ na matwe no Yerusalem ne Sion ho,

15 na abohuro kɛseɛ na me bo huru tia amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo huruu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne.

16 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.

17 Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nnepa bɛbu so me nkuro mu, na AWURADE bɛkɔ so akyekyere Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.

Mmɛn nnan ne atomfoɔ baanan ho asɛm

18 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na mmɛn nnan nie.

19 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.

20 Na AWURADE kyerɛɛ me atomfoɔ baanan.

21 Na mebisaa sɛ: Ɛdeɛn na yeinom bɛyɛeɛ? Na ɔse: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda peteeɛ na obi amma ne tiri soɔ no, na atomfoɔ baanan no baa wɔn ehuyie, sɛ wɔbɛtutu amanaman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase de bɔɔ wɔn peteeɛ no mmɛn.

Sakaria 2

Onipa a ɔkura susuhoma no

1 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na ɔbarima bi a susuhoma kura ne nsam nie.

2 Na mebisaa sɛ: Ɛhe na worekorɔ? Na ɔbuaa see me sɛ: Merekɔ makɔsusu Yerusalem mahwɛ sɛdeɛ ne trɛ ne ne ntwemu teɛ.

3 Na hwɛ, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adi, na ɔbɔfoɔ foforɔ firii adi kɔhyiaa no,

4 na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;

5 na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam.

6 Huu, huu! Monnwane mfiri atifi fam asase so, na matrɛ mo mu sɛ ɔsoro mframa nnan no, AWURADE asɛm nie.

7 Huu, Sion, bɔ wo ho adwaa, wo a wo ne Babel babaa teɛ no.

8 Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.

9 Na hwɛ, wɔn so na mɛhwim me nsa na wɔadanedane fomfa adeɛ ama wɔn nkoa, na moahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me.

10 To ahurisie dwom ma w’ani nnye, Sion babaa, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, AWURADE asɛm nie.

11 Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ AWURADE ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wobɛhunu sɛ asafo AWURADE na asoma me wo nkyɛn.

12 Na AWURADE bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa asase kronkron no so, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.

13 Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.

Sakaria 3

Wɔdom ɔsɔfo panin no

1 Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

2 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?

3 Nso na Yosua hyɛ ntade fi na ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim.

4 Na ɔbɔfoɔ no buaa see wɔn a wɔgyinagyina n’anim no sɛ: Monyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mama w’amumuyɛ no afiri wo so kɔ, na mede ntadeɛ nsakyeraho mahyɛ wo.

5 Na mese. Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ no. Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntadeɛ. Na AWURADE bɔfoɔ no gyina hɔ.

6 Na AWURADE bɔfoɔ no dii Yosua adanseɛ sɛ:

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam.

8 Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.

9 Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro.

10 Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfoɔ aba bobe ase ne borɔdɔma ase.

Sakaria 4

Kaneadua ho anisoadehunu

1 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sane bae, ɔbɛnyanee me sɛ onipa a wɔnyane no firi ne nna mu,

2 na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.

3 Na ngo nnua mmienu sisi hɔ, baako si ngo toa no nifa, na baako si ne benkum soɔ.

4 Na mebua mesee ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom, me wura?

5 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no gyee so bisaa me sɛ: Wonnim adekodeɛ a yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura.

6 Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.

7 Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.

8 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9 Serubabel nsa na ato efie yi fapem, na ne nsa ara na ɛbɛwie, na woahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me mo nkyɛn.

10 Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.

11 Na mebisaa no sɛ: Ɛdeɛn ne kaneadua no nifa ne ne benkum ngo nnua mmienu yi?

12 Na mebuaa ne mprenu so see no sɛ: Ɛdeɛn ne ngo nnua no mman mmienu a ɛwowɔ sika ano mmienu a ɛhwie sika no ma no firi mu guo no ho yi?

13 Na ɔbisaa me sɛ: Wonnim deɛ yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura.

14 Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.

Sakaria 5

Nwoma mmobɔeɛ

1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo nie.

2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo, ne tentene basafa du, na ne trɛ basafa nnum.

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.

4 Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.

Ɔbaa a ɔte susukodoɔ mu

5 Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adie na ɔbisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, ɛdeɛn na ɛfiri adie yi?

6 Na mese: Ɛdeɛn nie? Na ɔse: Efa susudeɛ a ɛfiri adie no nie. Na ɔse: Yei ne wɔn ahwɛdeɛ, asase nyinaa so.

7 Na hwɛ, wɔmaa sumpii boɔ kurukuruwa bi so, na ɔbaa baako a ɔte efa no mu nie.

8 Na ɔse: Abɔnefosɛm nie. Na ɔtoo no twenee efa susudeɛ no mu, na ɔtoo sumpii boɔ no twenee ano.

9 Ɛnna memaa m’ani so mehwɛeɛ, na hwɛ, na mmaa baanu refiri adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn deɛ, na wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa efa no faa asase ne ɔsoro ntam.

10 Ɛnna mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛhe na yeinom de efa susudeɛ no rekorɔ yi?

11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔde rekɔ akɔsi dan ama no Sinear asase so, na wɔasiesie, na wɔde no atena ne tenabea hɔ.

Sakaria 6

Nteaseɛnam nnan no

1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.

2 Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔbire na ɛwɔ ho,

3 na teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔfufuo na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ nworonnworan ahoɔdenfoɔ na ɛwɔ ho.

4 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom, me wura?

5 Na ɔbɔfoɔ no bua see me sɛ: Yeinom ne ɔsoro mframa nnan a ɛfiri adi firi deɛ wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.

6 Deɛ apɔnkɔbire wɔ ho no, wɔfiri adi kɔ atifi fam asase so, na afufuo no firi adi di wɔn akyi, na nworonnworan no firi adi kɔ anafoɔ fam asase so;

7 na ahoɔdenfoɔ no firii adie no, na wɔrepɛ anante akyin asase so; na ɔkaa sɛ: Monkɔ na monkɔkyini asase so. Na wɔkɔkyinii asase so.

8 Ɛnna ɔteaa mu frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefiri adi akɔ atifi fam asase soɔ ama me honhom ho asane no wɔ atifi fam asase no so.

Ɔsɔfo panin no denhyɛ

9 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

10 Gye sika ne dwetɛ firi atukɔfoɔ a wɔfiri Babel baeɛ; Heldai, Tobia ne Yedaia nkyɛn, na ɛda no ara kɔ kɔhyɛne Sefania ba Yosia fie.

11 Na fa yɛ abotire fa bɔ Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ti,

12 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.

13 Ɔno ara na ɔbɛsi AWURADE asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa animuonyam, na watena n’adwa so adi hene, na wadi sɔfoɔ n’adwa so, na asomdwoeɛ agyinatuo bɛtena wɔn baanu no ntam.

14 Na abotire no nyɛ nkaeɛ adeɛ mma Helem ne Tobia ne Yedaia ne Sefania ba Hen, AWURADE asɔredan no mu.

15 Na akyirikyirifoɔ bɛba abɛsi AWURADE dan no bi, na moahunu sɛ asafo AWURADE na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn a, yei bɛnya aba mu.

Sakaria 7

Akɔnkyene ho asɛmmisa

1 Na Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so nnan mu no, AWURADE asɛm baa Sakaria nkyɛn, bosome a ɛtɔ so nkron a ɛne Kislew no da a ɛtɔ so nnan.

2 Na Betelfoɔ somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne nnipa baa sɛ wɔmmɛkoto nsrɛ AWURADE anim,

3 na wɔmmisa asafo AWURADE fie asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Mensu bosome a ɛtɔ so nnum no so, na menkyere kɔm, sɛdeɛ meyɛɛ no mfeɛ dodoɔ a ɛte sɛɛ yi anaa?

4 Ɛnna asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

5 Bisa asase no so nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ: Mokyenee kɔm na modii abooboo, bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson so, mfeɛ aduɔson yi no, akɔnkyene yi, moyɛ maa me anaa?

6 Nanso sɛ modidi na monom nso a, ɛnyɛ mo ara na modidie na monom anaa?

7 Ɛnyɛ nsɛm yi na AWURADE nam akane adiyifoɔ so maa wɔpaeeɛ, berɛ a Yerusalem da so wɔ hɔ a na wɔte mu na emu dwoɔ, na ne nkuro atwa ho ahyia, na wɔtete Negeb ne mpaperɛ soɔ no anaa?

Deɛ Onyankopɔn hwehwɛ firi teteete

8 Na AWURADE asɛm baa Sakaria nkyɛn sɛ:

9 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so.

10 Na monnhyɛ okunafoɔ ne awisiaa, ɔhɔhoɔ ne ɔmanehunufoɔ so, na obiara nnnwene ne nua ho bɔne n’akomam.

11 Nanso wɔampene sɛ wɔtie, na wɔwosoo wɔn mmati, na wɔsoroo wɔn aso na wɔante.

12 Na wɔyɛɛ wɔn akoma sɛ ahwehwɛboɔ, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo AWURADE nam ne honhom so maa akane adiyifoɔ no bɛkaeɛ no, na ɛmaa abufuhyeɛ kɛseɛ firi asafo AWURADE nkyɛn baeɛ no.

13 Na sɛdeɛ me frɛeɛ na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo AWURADE na ɔseɛ.

14 Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.

Sakaria 8

Yerusalem daakye nkwagyeɛ

1 Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Metwe Sion ho ninkunu kɛseɛ, na anibereɛ kɛseɛ na mede metwe ne ho ninkunu.

3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.

4 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nkɔkoraa ne mmerewa bɛda so atenatena Yerusalem mmɔntene so, na onyinkyerɛ nti wɔn mpoma bɛkurakura wɔn nsam.

5 Na mmarimaa ne mmaayewa bɛyɛ kuro no mmɔntene so amaama, na wɔagoro emu mmɔntene so.

6 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie.

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afiri owia apueeɛ ne atɔeɛ asase so,

8 na mede wɔn aba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu.

9 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no anomu da a wɔtoo asafo AWURADE dan no fapem sɛ wɔresi asɔredan no.

10 Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie.

11 Na afei mente sɛ akane nna no memma ɔman yi nkaeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.

12 Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi.

13 Na sɛdeɛ modanee nnome amanaman mu no, Yuda fie ne Israel fie, saa ara na mɛgye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.

14 Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ mo agyanom huruu me boɔ, na medwenee sɛ mɛyɛ mo bɔne, na masesa m’adwene no,

15 saa ara na mansane madwene nna yi mu sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda fie yie; monnsuro!

16 Yeinom ne adeɛ a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛ mo ho; nokorɛ ne asomdwoeɛ na momfa mmu atɛn mo nkuro apono mu.

17 Na mo mu biara nnnwene ne yɔnko ho bɔne n’akoma mu, na mommpɛ atorɔ ntanka, na yeinom nyinaa ne deɛ ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm nie.

18 Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

19 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ.

20 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛbɛba bio sɛ aman no nkuro pii mufoɔ bɛba,

21 na kuro baako mufoɔ akɔ kuro baako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkoto nsrɛ AWURADE, na yɛnhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan! Me nso mɛkɔ.

22 Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan Yerusalem, na wɔakoto asrɛ AWURADE anim.

23 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.