Malaki 4

1 Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.

2 Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,

3 na mobɛtɔ sotia abɔnefoɔ so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ no so, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ

4 Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.

5 Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.

6 Na ɔbɛdanedane agyanom akoma aba mma so, ne mma akoma aba agyanom so, na mamma ammɛfa mmusuo ammɔ asase no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

17 + 19 =