Sakaria 4

Kaneadua ho anisoadehunu

1 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sane bae, ɔbɛnyanee me sɛ onipa a wɔnyane no firi ne nna mu,

2 na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.

3 Na ngo nnua mmienu sisi hɔ, baako si ngo toa no nifa, na baako si ne benkum soɔ.

4 Na mebua mesee ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom, me wura?

5 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no gyee so bisaa me sɛ: Wonnim adekodeɛ a yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura.

6 Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.

7 Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.

8 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9 Serubabel nsa na ato efie yi fapem, na ne nsa ara na ɛbɛwie, na woahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me mo nkyɛn.

10 Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.

11 Na mebisaa no sɛ: Ɛdeɛn ne kaneadua no nifa ne ne benkum ngo nnua mmienu yi?

12 Na mebuaa ne mprenu so see no sɛ: Ɛdeɛn ne ngo nnua no mman mmienu a ɛwowɔ sika ano mmienu a ɛhwie sika no ma no firi mu guo no ho yi?

13 Na ɔbisaa me sɛ: Wonnim deɛ yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura.

14 Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − six =