Sakaria 6

Nteaseɛnam nnan no

1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.

2 Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔbire na ɛwɔ ho,

3 na teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔfufuo na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ nworonnworan ahoɔdenfoɔ na ɛwɔ ho.

4 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom, me wura?

5 Na ɔbɔfoɔ no bua see me sɛ: Yeinom ne ɔsoro mframa nnan a ɛfiri adi firi deɛ wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.

6 Deɛ apɔnkɔbire wɔ ho no, wɔfiri adi kɔ atifi fam asase so, na afufuo no firi adi di wɔn akyi, na nworonnworan no firi adi kɔ anafoɔ fam asase so;

7 na ahoɔdenfoɔ no firii adie no, na wɔrepɛ anante akyin asase so; na ɔkaa sɛ: Monkɔ na monkɔkyini asase so. Na wɔkɔkyinii asase so.

8 Ɛnna ɔteaa mu frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefiri adi akɔ atifi fam asase soɔ ama me honhom ho asane no wɔ atifi fam asase no so.

Ɔsɔfo panin no denhyɛ

9 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

10 Gye sika ne dwetɛ firi atukɔfoɔ a wɔfiri Babel baeɛ; Heldai, Tobia ne Yedaia nkyɛn, na ɛda no ara kɔ kɔhyɛne Sefania ba Yosia fie.

11 Na fa yɛ abotire fa bɔ Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ti,

12 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.

13 Ɔno ara na ɔbɛsi AWURADE asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa animuonyam, na watena n’adwa so adi hene, na wadi sɔfoɔ n’adwa so, na asomdwoeɛ agyinatuo bɛtena wɔn baanu no ntam.

14 Na abotire no nyɛ nkaeɛ adeɛ mma Helem ne Tobia ne Yedaia ne Sefania ba Hen, AWURADE asɔredan no mu.

15 Na akyirikyirifoɔ bɛba abɛsi AWURADE dan no bi, na moahunu sɛ asafo AWURADE na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn a, yei bɛnya aba mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

four × 1 =