Sakaria 3

Wɔdom ɔsɔfo panin no

1 Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

2 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?

3 Nso na Yosua hyɛ ntade fi na ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim.

4 Na ɔbɔfoɔ no buaa see wɔn a wɔgyinagyina n’anim no sɛ: Monyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mama w’amumuyɛ no afiri wo so kɔ, na mede ntadeɛ nsakyeraho mahyɛ wo.

5 Na mese. Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ no. Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntadeɛ. Na AWURADE bɔfoɔ no gyina hɔ.

6 Na AWURADE bɔfoɔ no dii Yosua adanseɛ sɛ:

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam.

8 Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.

9 Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro.

10 Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfoɔ aba bobe ase ne borɔdɔma ase.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seventeen + six =