Romafoɔ 13

Yɛne ɔman ntam asɛm

1 Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.

2 Enti obiara a ɔne tumi no di asie no, ɔne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asie; na wɔn a wɔdi asie no bɛnya afobuo.

3 Na wɔn a wɔdi mpanin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyie!

4 Ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ ma wo yieyɛ. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wɔnkura afena no kwa; na wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a wɔtɔ were de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne no soɔ.

5 Enti ɛtwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuo no nko nti, na mmom ahonim nso ntira.

6 Yei nti nso na moyi toɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfo a wɔkura saa ɔsom yi mu ara.

7 Montua obiara deɛ ɛsɛ no! Monyi ɛtoɔ ahodoɔ nyinaa mma deɛ ɛtoɔ sɛ no, monsuro deɛ suro sɛ no, monni deɛ anidie sɛ no ni.

Nokorɛ dɔ

8 Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.

9 Na mmara no: Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma w’ani mmmere adeɛ! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abɔ mu ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

10 Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara nyinaa so die.

Kristo da no abɛn

11 Na yei deɛ monim, monim ɛberɛ no, sɛ dɔn a mofiri nna mu sɔreɛ no anya adu, na afei yɛn nkwagyeɛ abɛn akyɛne berɛ a yɛdanee gyidifoɔ no.

12 Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ.

13 Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne nsaborɔ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu;

14 na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!

Romafoɔ 14

Mo mmmu atɛn

1 Deɛ ɔyɛ mmerɛ gyidie mu no, monnye no, na mmom mo ne no nham wɔ deɛ n’adwene kyerɛ no ho.

2 Obi gye di sɛ ɔtumi di aduane biara bi; na deɛ ɔyɛ mmerɛ no deɛ, ɔdi nhahannuane nko ara.

3 Deɛ ɔdie no mmmu deɛ ɔnnie animtia, na deɛ ɔnnie no mmmu deɛ ɔdie atɛn, na Onyankopɔn agye no.

4 Hwan ne wo a wobu obi fie nipa atɛn? Ɔno ara ne wura anim na ɔgyina anaasɛ ɔhwe aseɛ; nanso ɔbɛgyina, na Awurade bɛtumi ama no agyina.

5 Obi bu da bi sene bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi.

6 Deɛ ɔdwene da bi ho no, ɔdwene ma Awurade. Deɛ ɔdie no, ɔdi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na deɛ ɔnnie no, ɔnni de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.

7 Na yɛn mu biara nte ase mma ne ho, na obiara nwu mma ne ho.

8 Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yɛwu nso a, yɛwu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yɛwu oo, yɛyɛ Awurade dea.

9 Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔsɔreeɛ na ɔnyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ wura.

10 Na wo deɛ, adɛn nti na wobu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wobu wo nua animtia? Na yɛn nyinaa bɛgyina Nyankopɔn atemmuo adwa no anim.

11 Na wɔatwerɛ sɛ:

Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me,

na tɛkyerɛma nyinaa bɛbɔ Nyankopɔn din.

12 Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn.

Nsi Okristoni biara nkɔsoɔ kwan

13 Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua.

14 Menim, na megye medi Awurade Yesu mu sɛ, biribiara ankasa nyɛ fi; na deɛ ɔbu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.

15 Na sɛ w’aduane nti wo nua werɛ ho a, ɛnneɛ ɛnyɛ ɔdɔ so na wonante bio. Mfa w’aduane nsɛe deɛ Kristo sii n’ananmu wuiɛ no.

16 Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne!

17 Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.

18 Na deɛ ɔsom Kristo yeinom mu no, ɔsɔ Nyankopɔn ani, na nnipa bu no.

19 Enti afei momma yɛnni deɛ ɛma asomdwoeɛ ne deɛ ɛbɛma yɛn nkɔsoɔ akyiri.

20 Aduane nti nsɛe Nyankopɔn adwuma! Nnoɔma nyinaa ho te deɛ, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa, sɛ ɔdi deɛ ɛto suntidua.

21 Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua.

22 Wo deɛ, wo gyidie a wowɔ no, kora fa wɔ Nyankopɔn anim! Nhyira ne deɛ ɔmmu ne ho atɛn, deɛ ɔbu no sɛ ɛyɛ no mu.

23 Na deɛ n’adwene mu yɛ no naa no, sɛ ɔdi a, wadi fɔ; ɛfiri sɛ ɛmfiri gyidie mu na ɔdie. Na biribiara a ɛmfiri gyidie mu no yɛ bɔne.

Romafoɔ 15

Monsɔ afoforɔ ani, na ɛnyɛ mo ho mmom

1 Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani.

2 Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma deɛ ɛyɛ, na n’ase atim.

3 Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔbɔɔ wo ahohora no ahohora agu me so.

4 Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.

5 Na boasetɔ ne awerɛkyekyerɛ Nyankopɔn mma monnwene adeɛ korɔ wɔ mo mu, sɛdeɛ Kristo Yesu kwan teɛ no,

6 na mode akoma korɔ ne anokorɔ ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, animuonyam.

Kristo gye Yudafoɔ ne amanaman mufoɔ

7 Enti monnye mo ho mo ho, sɛdeɛ Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn animuonyam no.

8 Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;

9 na Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti amanaman mufoɔ ahyɛ no animuonyam, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Yei nti mɛkamfo wo amanaman mu,

na mato dwom ama wo din.

10 Na ɔkaa bio sɛ:

Mo amanaman mufoɔ, mo ne ne man nni ahurisie,

11 Na bio:

Mo amanaman mufoɔ nyinaa, monyi Awurade ayɛ,

na mo aman ahodoɔ nyinaa nkamfo no!

12 Na bio Yesaia ka sɛ:

Yisai nhini ne deɛ ɔbɛsɔre

abɛdi amanaman so bɛba;

ɔno na amanaman ani bɛda ne soɔ.

13 Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.

Deɛ nti a Paulo de nnam retwerɛ krataa

14 Me nuanom, megye to mu wɔ mo ho sɛ mo nso, papayɛ ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ayɛ mo ma tɔ, na motumi tutu mo ho fo nso;

15 nanso deɛ enti a mede nnam bebrebe metwerɛɛ nsɛm yi bi mebrɛɛ mo ne sɛ, mede rebɛkae mo bio ne adom a Onyankopɔn de adom me,

16 sɛ menyɛ Yesu Kristo somfoɔ amanaman no mu, menkɔyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufoɔ nyɛ afɔdeɛ a ɛyɛ dɛ a wɔate ho Honhom Kronkron mu.

17 Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Nyankopɔn fam nnoɔma mu.

18 Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye deɛ Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufoɔ setie wɔ asɛm ne adwuma mu,

19 nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko.

20 Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ deɛ wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so,

21 na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no bɛhunu,

na wɔn a wɔnteeɛ no bɛte aseɛ.

Paulo pɛɛ sɛ ɔkɔ Roma

22 Yei na ɛtaa sii me kwan a enti mantumi amma mo nkyɛn.

23 Na afei, sɛ menni adwuma biara wɔ ha bio, na mfeɛ bebree na me kɔn dɔ sɛ meba mo nkyɛn nti,

24 da biara a mɛtu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mɛhunu mo anim, na sɛ megye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ.

25 Na seesei deɛ, merekɔ Yerusalem makɔsom ahotefoɔ no.

26 Na Makedonia ne Akaia de fɛ aboaboa nnoɔma bi ano de rekɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ.

27 Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; ɛfiri sɛ amanaman mufoɔ anya wɔn honhom mu nnoɔma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde honam mu nnoɔma bɛsom wɔn bie.

28 Enti menya mewie adeɛ yi yɛ, na mede akyɛdeɛ no mema wɔn a, mɛfa mo nkyɛn makɔ Spania.

29 Na menim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu.

30 Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpaeɛ a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu,

31 na wɔabɛyi me afiri asoɔdenfoɔ a wɔwɔ Yudea no nsam, na me som a merekɔsom Yerusalem no ayɛ ahotefoɔ no fɛ,

32 na menam Nyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigyeɛ mu, na me ne mo abɛdwodwo yɛn ho.

33 Asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen.

Romafoɔ 16

Paulo nkyea ahodoɔ

1 Na mebɔ yɛn nuabaa Foibe a ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kenkrea no mu somfoɔ din mede no mehyɛ mo nsa

2 sɛ: Monnye no Awurade mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ no, na monnyina n’akyi adwuma biara a mo ho bɛhia no mu; ɛfiri sɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne me ara me boafoɔ.

3 Monkyea Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfoɔ Kristo Yesu mu

4 a wɔpɛɛ sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ maeɛ de sii me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn aseɛ, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.

5 Monkyea asafo a ɛwɔ wɔn fie no nso. Monkyea me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ɔfiri Asia no.

6 Monkyea Maria a ɔhaa ne ho pii maa mo no.

7 Monkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ ne me yɔnko mpokyerɛfoɔ a wɔwɔ din asomafoɔ no mu na wɔdii m’anim Kristo mu no.

8 Monkyea m’Awurade mu dɔfo Amplia.

9 Monkyea yɛn Kristo mu yɔnko dwumayɛfoɔ Urbano ne me dɔfo Staki.

10 Monkyea Apele a wɔahu no ɔnokwafoɔ Kristo mu no. Monkyea wɔn a wɔfiri Aristobulo fiefoɔ mu no.

11 Monkyea me busuani Herodion. Monkyea wɔn a wɔfiri Narkiso fiefoɔ mu a wɔwɔ Awurade mu no.

12 Monkyea Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Monkyea ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no.

13 Monkyea Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na.

14 Monkyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma ne anuanom a wɔka wɔn ho.

15 Monkyea Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne ahotefoɔ a wɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa.

16 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. Kristo asafo nyinaa kyeakyea mo.

17 Nanso, anuanom, metu mo fo sɛ, monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto suntidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfiri wɔn ho.

18 Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔsom wɔn ara yafunu, na wɔde tɛkyerɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wɔnnim bɔne no akoma.

19 Na mo deɛ, mo asoɔmmerɛ no atrɛ aduru nnipa nyinaa aso mu; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafoɔ, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho,

20 na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

21 Me yɔnko dwumayɛfoɔ Timoteo ne m’abusuafoɔ Lukio, Yason ne Sosipatro kyea mo.

22 Me Tertio a meretwerɛ nwoma yi, mekyea mo Awurade mu,

23 Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo.

24 [Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.]

25 Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka,

26 na afei wɔayi no adie, na wɔnam adiyifoɔ twerɛ nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufoɔ, sɛdeɛ daa Nyankopɔn hyɛ no teɛ, ama ɔsetie a ɛde kɔ gyidie mu,

27 Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafoɔ koro no, animuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.

Asomafoɔ 1

Wɔhunu Yesu a wasɔreɛ no

1 Teofilo, akane nwoma a meyɛeɛ no fa nnoɔma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ, na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa

2 de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho.

3 Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefoɔ adaduanan mu maa wɔhunuu no, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm.

4 Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse:Mote firii m’anomu no,

5 sɛ Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, nna yi mu, ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.

6 Ɛnna wɔhyiaeɛ no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, berɛ yi mu na wobɛsane de ahennie no ama Israel anaa?

7 Na ɔbuaa wɔn sɛ:Ɛnyɛ mo asɛm, sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔno ara ne tumi mu,

8 na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.

Yesu sorokɔ

9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim.

10 Na ɔrekorɔ na wɔrehwɛ soro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,

11 na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi.

Asomafoɔ no hyia Yerusalem

12 Ɛno na wɔfirii bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so sane kɔɔ Yerusalem.

13 Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.

14 Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.

Petro asɛnka

15 Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:

16 Anuanom, ɛtwa sɛ twerɛ no a Honhom Kronkron nam Dawid anomu nsɛm so kaa no akane no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfoɔ no ho.

17 Na wɔkann no fraa yɛn, na ɔnyaa ɛsom yi kyɛfa bi somee.

18 (Saa Yuda yi na ɔde n’amumuyɛ akatua nyaa asase, na ne nkɔnkɔ bɛwɔɔ hɔ no, ne mu paee, na ne yam adeɛ nyinaa tu gui;

19 na wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa tee, na wɔfrɛɛ asase no wɔn ara wɔn kasa mu sɛ Hakeldama, aseɛ ne Mogya Asase.)

20 Na wɔatwerɛ no Nnwom nwoma mu sɛ:

Ne tenaberɛ nyɛ amamfo,

na obiara nntena mu!

Na ne hwɛ adwuma no deɛ, ɔfoforɔ mfa!

21 Enti ɛtwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nanteeɛ berɛ a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyemfire no nyinaa

22 firi Yohane asubɔ so de bɛsi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ soro no mu baako ne yɛn yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.

Matia yie

23 Na wɔde baanu bɛgyinaa hɔ, Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔtoo no Yusto no, ne Matia.

24 Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: Wo, Awurade a wonim nnipa nyinaa akoma mu, kyerɛ baanu yi mu baako a woayi no

25 sɛ ɔmfa ɛsom yi ne asomafodwuma a Yuda firii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ara tenaberɛ no kyɛfa no nsom!

26 Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkann no kaa asomafoɔ dubaako no ho.

Asomafoɔ 2

Pentekoste Da no

1 Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako.

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma.

3 Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako.

4 Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.

5 Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.

6 Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.

7 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa?

8 Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ara yɛn kasa a wɔwoo yɛn mu yi?

9 Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,

11 Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.

12 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Yei ase ne sɛn?

13 Na ebinom nso de dii fɛw sɛ: Nsa foforɔ na abo wɔn.

Petro asɛnka

14 Na Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, monhunu yei, na momma me nsɛm yi nkɔ mo aso mu!

15 Na yeinom mmoroo nsa, sɛdeɛ mosusuo yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron.

16 Na yei ne deɛ Odiyifoɔ Yoel kaeɛ no

17 sɛ Onyankopɔn se:

Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no,

mɛhwie me Honhom no magu honam nyinaa so,

na mo mmammarima ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm,

na mo mmeranteɛ ahunhunu anisoadeɛ,

na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ;

18 na me nkoa ne me mfenaa so

na nna no mu mɛhwie me Honhom no bi maguo,

na wɔahyɛ nkɔm.

19 Na mɛma anwanwadeɛ aba ewiem wɔ ɔsoro,

na nsɛnkyerɛnneɛ aba asase so ɛfam,

mogya ne ogya ne wisie kumoo.

20 Owia bɛdane sum,

na ɔsrane adane mogya

ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛhyerɛn no aba.

21 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.

22 Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,

23 ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.

24 Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ.

25 Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ:

Mehunuu Awurade m’anim daa,

ɛfiri sɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim.

26 Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me tɛkyerɛma ho sanee no;

na me honam nso bɛda anidasoɔ mu,

27 ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando,

na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ.

28 Wokyerɛɛ me nkwa akwan;

wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.

29 Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ.

30 Na sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asene mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahennwa soɔ nti,

31 ɔhunuu yei siee, na ɔkaa Kristo sɔreɛ ho asɛm sɛ

wɔannya no Asamando,

nanso ne honam anhunu porɔeɛ.

32 Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ.

33 Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo.

34 Na Dawid ankɔ soro; nanso ɔno ara kaa sɛ:

Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ:

Tena me nifa

35 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.

36 Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo.

Akyidifoɔ foforɔ mpensa

37 Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?

38 Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.

39 Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.

40 Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!

41 Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.

Asafo no daa asetena

42 Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara.

43 Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ pii.

44 Na wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa hyiaa faako, na wɔn nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ,

45 na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara.

46 Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,

47 na wɔyii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔwɔ animuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a na wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.

Asomafoɔ 3

Obubuani bi ayaresa

1 Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie.

2 Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ.

3 Na ɔhunuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefie hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborɔhunu adeɛ.

4 Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kaa sɛ: Hwɛ yɛn!

5 Na ɔhwɛɛ wɔn komm susuu sɛ ɔrebɛnya wɔn hɔ biribi.

6 Na Petro kaa sɛ: Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nante!

7 Na ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den.

8 Na ɔhuri gyinae, na ɔnantee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔnam, ɔrehurihuri na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

9 Na ɔman no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam, na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ;

10 na wɔnim sɛ ɔno ne deɛ adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefie Pono Fɛfɛ no ano no, na deɛ ayɛ no no yɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwiri koraa.

11 Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.

12 Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?

13 Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoaYesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.

14 Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.

15 Na nkwa hene no deɛ, mokumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu; ɛho adansefoɔ ne yɛn.

16 Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.

Gyidie ne ɔsetie

17 Na afei, anuanom, menim sɛ nim a monnim nti na moyɛeɛ, sɛ mo mpanimfoɔ ara.

18 Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa.

19 Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,

20 na ɛyɛ a, ahodwoɔ nna afiri Awurade anim aba, na wasoma deɛ wɔayi no asi hɔ ama mo dada no, Yesu Kristo no

21 a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu.

22 Na Mose nso kaa sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na montie no, sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.

23 Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔrentie odiyifoɔ no no, wɔbɛsɛe no afiri ne man mu.

24 Na adiyifoɔ nyinaa a ɛfiri Samuel so, ne wɔn a wɔdi soɔ no, dodoɔ a wɔkasaeɛ, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm.

25 Mone adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.

26 Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.

Asomafoɔ 4

Petro ne Yohane kyerɛ

1 Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn so.

2 Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu din mu,

3 na wɔkyeree wɔn de wɔn kɔsiee sɛ adeɛ nkye; ɛfiri sɛ na enwunu adwo.

4 Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye diiɛ, na nnipa no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.

5 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem,

6 na Ɔsɔfopanin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne dodoɔ a wɔfiri ɔsɔfo panin abusua mu no ka ho.

7 Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei?

8 Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitire ne mpanimfoɔ!

9 Sɛ nnɛ wɔbisa yɛn ɔyarefoɔ yi yieyɛ ho asɛm, sɛ ɛdeɛn na ama no adi mu a,

10 mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi.

11 Oyi ne

ɔboɔ a mo abantofoɔ ammuo no,

na abɛdi ntweaso ti.

12 Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu.

13 Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ.

14 Na wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yadeɛ a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn.

15 Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri dwa mu hɔ mfiri adi no, wɔtuu wɔn mu agyina

16 sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a wɔnam wɔn so ayɛ; sɛ ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yɛntumi nsane.

17 Na deɛ ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛ ɔman no mu ne sɛ: Ateatea na yɛbɛteatea wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio.

18 Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa.

19 Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!

20 Na yɛn deɛ, yɛntumi, gye sɛ yɛka deɛ yɛahunu na yɛateɛ.

21 Na wɔteateaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, na ɔman no nti wɔnhunu sɛdeɛ wɔbɛtwe wɔn aso, ɛfiri sɛ, ɛnam deɛ na asie no nti, wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

22 Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa nsɛnkyerɛnneɛ yi wɔ ne ho no adi boro mfirinhyia aduanan.

Asafo no mpaebɔ

23 Na wɔgyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ara wɔn fekuo mu, na wɔbɛkaa deɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.

24 Na wɔteeɛ no, wɔde akoma korɔ maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,

25 wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’akoa no ano kaa sɛ:

Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye,

na amanaman susu ade hunu?

26 Asase so ahemfo sɔre gyina,

na atitire hyia faako

sɔre tia Awurade ne ne Kristo no.

27 Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,

28 sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.

29 Na afei deɛ, Awurade, hwɛ wɔn ateatea, na ma wo nkoa mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm,

30 berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoakronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.

31 Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.

Asafo mu nuadɔ

32 Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ.

33 Na asomafoɔ no de tumi kɛseɛ dii Awurade Yesu wusɔreɛ ho adanseɛ, na adom kɛseɛ wɔ wɔn nyinaa so.

34 Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae

35 de bɛguu asomafoɔ no nan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛdeɛ ɛhia no.

36 Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no

37 wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no ba bɛguu asomafoɔ no nan ase.

Asomafoɔ 5

Atorɔdie ho asotwe

1 Na ɔbarima bi a ne din de Anania ne ne yere Safira kɔtɔnee asase bi,

2 na ɔyii tiri adeɛ no bi sieeɛ, a ne yere nso nim, na ɔde ɔfa bi brɛɛ asomafoɔ no.

3 Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?

4 Ɛwɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea? Na wotɔneeɛ no nso, ɛnni wo ara wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn.

5 Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛseɛ baa wɔn a wɔtee yeinom nyinaa so.

6 Na mmeranteɛ no sɔre kyekyeree no, na wɔde no firii adi kɔsiee no.

7 Na ɛbaa sɛ ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyiri no, ne yere a na ɔnnim deɛ asie no baa mu.

8 Na Petro bisaa no sɛ: Motɔn asase no gyee saa anaa? Ka kyerɛ me! Na ɔse: Aane, saa ara.

9 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.

10 Na amonom hɔ ara ɔhwee ne nan ase wui. Na mmeranteɛ no ba bɛhunuu no sɛ wawuo no, wɔsoaa no firii adi kɔsiee no ne kunu nkyɛn.

11 Na ehu kɛseɛ kaa asafo mu no nyinaa ne wɔn a wɔtee yeinom nyinaa.

Anwanwadeɛ ahodoɔ

12 Na wɔnam asomafoɔ no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de akoma korɔ wɔ Salomo abrannaa so.

13 Na wɔn a aka no mu biara ansi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn ho, nanso ɔman no buu wɔn kɛseɛ.

14 Na nnipa bebree a wɔgye diiɛ, mmarima ne mmaa bebree bɛkaa Awurade asafo no ho.

15 Na ɛmaa wɔde ayarefoɔ firii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsum atɔ wɔn mu bi so.

16 Na nkuro a atwa ahyia Yerusalem ho no mu nnipa pii nso bɛhyiaa Yerusalem, de ayarefoɔ ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

Wɔyi asomafoɔ no firi afiase

17 Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho a wɔfiri Sadukifoɔ fekuo mu no nyinaa sɔreeɛ, na anibereɛ nti,

18 wɔto hyɛɛ asomafoɔ no so de wɔn kɔguu kwasafo afiase.

19 Na Awurade bɔfoɔ bɛhinii afiase no apono anadwo, na ɔde wɔn firi adi kaa sɛ:

20 Monkɔ nkɔgyina asɔrefie nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.

Wɔkyerɛkyerɛ asɔrefie

21 Na wɔteeɛ no, wɔkɔɔ asɔrefie ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ badwafoɔ ne Israel mma mpanimfoɔ nyinaa hyiae, na wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra.

22 Na asomfoɔ no kɔɔ hɔ na wɔanhu wɔn afiase hɔ no, wɔsane bɛkaa

23 sɛ: Afiase no deɛ, yɛhunuu sɛ wɔato mu yie pɛpɛɛpɛ, na awɛmfoɔ no gyina akyire apono no ano; nanso yɛhiniiɛ no, yɛanhunu obiara wɔ mu.

24 Na asɔrefie safohene ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ, yei bɛyɛ deɛn nie?

25 Na obi ba bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, mmarima a mode wɔn guu afiase no gyina asɔrefie rekyerɛkyerɛ ɔman no.

Petro di owusɔreɛ ho adanseɛ

26 Ɛnna ɔsafohene ne asomfoɔ no firi hɔ kɔ kɔfaa wɔn baeɛ, ɛnyɛ anibereɛ so, ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no sɛ anyɛ a wɔbɛsi wɔn aboɔ.

27 Na wɔde wɔn ba bɛgyinaa wɔn dwa no mu, na ɔsɔfo panin no bisaa wɔn

28 sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.

29 Na Petro ne asomafoɔ no buaa sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene nnipa.

30 Yɛn agyanom Nyankopɔn nyanee Yesu a mosɛnee no dua so kumm no no;

31 ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.

32 Aane, yɛn, yɛyɛ yeinom ho adansefoɔ, na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔtie no no yɛ.

33 Na wɔteeɛ no, ɛtwii wɔn na wɔtuu agyina sɛ wɔbɛku wɔn.

Gamaliel afotuo

34 Na badwafoɔ no mu baako a ɔyɛ Farisini, a ne din de Gamaliel, a ɔyɛ mmarakyerɛni, a ɔman no nyinaa bu no sɔre hyɛɛ sɛ wɔmfa nnipa no mfiri adi kakra.

35 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel mmarima, monhwɛ mo ho yie nnipa yi ho wɔ deɛ mo ne wɔn rebɛdie yi ho.

36 Na ɛnkyɛree na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔreeɛ, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wɔkumm no, na wɔn a wɔtiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa.

37 Oyi akyiri no, Galileani Yuda sɔree berɛ a na wɔrekan nnipa no mu, na ɔtwee nkurɔfoɔ bebree dii n’akyi; na ɔno nso wuiɛ, na wɔn a wɔtiee no nyinaa bɔ hweteeɛ.

38 Na afei deɛ, mese mo sɛ: Monyi mo ho mfiri nnipa yi ho, na monnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi firi nnipa a, ɛbɛsɛe.

39 Na sɛ nso ɛfiri Onyankopɔn a, montumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn mpo na ɛreko.

Wɔgyaa asomafoɔ no

40 Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn.

41 Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.

42 Na wɔannyae sɛ daa nyinaa wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu sɛ Yesu ne Kristo no.

Asomafoɔ 6

Asafo mu asomfo yie

1 Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu.

2 Na dummienu no frɛɛ asuafokuo no bae, na wɔkaa sɛ: Ɛmfata sɛ yɛbɛgya Nyankopɔn asɛm akɔsom apono soɔ.

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

4 na yɛn deɛ, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu.

5 Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani.

6 Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.

7 Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafoɔ no dɔree pii wɔ Yerusalem, na asɔfoɔ no mu pii nso yɛɛ setie maa gyidie no.

Stefano kyerɛ

8 Na Stefano a gyidie ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ɔman no mu.

9 Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fahodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,

10 nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano.

11 Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛ maa wɔkaa sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Onyankopɔn.

12 Na wɔhwanyann ɔman no ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu, na wɔbaa ne so bɛkyeree no twee no kɔɔ dwa mu.

13 Na wɔde adansekurumfoɔ bɛgyinaa hɔ a wɔse: Onipa yi nnyaee abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no.

14 Na yɛate sɛ ɔkaa sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakyera amanneɛ a Mose de ama yɛn no.

15 Na wɔn a wɔte dwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔsoro bɔfoɔ bi anim.