Asomafoɔ 4

Petro ne Yohane kyerɛ

1 Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn so.

2 Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu din mu,

3 na wɔkyeree wɔn de wɔn kɔsiee sɛ adeɛ nkye; ɛfiri sɛ na enwunu adwo.

4 Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye diiɛ, na nnipa no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.

5 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem,

6 na Ɔsɔfopanin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne dodoɔ a wɔfiri ɔsɔfo panin abusua mu no ka ho.

7 Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei?

8 Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitire ne mpanimfoɔ!

9 Sɛ nnɛ wɔbisa yɛn ɔyarefoɔ yi yieyɛ ho asɛm, sɛ ɛdeɛn na ama no adi mu a,

10 mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi.

11 Oyi ne

ɔboɔ a mo abantofoɔ ammuo no,

na abɛdi ntweaso ti.

12 Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu.

13 Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ.

14 Na wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yadeɛ a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn.

15 Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri dwa mu hɔ mfiri adi no, wɔtuu wɔn mu agyina

16 sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a wɔnam wɔn so ayɛ; sɛ ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yɛntumi nsane.

17 Na deɛ ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛ ɔman no mu ne sɛ: Ateatea na yɛbɛteatea wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio.

18 Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa.

19 Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!

20 Na yɛn deɛ, yɛntumi, gye sɛ yɛka deɛ yɛahunu na yɛateɛ.

21 Na wɔteateaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, na ɔman no nti wɔnhunu sɛdeɛ wɔbɛtwe wɔn aso, ɛfiri sɛ, ɛnam deɛ na asie no nti, wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

22 Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa nsɛnkyerɛnneɛ yi wɔ ne ho no adi boro mfirinhyia aduanan.

Asafo no mpaebɔ

23 Na wɔgyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ara wɔn fekuo mu, na wɔbɛkaa deɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.

24 Na wɔteeɛ no, wɔde akoma korɔ maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,

25 wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’akoa no ano kaa sɛ:

Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye,

na amanaman susu ade hunu?

26 Asase so ahemfo sɔre gyina,

na atitire hyia faako

sɔre tia Awurade ne ne Kristo no.

27 Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,

28 sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.

29 Na afei deɛ, Awurade, hwɛ wɔn ateatea, na ma wo nkoa mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm,

30 berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoakronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.

31 Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.

Asafo mu nuadɔ

32 Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ.

33 Na asomafoɔ no de tumi kɛseɛ dii Awurade Yesu wusɔreɛ ho adanseɛ, na adom kɛseɛ wɔ wɔn nyinaa so.

34 Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae

35 de bɛguu asomafoɔ no nan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛdeɛ ɛhia no.

36 Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no

37 wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no ba bɛguu asomafoɔ no nan ase.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty − four =