Asomafoɔ 6

Asafo mu asomfo yie

1 Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu.

2 Na dummienu no frɛɛ asuafokuo no bae, na wɔkaa sɛ: Ɛmfata sɛ yɛbɛgya Nyankopɔn asɛm akɔsom apono soɔ.

3 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

4 na yɛn deɛ, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu.

5 Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani.

6 Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.

7 Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafoɔ no dɔree pii wɔ Yerusalem, na asɔfoɔ no mu pii nso yɛɛ setie maa gyidie no.

Stefano kyerɛ

8 Na Stefano a gyidie ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ɔman no mu.

9 Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fahodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,

10 nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano.

11 Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛ maa wɔkaa sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Onyankopɔn.

12 Na wɔhwanyann ɔman no ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu, na wɔbaa ne so bɛkyeree no twee no kɔɔ dwa mu.

13 Na wɔde adansekurumfoɔ bɛgyinaa hɔ a wɔse: Onipa yi nnyaee abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no.

14 Na yɛate sɛ ɔkaa sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakyera amanneɛ a Mose de ama yɛn no.

15 Na wɔn a wɔte dwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔsoro bɔfoɔ bi anim.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − 1 =